Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 3/1 kr. 24-25
  • Kɔhwɛ Asase No Kɔhwɛ Nguan No!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔhwɛ Asase No Kɔhwɛ Nguan No!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Hwɛ Ne Nguan
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Faako a Yebenya Awerɛkyekye
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • “Deɛ Wayera no Mɛhwehwɛ No”
    San Bra Yehowa Nkyɛn
  • Nnansa Yi Ban Ma “Nguan Foforo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 3/1 kr. 24-25

Bɔhyɛ Asase No So Mmeae Ahorow

Kɔhwɛ Asase No Kɔhwɛ Nguan No!

KRISTOFO mpempem pii akɔhwɛ Bɔhyɛ Asase no so, a wosusuw sɛ mmeae a nsɛm sisii a wobehu no bɛboa wɔn ma wɔate Bible no ase, na wɔanya mu ntease pii. Na ayɛ saa nso.

Sɛ́ woakɔhwɛ hɔ ankasa, anaasɛ woakɔ hɔ wɔ w’adwenem denam asase no ho nhoma ne nsɛm a woasua so no, nguan no a wobɛkɔ akɔhwɛ wɔn nso ɛ? Ebia wubebisa sɛ, ‘na Bɔhyɛ Asase no nso fa nguan ho dɛn?’ Nokwarem no, na nguan yɛ Bible mmere so asetra no fã araa ma Bɔhyɛ Asase no so nsrahwɛ a nguan nka ho no yɛ nsrahwɛ a enni mũ wɔ ɔkwan bi so.

Mfonini ahorow a wuhu wɔ ha yi betumi ayɛ wo nsrahwɛ no fã, efisɛ nguan a ebia wubetumi ahu wɔn wɔ mpɔtam hɔ nnɛ no te sɛ nea na wɔtaa hu wɔn wɔ Bible mmere so no ara pɛ.a Wɔn dua a ɛtrɛw no adɔ srade yiye. (Leviticus 7:3; 9:19) Wɔn ho nhwi kuhaa no taa yɛ fitaa. Nanso kae sɛ na “nguan a wɔn ho yɛ ntokontrama ne nworannworan” ka Yakob nguankuw bebree no ho.​—Genesis 30:32.

Kyerɛwtohɔ yi ara ma yehu sɛ na wobu obi a ɔwɔ nguankuw bebree sɛ ɔdefo. (Genesis 30:43) Yɛkenkan Hiob ho asɛm sɛ: “Na ɔwɔ nguan mpemnson ne yoma mpensa ne anantwi mpamho ahannum ne mfurum abere ahannum . . . [Ɔsoe] sen Apueifo no nyinaa.” (Hiob 1:3; 42:12) Anaa kae sɛ na Nabal wɔ nguan 3,000 ne mmirekyi 1,000. Wususuw sɛ na ne gyinabea ne ne tumi te dɛn wɔ Dawid mmere so? (1 Samuel 25:2) Nanso dɛn koraa nti na na nguan bebree yɛ ahonyade kɛse no?

Na ɛte saa efisɛ nguan ma wɔn hwɛfo anaa wɔn wura nya nneɛma a ɛsom bo. Na wɔn ho nhwi no ankasa yɛ ade a wonya wɔ wɔn ho bere ne bere mu. Mmebusɛm 31:13, 21, 22 boa yɛn ma yehu sɛnea ɔbea nyansafo a ɔyɛ nsi betumi de eyi ayɛ ntade ama n’abusua no anaasɛ ntade a wobetumi atɔn. (Hiob 31:20) Na nguan ho nhwi yɛ ade titiriw a wodi ho gua. Ɛno ne nea na wɔkyerɛ bere a wɔkae sɛ Moabfo hene bi “yɛɛ nguanyɛnfo, na ɔmaa Israel hene nguanten mma ɔpeha ne adwennini a wonyii wɔn ho nhwi ɔpeha” no. (2 Ahene 3:4) Yiw na wɔyɛ nguan “a wonyii wɔn ho nhwi”; wɔn ho nhwi pii no ma wɔsom bo pii.

Na adwennini mmɛn tumi yɛ fɛ, te sɛ nea wuhu wɔ nifa so mfonini yi mu no. So eyi ma wokae sɛ na odwennini abɛn na wɔde pae ahosɛpɛw afahyɛ no? (Leviticus 25:8-10) Na wɔde mmɛn a tokuru dedam te sɛ eyi ara kyerɛ sɛ asiane bi reba anaa wɔde kyerɛ akodi mu mpasuatwa.​—Atemmufo 6:34; 7:18,19; Yoel 2:1.

Ɔkwan a ntease wom so no, sɛ wowɔ nguankuw a, na wubenya aduan, efisɛ na nguan ka mmoa a wɔn ho tew a lsraelfo betumi adi no ho. (Deuteronomium 14:4) Wobetumi anoa wɔn nam no anaasɛ wɔatoto. Na oguannam a wɔatoto yɛ afe afe Twam afahyɛ no mu ade titiriw. (Exodus 12:3-9) Na wonya nufusu nso fi nguan ho bere nyinaa, wɔnom na wɔde yɛ kyiisi nso.​—1 Samuel 17:17,18; Hiob 10:10; Yesaia 7:21, 22.

Nguan no nsrahwɛ biara renyɛ nea edi mũ bere a wɔnhyɛ nguankuw no ne wɔn hwɛfo no ntam abusuabɔ a emu yɛ den no nsow no. Oguanhwɛfo pa hwɛ ne nguan no. Sɛnea Yesu kae no, wobetumi ahu wɔn hwɛfo no nne, na sɛ ɔde wɔn din frɛ wɔn a, wobegye so. (Yohane 10:3, 4) Sɛ obiako yera a, oguanhwɛfo a ɔhwɛ ne nguan yiye no hwehwɛ no. Sɛ ohu oguan a ɔyerae no a, ebia ɔbɛsoa no akonkɔn na ɔde no akɔka nguankuw no ho bio.​—Luka 15:4, 5.

David de n’ankasa osuahu a onyae wɔ nguan ho no dii dwuma bere a ɔde ne ho totoo oguanten a ne Hwɛfo ne Yehowa ho no. Na Dawid wɔ ahobammɔ, sɛnea wɔbɔɔ nguan ho ban fii mmoa a wɔbɛtow hyɛ wɔn so ho no. Na nguan no betumi adi wɔn hwɛfo a n’ani ku wɔn ho no akyi. Sɛ wopira a, ɔde aduru tare wɔn akuru no so, a ebia ɔde ngo a edwudwo ɔyaw na ɛyɛ saa. Hwɛ sɛnea eyi ne Israel akannifo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Hesekiel 34:3-8 no pɛsɛmenkominya nneyɛe no bɔ abira!

Wɔaka nguan ho nsɛm pii nkɔmhyɛ ne sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Bible no mu. Enti hwɛ a wobɛkɔ akɔhwɛ, na woahu Bɔhyɛ Asase no so nguan yiye no betumi ama ntease a wowɔ wɔ nsɛm te sɛ “kuw ketewaa,” “Onyankopɔn Guammaa,” ne “nguan foforo” ho no mu adɔ yiye.​—Luka 12:32; Yohane 1:36; 10:16.

[Ase hɔ asɛm]

a Yudea sare so nguan ho mfonini a ɛwɔ atifi hɔ no yɛ nea wobetumi ahu no yiye wɔ 1992 Calendar of Jehovah‘s Witnesses no so.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]

Garo Nalbandian

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena