Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Yehowa Adansefo Di Bɔnnɔ So Adanse Ma Nneɛma Pa Fi Mu Ba
NNIPA pii tee Bible mu nokware no nea edi kan bere a Yehowa Adansefo mu biako dii wɔn adanse bɔnnɔ so no. Eyi mu no, Adansefo no di Yesu Kristo, a odii Samariani bea bi adanse bɔnnɔ so wɔ asubura bi ho bere a ɔbaa hɔ sɛ ɔrebɛsaw nsu no, nhwɛso akyi. (Yohane, ti 4) Yehowa Ɔdansefo bi dii Katolekfo ɔbea kokorani bi adanse bɔnnɔ so wɔ Afrika Apuei Fam. Ɔwɛn Aban Asafo baa dwumadibea no kyerɛ nea efii mu bae:
◻ Da koro anɔpatutu bi a Ɔdansefo no rekɔ kurom no, ohyiaa Katolekfo ɔbea kokorani bi. Ɔde hokwan no bisaa ɔbea kokorani na sɛ: “Ɛhe na worekɔ saa bere yi?” Obuae sɛ: “Merekɔ akɔbɔ me Nyankopɔn mpae.” Afei obisaa ɔbea kokorani no sɛ: “So wunim wo Nyankopɔn no din?” Ɔbea kokorani no buae sɛ: “Ɛnyɛ ne din ne Nyankopɔn?” Ɔdansefo no kyerɛɛ no sɛ ɔbɛba ne fie saa awia no ne no abɛbɔ Onyankopɔn din ho nkɔmmɔ. Nkɔmmɔbɔ no akyi no, ɔbea kokorani no kɔɔ n’asɔre no kobisaa asɔfo no biako sɛ onim nea Yehowa kyerɛ anaa. Obuae sɛ, “Ɛne Onyankopɔn din.” Ɔbea kokorani no ho dwiriw no sɛ ɔtee sɛ ɔsɔfo no nim eyi nanso ɔnkyerɛɛ no da.
Ɔdansefo no kɔɔ ɔbea no nkyɛn toatoaa so nnankron na ɔkyerɛkyerɛɛ no nokware a ɛfa Baasakoro, ɔkra, hellgya, ne awufo anidaso no ho. Ɔbea no tiee biribiara na afei ɔkyerɛɛ Ɔdansefo no sɛ ɔmma no bere na ɔmfa nsusuw nkyerɛkyerɛ afoforo yi nyinaa ho. Adapɛn abien akyi no, okohuu Ɔdansefo no ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmra na wɔntoa nkɔmmɔbɔ no so. Ebedu saa bere yi na ɔbea kokorani no asi gyinae sɛ obefi asɔre no mu ma enti wasɛe n’ahoni, ne rosary ahorow, ne ne mmeamudua dedaw. Ɔsɔfo no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan n’adwene na wasan aba asɔre no mu, nanso na wasi ne bo sɛ ɔde nokware no bɛtra ase. Akyiri yi no, wɔbɔɔ no asu na ɛwom sɛ onni apɔwmuden na ne mfe akɔ anim de, nanso wasom sɛ daa ɔkwampaefo boafo asram pii.
Esiane sɛ ne fie hɔ sõ nti, ɔde maa asafo no sɛ wɔmfa hɔ nyɛ Ahenni Asa. Anuanom no kuruu ɔdan no so foforo, bubuu emu afasu no, na wɔde ofi no fã kɛse no ara yɛɛ nhyiambea a ɛyɛ fɛ yiye. Nea anka ɔyɛ Katolekfo ɔbea kokorani yi te asa no akyi ɔdan bi mu. N’ani agye yiye sɛ watumi ayɛ eyi de aboa Yehowa som.
◻ Osuahu foforo a ɛma wohu nyansa a ɛwɔ bɔnnɔ so adansedi mu no fi Kampala, Uganda. Bere a Ɔdansefo ɔsɛmpatrɛwfo bi rekɔ aban dwumadibea bi no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn a wɔne no faa lift no bɔnnɔ so. Ɔbarima biako, Owura L————, kyerɛe sɛ ɔpɛ nhoma a ɔde kyerɛɛ wɔn no nanso ontumi nnye saa bere no. Enti ɔde ne din ne ne office address maa ɔsɛmpatrɛwfo no. Akyiri yi ɔsɛmpatrɛwfo no kɔɔ hɔ kobisaa Owura L————ase. Wɔkɔfrɛɛ no, nanso nea ɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo no nwonwa ne sɛ ɔbarima foforo bi na apuei. Mmarimma baanu a wokura din koro yɛ adwuma wɔ saa office hɔ. Odii Owura L————, a otia abien no adanse tiawa na ɔkyerɛɛ ho anigye kɛse. Bere a Owura L L———— a odi kan no ankyerɛ anigye bio no, ɔne Owura L————a otia abien no fii Bible adesua ase. Mprempren ɔyɛ Ɔdansefo a wɔabɔ no asu na ne yere ne ne babarima renya nkɔso pa a ɛbɛma wɔafata ama asubɔ.
Yesu Kristo ne Oguanhwɛfo Pa no na onim wɔn a wɔte sɛ nguan a wɔwɔ koma pa no. Osuahu ahorow yi kyerɛ sɛ ɔkyerɛ n’akyidifo kwan kɔ saafo no nkyɛn. Bɔnnɔ so adansedi tumi sow aba!!—Yohane 10:14.