Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 10/1 kr. 19
  • ‘Anigye ne Wɔn a Wodi Honhom mu Kɔm’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Anigye ne Wɔn a Wodi Honhom mu Kɔm’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔma Wɔn a Honhom mu Ɔkɔm De Wɔn Aduan—Wɔ Sukuu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Sɛnea Ebinom Nyaa Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • ‘Anigye Ne Onipa a Ohu Nyansa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Yesu Nguan Tie Ne Nne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 10/1 kr. 19

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

‘Anigye ne Wɔn a Wodi Honhom mu Kɔm’

YESU kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn.” (Mateo 5:3. New World Translation) Saafo no bɛhwehwɛ nsɛm a ɛma nkwa afi Onyankopɔn Asɛm Bible no mu, na nimdeɛ yi a wobenya no bɛma wɔanya daa nkwa.​—Mateo 4:4; Yohane 17:3.

◻ Obi a ɔredi honhom mu kɔm wɔ Afrika man bi so no nantewee awɔw ne sum mu nnɔnhwerew anan sɛnea ɛbɛyɛ na wanya Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm no bi atɔ. Okoduu akuraa a Yehowa Adansefo reka asɛm wɔ hɔ no ase no, ɔtee huammɔdi kɛse nka bere a ohui sɛ wɔde nhoma no mu nea etwa to ama no. Ɔtraa akuraase hɔ nnansa kosii sɛ wonyaa nhoma no foforo, na afei n’ani gyei sɛ awiei koraa no ne nsa aka honhom fam nsɛm a ɛyɛ dɛ yi.

Ɔsram a Adansefo yi de traa beae a atew ne ho yi mu no, wɔkyekyɛɛ nhoma 55, brochure ahorow 365, ne nsɛmma nhoma 145, na wɔmaa nkurɔfo 5 kraa nsɛmma nhoma. Bere a wɔrefi hɔ akɔ na mpanyimfo ne mmofra nyinaa ne wɔn dii nkra wɔ Kpelle kasa mu sɛ: “Mo ne Yehowa nkɔ!” no, ɛkanyan wɔn nkate yiye. Wɔreyɛ nhyehyɛe na wɔasan akɔsra wɔn a wɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye no.

Na obi foforo a ɔwɔ saa ɔman no ara mu nso redi honhom mu kɔm. Na ɔne n’asɔre no sika sohwɛfo ne ɔpanyin a ɔhwɛ agodi nsɛm so wɔ ne mantam no mu. Bere a Adansefo no kɔɔ ne nkyɛn no, ɔde nusu gye toom sɛ n’asɔre no nnu nea Bible no kyerɛ sɛ wɔhwehwɛ wɔ Kristofo ho no ho koraa. Adansefo no fi n’ankasa Bible mu kyerɛɛ no ɔkwan a ɔbɛfa so ahu nokware som no. Afei ɔkɔɔ nhyiam horow abien wɔ Ahenni Asa so na ɔkae akyiri yi sɛ: “Nea mihui na metee no ma migye midii ampa sɛ eyi ne nokware no.” N’ani gyee nhyiam horow no ne wɔn a wɔbae no nneyɛe ho. Ohui sɛ nea Adansefo a wɔbaa ne nkyɛn no kae no nyɛ biribi a wɔn ankasa asusuw ho ka ara kwa, na mmom biribi a ɛyɛ paara. Efi saa bere no, wayɛ nhyehyɛe agyae asɔre no kɔ, na eyi ayɛ adansedi fɛfɛ wɔ mpɔtam hɔ.

◻ Na Melanesiani katekist kumaa bi a ɔwɔ New Caledonia no di honhom mu kɔm. Ohuu nhoma Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu sɛ ɛda ɔpon bi so wɔ ne maame fie, na ɔkenkan atiri 2 ne 3. Bible mu kyerɛw nsɛm Exodus 20:4, 5 ne Yohane 4:23, 24 a na wɔaka ho asɛm wɔ nhoma no mu no kaa ne koma. Esiane nea na kyerɛw nsɛm yi ka no nti, obisaa ne sɔfo no nea enti a Katolek Asɔre no ma kwan ma wɔde ahoni di dwuma wɔ ɔsom mu no. Ɔsɔfo no amma asemmisa no ho mmuae. Ɔbarima no kɔɔ “Kristofo” ɔsom horow afoforo bi mu, nanso wɔantumi amma ne nsemmisa no ho mmuae a ɛfata. Awiei koraa no, osii gyinae sɛ ɔne ne maame a wadi kan akyerɛ nokware no ho anigye no bɛkɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi. N’ani gyee Adansefo no ntam ɔdɔ a ohui ne wɔn nkyerɛkyerɛ a egyina Bible no so no ho yiye.

Ɛmfa ho sɛ ɔkwan no ware no, ɔsrɛɛ nkurɔfo traa wɔn mfiri mu kɔɔ nhyiam horow no, ogyee nokware no toom ntɛm ara, na wɔbɔɔ no asu. Mprempren ɔyɛ asafo mu ɔsomfo. Ne maame ne ne nuanom mmea baanu nso bɛyɛɛ Yehowa Adansefo. Aberante no kaa asɛm kyerɛɛ n’ankasa abusua mufo na ofii Bible adesua pii ase. Mprempren wɔn mu binom kɔ nhyiam horow a wɔyɛ wɔ wɔn hɔnom no​—eyinom nyinaa bae esiane sɛ aberante bi huu nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible no mu sɛ ɛda ɔpon bi so, osuae, na ɔde nea osuae no dii dwuma nti.

Yehowa ayɛ honhom fam aduanma ho nhyehyɛe kɛse bi a ɛrekɔ so nnɛ, na nnipa pii renya mu mfaso. Yesaia hyɛɛ ho nkɔm ɔkwan a ɛfata so bere a ɔkae sɛ: “Hwɛ! Me nkoa bedidi, na mo [atoro som mufo] de, mubedi kɔm.” (Yesaia 65:13) Sɛ yenya nsiesiei a Yehowa nam so de kum yɛn honhom fam kɔm no mu mfaso a, yebenya anigye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena