Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Yesu Nguan Tie Ne Nne
BERE a asɛnka adwuma no mu trɛw kɔ asase afanan nyinaa no, Yehowa nam n’abɔfo so kyerɛ n’asomfo kwan kɔ wɔn a wɔte sɛ nguan no hɔ. Wɔte Yesu nne na wosua sɛnea wɔbɛsom no a wɔn ani da so sɛ wobenya daa nkwa. Yesu kae wɔ Yohane 10:27, 28: “Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi; na mema wɔn daa nkwa.” Hyɛ sɛnea nnipa komapafo a wɔwɔ Madagascar no tiee Yesu nne no nsow.
Yehowa Ɔdansefo bi de nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ne Your Youth—Getting the Best Out Of It maa oduruyɛfo bi a ɔbɛhwɛɛ ne papa a na ɔyare no.
Ná oduruyɛfo no yɛ Protestantni a ɔsɔretia Adansefo no denneennen, nanso ɔkenkan nhoma no na ɔkɔhwɛɛ kyerɛwnsɛm no wɔ n’ankasa Bible mu sɛ ɛwom ampa a. Ne yere a ɔyɛ Katolekni na ɔno nso yɛ oduruyɛfo no kenkan Youth nhoma no mpɛn pii efisɛ ose na ɛte sɛ nea wɔkyerɛw maa ɔno titiriw. Wɔn baanu nyinaa ani gyee sɛnea Asafo ti no gyina Bible no so kyerɛkyerɛɛ nea 1914 kyerɛ mu no ho. Okunu no kohuu Ɔdansefo a ɔde nhoma no maa no no. Ɔdansefo no maa no nhoma Life—How Did it Get Here? By Evolution or by Creation? no na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛkɔ akɔsra ɔne ne yere no na wakobua wɔn nsemmisa no. Bere a ɔkɔsraa wɔn no, ɔne awarefo no ne wɔn mma baasa no fii ase yɛɛ daa Bible adesua. Wonyaa nkɔanim ntɛmntɛm wɔ Bible no asete mu.
Adesua a edi kan a wɔyɛe akyi no, abusua no nyinaa fii ase kɔɔ nhyiam horow no wɔ Ahenni Asa so na ankyɛ na wɔde wɔn ho hyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Mmofra no suban sakra yɛɛ yiye. Wosua fii wɔn Bible adesua no mu sɛ awodadi ne nyamesom nnapɔnna afoforo di nni Kristosom mu; enti, wogyaee di. Okunu no ampene sɛ ɔbɛtwe ne mogya ama ne busuani bi, ɛwom mpo sɛ na wonsusuwii saa asɛm no ho wɔ wɔn Bible adesua no mu ɛ. Ankyɛ na oyii atade a ɔde bɔ karate no fii ne ntade mu; ɔde kɔmaa ɔdepamfo bi sɛ ɔmfa mpam ntade mma ne mma no. Ɔhyew ne nsɛmma nhoma ne nhoma ahorow a ɛfa nsoromma mu hwɛ ho no nyinaa. Wofii ase suaa ade no akyi asram abiɛsa pɛ na okunu ne ne yere no nyinaa kyerɛw krataa kɔmaa wɔn mu biara asɔre a ɔkɔ sɛ wɔagyae asɔre no na wɔkae sɛ wɔpɛ sɛ wonya asɛnka adwuma no mu kyɛfa. Mprempren wɔabɔ wɔn asu.
◻ Ná ɔbea bi a ɔwɔ Thailand hwehwɛ nokware no. Ɛwom sɛ na ɔyɛ Budhani de, nanso na ɔmfaa ne ho nyinaa nhyɛɛ ne som no mu da efisɛ ohuu nyaatwom ne adifudepɛ pii wom. Bio nso, na amanne ahorow bi wom a n’ani nnye ho. Ɔtee nka sɛ ne nyinaa afono no.
Afei, ne yɔnko bi kyerɛɛ no sɛ ɔnsɔ Kristofo no nhwɛ, na ɔde no kɔɔ Pentekostfo asɔre bi. Nanso, bere a asɔre no rekɔ so no, ɔbea no nyaa atenka a emu yɛ den sɛ obefi adi akɔ fie, esiane dede no nti, efisɛ na wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa de nne kɛse rebɔ mpae. Ɛno ne bere a etwa to a ɔkɔɔ saa asɔre no.
Akyiri yi, ɔkɔsɔɔ Roma Katolek asɔre bi hwɛe. Nanso, ɔkɔɔ asɔre mpɛn dodow bi akyi no, ohuu nyaatwom ne adifudepɛ bio, ne ɔsɔfo no taamudi asetra kwan no. Ɛyɛɛ no tan na ogyaee hɔ kɔ. Na ɔsɔfo no pɛ sɛ ohu nea enti a ofii hɔ no. Bere a ohuu nea enti a ɔyɛɛ saa akyi no, ɔkae wɔ fɛwdi kwan so sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wokɔka nnipa a wɔyɛ katee paa ho a, kɔ Yehowa Adansefo hɔ.” Obisae sɛ: “Wɔwɔ he?” Ɔsɔfo na buae sɛ: “Wɔbɛn faako a wɔyɛ nsu ho adwuma no.” Ɛda a edi hɔ no, ɔhwehwɛɛ wɔn, nanso wanhu wɔn. Ɛwom sɛ n’abam bui de, nanso ɔkɔɔ so susuw Yehowa Adansefo ho bere nyinaa.
Da koro bi ɔtee sɛ n’afipamfo mu biako reka akyerɛ ɔfoforo bi wɔ fɛwdi kwan so sɛ: “Ɛrenkyɛ na woadan Yehowa Adansefo no mu biako!” Ɔbea no tee eyi no, ɔde ahoɔhare kɔɔ ne fipamfo no nkyɛn kobisae sɛ: “So Yehowa Adansefo wɔ ha baabi?” Obuae sɛ: “Yiw, ebinom bɛba mpɔtam ha abɛka asɛm wɔ afie afie. Wode wɔn ahosiesie a ɛho tew na ɛho twa no na ebehu wɔn.” Ɔtee saa no, otuu mmirika fii adi kɔhwehwɛɛ wɔn. Mfiase no wanhu wɔn, nanso bere a ɔnam kwan so resan akɔ ne fie no, ohuu mmea baanu bi a wɔasiesie wɔn ho fɛfɛɛfɛ na wɔne obi rebɔ nkɔmmɔ. Ɔbɛn wɔn kobisaa wɔn sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo anaa. Bere a wɔkae sɛ wɔyɛ bi no, ɔsrɛɛ wɔn sɛ: “Mesrɛ mo mommra me fie. Mepɛ sɛ me ne mo bɔ nkɔmmɔ.”
Wɔne no fii Bible adesua ase, na wɔ n’abusuafo ɔsɔretia ne fɛwdi nyinaa akyi no, awuraa yi afi ase kɔ nhyiam horow no na odi n’abusuafo adanse.
Yesu nim ne nguan ampa na ɔreboaboa wɔn ano akɔ n’ahyehyɛde no mu ama nkwagye akɔ ne trenee wiase foforo no mu.