Bere Bɛn Na Asomdwoe A Enni Awiei Bɛba Ankasa?
WILL ne Ariel Durant kyerɛwee wɔ wɔn nhoma The Lessons of History mu sɛ: “Ɔko yɛ nneɛma a ɛkɔ so bere nyinaa wɔ abakɔsɛm mu no mu biako, na anibuei ne demokrase mmaa ano mmrɛɛ ase ɛ. Asomdwoe yɛ ade a entumi ntra hɔ daa, na wobetumi ama atra hɔ denam tumi a obi wɔ sen ɔfoforo anaasɛ wɔn tumi a ɛyɛ pɛ a obegye atom no nkutoo so.”
Nokwarem no, wɔ mmɔdenbɔ a emu yɛ den nyinaa akyi no, adesamma nsa nkaa asomdwoe a enni awiei besi nnɛ. Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ nneɛma a ɛde ɔko ba no agye ntini kɛse sen amammui, nsase ne asetra mu apereperedi a yehu no aniani no. Durant nom kae sɛ: “Nneɛma a ɛma akansi ba ankorankoro ntam no ara na ɛde ɔko ba: anibere, ntɔkwawpɛ, ne ahantan; ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobenya aduan, asase, nneɛma, asase mu ngo, wuradi.”
Nanso, Bible no titiriw na ɛda ade a ɛde ntɔkwaw ne ɔko ba ankorankoro ntam ne nnipa bebree ntam no adi. Yɛkenkan sɛ: “Ɛhe na ɔsa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fi? Emfi mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa? Mo kɔn dɔ, na munnya. Mudi awu na mo ani bere, na muntumi nnu ho. Moko na mutu sa, nanso munnya.”—Yakobo 4:1, 2.
Enti, nea asɛm no kyerɛ ne sɛ: Sɛ nokware asomdwoe bɛba a, ɛnyɛ nea ɛde ba no nkutoo na ɛsɛ sɛ yeyi fi hɔ—ɔko, atuatew, aban a wotu gu, ɔman anidan—na mmom nneɛma atitiriw a ɛde ba no nso—afoforo ho adwemmɔne, adifudepɛ, nitan, akameakamedi—a ɛwɔ nnipa nyinaa mu no. Ɛsɛ sɛ wɔde nneyɛe a ɛne su horow a pɛsɛmenkominya nnim te sɛ ɔdɔ, papayɛ, ahotoso ne ayamye hyia si ananmu. So obi te ase a obetumi ayɛ eyi? Sɛ egyina nnipa a wɔnyɛ pɛ a wotumi wu no so a, ɛnde ɛsɛ sɛ mmuae no yɛ dabi. Nanso obi wɔ hɔ a eyi yɛ nyɛ no den dodo. Ɔno ne Onii a ɔwɔ asemmisa yi ho mmuae: Bere bɛn na asomdwoe bɛba ankasa?
Nea Obetumi De Asomdwoe Aba
Bɛyɛ mfeha 28 a atwam ni, wɔde honhom kaa odiyifo Yesaia ma ɔkae sɛ: “Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na wɔafrɛ ne din sɛ: Nwonwa, Ɔfotufo, Onyankopɔn-Tumfoɔ, Daa-Agya, Asomdwoe-Hene; na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.”—Yesaia 9:6, 7.
Akyiri yi wɔkyerɛe sɛ Nea ɔde asomdwoe a enni awiei yi bɛba no nyɛ obiara sɛ Yesu Kristo, “Nea Ɔwɔ Sorosoro no Ba.” (Luka 1:30-33; Mateo 1:18-23) Nanso dɛn nti na oyi betumi ayɛ nea mmapɔmma ne sodifo afoforo nyinaa antumi anyɛ? Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ‘ɔbabanin” a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no renkɔ so nyɛ akokoaa a ohia mmoa daa, sɛnea ebia ebinom bɛyɛ ne ho mfonini no. Mmom no, obedi ‘ahenni tumi’ sɛ “Asomdwoe-Hene” na ama adesamma anya daa nhyira.
Yesu tumidi no kɔ akyiri sen saa. Sɛ ‘Ɔfotufo Nwonwafo’ a ɔte onipa su ase yiye, na ɔwɔ tumi a ɛsen biara no, obetumi ahu ade titiriw a ɛma nsɛm a ɛyɛ den sɔre, ma enti obedi nsɛnnennen a wiase sodifo hyia na ebu wɔn aba mu no ho dwuma. (Mateo 7:28, 29; Marko 12:13-17; Luka 11:14-20) Afei, sɛ “Onyankopɔn-Tumfo” no, nea wɔanyan no a ɔte sɛ onyame bi a ɔne Yesu Kristo, a mprempren wɔde no asi ahengua so wɔ ɔsoro sɛ Ɔhene Mesia no, bɛyɛ asomdwoe ho adwuma denam nea ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so a ɔbɛsan ayɛ no kɛse no so—ɔbɛsa wɔn a wɔn yare nni sabea yare, ɔbɛma nnipa mpempem pii aduan ne nsu, na wadi wim tebea so. (Mateo 14:14-21; Marko 4:36-39; Luka 17:11-14; Yohane 2:1-11) Sɛ “Daa-Agya” no, Yesu wɔ tumi sɛ ɔde wɔn a wɔawuwu no ba nkwa mu bio, na ɔma wɔn daa nkwa. Na n’ankasa bɛtra ase daa, ma enti ɔbɛhwɛ ma ne nniso ne asomdwoe atra hɔ daa.—Mateo 20:28; Yohane 11:25, 26; Romafo 6:9.
Esiane sɛ wɔasiesie Yesu Kristo saa nti, ɛda adi pefee sɛ ɔne nea obetumi adi nneɛma a ɛde ɔko ne ntɔkwaw ba a agye ntini no ho dwuma. Ɔrenyɛ nea wose ɛyɛ te a aman no ne wɔn ho wɔn ho te hɔ asomdwoe mu ho apam anaa nhyehyɛe bi kɛkɛ, na afei ɔko foforo bi abɛsɛe no. Mmom no, obeyi amammui, asasesin, asetra, ne sikasɛm mu nsonsonoe afi hɔ denam adesamma nyinaa a ɔde wɔn bɛba nniso biako ase so, ne Mesia Ahenni no. Ɔnam nnipa nyinaa a obedi wɔn anim ma wɔasom nokware Nyankopɔn koro pɛ a ɔne Yehowa no so beyi nea ɛde ɔko ba titiriw—atoro som afi hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu Kristo, Asomdwoe Hene, no bɛyɛ eyi nyinaa. Asemmisa no ne sɛ, Bere Bɛn?
Nsɛm a Ebesisi a Ɛde Asomdwoe a Enni Awiei Bɛba
Yesu wusɔre ne ne sorokɔ wɔ 33 Y.B. mu akyi no, na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn bere a wɔahyɛ sɛ ɔnyɛ ade no. Na eyi ne Yehowa mmara hyia: “Tra me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso. Wo tumidi poma no, [Yehowa] fi Sion bɛteɛ. Di hene w’atamfo mfinimfini!” (Dwom 110:1, 2; Luka 22:69; Efesofo 1:20; Hebrifo 10:12, 13) Bere bɛn na ɛbɛba? Bɛboro mfe 70 no, Yehowa Adansefo rebɔ asɛmpa a ɛne sɛ Yesu Kristo fii ase dii tumi wɔ Onyankopɔn Ahenni mu wɔ afe 1914 mu no dawuru wɔ wiase nyinaa.*
Nanso ebia wobɛka sɛ. ‘Asomdwoe biara mmae fi 1914. Mmom no, tebea no kɔ so sɛe fi saa bere no.’ Nea woka no yɛ nokware pefee. Eyi kyerɛ ankasa sɛ nsɛm sisi te sɛ nea wɔkaa ho asɛm siei no ara pɛ. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ bere a ‘wiase ahenni bɛyɛɛ yɛn Awurade ne Kristo de no, amanaman no bo fuwii.’ (Adiyisɛm 11:15, 18) Sɛ anka amanaman no bɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ Yehowa Nyankopɔn ne n’Asomdwoe Hene no ase mmom no, wɔde wɔn ho hyɛɛ wiase no so tumidi ho apereperedi kɛse mu, na wɔn bo fuw Kristofo a wodi Onyankopɔn Ahenni a ɔde asi hɔ no ho adanse no titiriw.
Adiyisɛm nhoma no da no adi nso sɛ Yesu Kristo baa Ahenni tumi mu ara pɛ no, ɔyɛɛ ade de yii Satan ne n’ahonhommɔne fii soro: “Afei nkwagye ne tumi ne ahenni ayɛ yɛn Nyankopɔn dea, efisɛ wɔatow yɛn nuanom anototofo no akyene; ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo.” Dɛn na efii mu bae? Kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:10, 12.
Sɛnkyerɛnne a Etwa To
Eyi ma yehu nea enti a amanaman no ntumi mfaa asomdwoe mmae wɔ mmɔdenbɔ a wɔbɔ nyinaa akyi. Ɔbonsam abufuw kɛse a ɛda adi wɔ amanaman no ankasa abufuw mu no akɔ so ama wiase no ayɛ basaa sen bere biara a atwam wɔ abakɔsɛm mu. Bere bɛn na eyinom nyinaa bɛba awiei? Bible no de nnyinasode bi a ɛho hia ma, sɛ: “Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so.”—1 Tesalonikafo 5:3.
So wuhu nea kɔkɔbɔ yi kyerɛ no? Nsɛm a esisi wɔ wiase te sɛ nea yɛakyerɛkyerɛ mu wɔ asɛm a edi kan no mu no kyerɛ sɛ sodifo ne nnipa pii reka asomdwoe ho asɛm, na wɔrehwehwɛ sen bere biara a atwam. Ebinom te nka sɛ bere a Tumidi ho Apereperedi no aba awiei no, na nuklea ɔsɛe ho hu no aba awiei. Yiw, amanaman no reka asomdwoe ne ahotɔ ho asɛm pii. Nanso, so tebea a wiase no wom no kyerɛ ankasa sɛ wobenya asomdwoe? Kae sɛ Yesu kaa wɔn a wɔbɛtra ase wɔ nna a edi akyiri yi a efii ase 1914 mu no ho asɛm sɛ: “Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.” (Mateo 24:34) Yiw, asomdwoe bɛba wɔ awo ntoatoaso yi mu, nanso ɛnyɛ amanaman no mmɔdenbɔ so na ɛnam bɛba. Nokware asomdwoe a wɔde asi hɔ pintinn a trenee wom a Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no betumi aba denam n’Asomdwoe Hene, Yesu Kristo nniso a ɛreba no nkutoo so.—Yesaia 9:7.
Sɛ wo kɔn dɔ sɛ wubehu bere a asomdwoe bɛba ankasa, na wo ne w’adɔfo anya bi a, ɛnde fa wo ho to Asomdwoe Hene no so na ma awerɛhyem nsɛm yi ntra w’adwenem yiye: “Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina onipa Ba no anim.”—Luka 21:36.
[Ase hɔ asɛm]
Sɛ wopɛ Bible mmerebu ne Bible nkɔmhyɛ ahorow a anya mmamu ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ “Let Your Kingdom Come” nhoma no a Watch Tower Bible and Tract Society of New York. Inc. tintimii no atiri 12 kosi 14.
[Adaka wɔ kratafa 6]
WƆAKYERƐ ASOMDWOE ASE
Ɛnnɛ nnipa pii dwen asomdwoe ho sɛ ɔko a enni hɔ. Nanso, eyi yɛ asɛmfua no nkyerɛase ketewaa bi. Bible mmere mu no, na wɔtaa de asɛmfua a ɛne “asomdwoe” (Hebri, sha·lohmʹ) anaa asɛm a ɛne “Asomdwoe nka wo” no di dwuma sɛ nkyia. (Atemmufo 19:20; Daniel 10:19; Yohane 20:19, 21, 26) Ɛda adi pefee sɛ ɛnkyerɛ ɔko a enni hɔ kɛkɛ. Hyɛ nea nhoma The Concept of Peace ka wɔ asɛm yi ho nsow: “Bere a wɔde asɛmfua shalom gyinaa hɔ ma asomdwoe no, nea na ɛwɔ wɔn a wɔde dii dwuma mfiase no adwene mu ne wiase anaasɛ adesamma abusua no mu tebea a ɛyɛ pɛ, biakoyɛ wom, na edi mu. . . . Faako a asomdwoe wɔ no, ade mũ no ne n’afã horow nyinaa du ne pɛyɛ ho.” Sɛ Onyankopɔn de asomdwoe ba a, ɛnyɛ sɛ nnipa ‘rensua akodi bio’ kɛkɛ, na mmom ‘obiara bɛtra ne bobe ne ne borɔdɔma ase’ nso.—Mika 4:3, 4.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Wɔate asomdwoe a enni hɔ no nka yiye fi Wiase Nyinaa Ko l reba no