Latin-Amerika Asɔre no wɔ Ahoyeraw Mu—Dɛn Nti na Ɔpepem Pii Refi Mu?
EFI Mexico atifi fam hye so kosi Chile anafo pɛɛ no, Latin-Amerika kurow anaa akuraa biara nni hɔ a Roman Katolek asɔredan nsi n’abɔnten so. Nanso, Joseph E. Davis, ahyehyɛde bi a ɛma Katolekfo dwumadi ahorow nya nkɔ so kwankyerɛfo bi gye tom sɛ “nsakrae titiriw bi rekɔ so wɔ Latin Amerika.” Ogye toom nso sɛ Latin Amerika, baabi a Roman Katolek Asɔre anya nkɛntɛnso bɛboro mfeha abiɛsa ni no rehyɛn nsakrae kɛse bere bi mu mprempren.
Ada adi sɛ Katolek Asɔre no nkɛntɛnso mu regow ntɛmntɛm. Nnansa yi wobuu akontaa sɛ Katolekfo a wɔyɛ nnam no dodow yɛ nnipa a wɔwɔ Latin Amerika no mu ɔha mu nkyem 15 pɛ. Nhoma 1991 Britannica Book of the Year bɔɔ amanneɛ sɛ: “Roman Katolek Asɔfo mpanyin ne paapa no ankasa kae sɛ wosuro sɛ Latin Amerika a tete no na wɔyɛ Katolekfo no redan afi gyidi dedaw no ho wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so.” Dɛn nti na eyi rekɔ so? Dɛn nti na nnipa pii refi Katolek asɔre no mu? Dɛn na ɛto wɔn a wɔafom kwan yi?
Nkyerɛkyerɛmu a Wɔhwehwɛ
Katolek asɔre mpanyimfo se wɔn nsɛnnennen no fi “awaefo akuw no” a adɔɔso no. Europani sɔfo bi a ɔyɛ adwuma wɔ Bolivia nwiinwii sɛ: “Asɔre no te sɛ dua bi a awaefo akuw a wɔte sɛ wura ma n’ahoɔden so huan.”
Wɔ Argentina no, wɔbɔ nsɔre afoforo 140 ho amanneɛ afe biara, na ebia ɛka ho bi na Katolek Asɔre no mufo so atew fi ɔha mu nkyem 90 abedu ɔha mu nkyem 70 fi 1970 mfe no mfinimfini no. Wɔ Tijuana, Mexico no, ɛhɔnom nnipa ɔpepem abien no mu ɔha mu nkyem 10 akɔ ɛhɔnom nsɔre 327 a ɛnyɛ Katolek de no mu. Time nsɛmma nhoma bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nea ɛyɛ nwonwa no, ɛda adi sɛ Brazilfo Protestantfo pii kɔ asɔre Kwasida sen Katolekfo.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛnea atesɛm krataa bi kae no, bere a “Latin Amerikafo asɔfo mpanyin ne paapa no hyiae wɔ Vatican kuropɔn mu sɛ wɔrebesusuw nsɛm abien a ɛho hia asɔre no titiriw nnɛ ho no,” na emu biako ne “awaefo akuw ho asɛnnennen no.”
Paapa no kae wɔ ɔne Mexico asɔfo mpanyimfo nhyiam bi mu sɛ nkonim a nsɔre afoforo pii adi no “fi asɔremma no boturobodwo ne anibiannaso a wɔyɛ wɔn asɛmpaka adwuma no ho no.” Dɛn nti na “asɔremma no” nni Latin Amerikafo honhom fam ahiade ho dwuma bere a wɔn mu pii wɔ obu ma Bible no? Última Hora a wɔkyerɛw wɔ La Paz, Bolivia, no mu samufo asɛm bi se: “Asɔre no awura wiase no mu araa ma ɛte sɛ nea da biara ɛtwe ne ho fi n’asɛyɛde hɔ.
Ɛnsɛ sɛ nea ɛrekɔ so no yɛ yɛn nwonwa sɛ yebehu sɛ asɔfo yɛ asetram nsɛm ho animdefo, sikasɛm ho animdefo, nsɛnkyerɛwfo, anaa amammuifo sen asɔfo.”
So Wɔyɛ Amammuifo Sen Asɛnkafo?
Akyinnye biara nni ho sɛ asɔre no ho a ɛde hyehyɛɛ amammuisɛm mu wɔ 1970 ne 1980 mfe no mu no na ama mprempren Latin Amerikafo pii mpɛ Katolek som no. Nhwehwɛmu bi a wotintimii wɔ 1985 mu no kaa nea edi hɔ yi faa Maryknoll, Catholic Foreign Mission Society of America ne ne Latin Amerika nsɔre pii no ho sɛ: “Maryknoll atumi ama ɔmanfo agye Marx ne Lenin nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔman anidan a basabasayɛ wom ho no atom, efisɛ sɛ yɛbɛka no pefee a, wɔama kwan ma adi dwuma sɛ Katolek Asɔre no fã. Ɛnyɛ asɔrekɔfo kɛkɛ nkyɛn nko na asɛm no adu, na mmom Amerika mmarahyɛ mpanyimfo nso.”
Nea ɛyɛ nwonwa nso no, susuw nea wɔfrɛ no akodi bɔne a wɔkyeree Argentinafo 10,000 kosi 30,000 wom kokum wɔn wɔ 1970 no mfe awie mu hɔ a wɔanni wɔn asɛm no nso ho. National Catholic Reporter no mu samufo asɛm bi kae wɔ asɛmti “Mogya Agu Asɔre no Ho Fi wɔ Argentina” ase no mu sɛ: “Nea esii wɔ Argentina” no te sɛ nea Katolek asɔre no yɛe wɔ Nasi Germany no pɛpɛɛpɛ, na ɛma asemmisa no sɔre bio sɛ ebia tumidi ho hia asɔre no sen Asɛmpa no asɛyɛde a ɛma obi yɛ nokware no ho ɔdansefo no.”
Tumi a asɔre no pɛ wɔ wiase nniso mu no da no adi pefee sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn adamfo. Bible no sɛ: “Munnim sɛ wiase no a mofa no adamfo no ma moyɛ Onyankopɔn atamfo? Obiara a ɔpaw wiase no sɛ n’adamfo no dan ne ho Onyankopɔn tamfo.” (Yakobo 4:4, Katolekfo Jerusalem Bible) Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii nhwehwɛ honhom mu akwankyerɛ kwan mfi Katolek Asɔre hɔ bio. Nanso dɛn na ato nnipa a wɔafi Katolek asɔre no mu no?a
Nguan a Wonni Hwɛfo
Wɔte sɛ nnipa a afeha a edi kan no mu Yudasom akannifo anhwɛ wɔn yiye no. Bible no se Yesu “dii yaw maa wɔn efisɛ na wɔhaw wɔn na wɔayɛ mmɔbɔmmɔbɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36, JB) Nnipa pii agyae Katolek Asɔre no kɔ nea wɔfrɛ no asɛnkafo nsɔre. So nsɔre yi ahwɛ nguan a wɔafom kwan yi yiye? So Protestantfo wɔ ɔpɛ kɛse sɛ wɔbɛyɛ nea Yesu ka faa ne nokware akyidifo ho yi: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no”?—Yohane 17:14.
Nsɔre pii a wɔnyɛ Katolekfo bɔ mmɔden yɛ wɔn ho sɛ wotie Bible no sen sɛ wɔbɛyɛ nyamesom mu atetesɛm akyidifo. Mpɛn pii no, eyi yɛ nnaadaa ara kwa. Protestantfo ahyehyɛde ahorow no nkyerɛkyerɛ atitiriw no te sɛ Katolek Asɔre no de araa ma wɔn a wɔhwɛ ade yiye tumi fa Andean asɛm yi ka sɛ: “Es la misma cholita con otra pollera” (Ɛyɛ Indiani bea korokorowa no ara na wahyɛ atade foforo).
Sɛ nhwɛso no, ɛkame ayɛ sɛ Protestantfo akuw nyinaa kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro, nanso eyi nyɛ Bible nkyerɛkyerɛ. The Encyclopedia of Religion gye tom sɛ: “Ɛnnɛ nsɛm asekyerɛfo ne nyamekyerɛfo adwene hyia sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no nni Hebri Bible no mu . . . Baasakoro nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ biara nni Apam Foforo no nso mu.”*
Ɛda adi sɛ Protestantfo de wɔn ho afam wiase yi ne n’amammuisɛm ho kɛse te sɛ Katolekfo. Encyclopedia of Latin America ka sɛ: “Protestant som a ɛwɔ Latin Amerika no nso de ne ho ahyɛ . . . dodow abatow amammuisɛm mu. Mpɛn pii no, asɔfo a wofi hɔ no pɛ dɔm ma wɔto aba ma amammuifo akannifo, na ama aban adi wɔn nsɔre ahiade ahorow ho dwuma. Latin American Research Review no ka sɛ: “Protestant som de ne ho abɔ amammuisɛm ho wɔ Guatemala fi bere a edii kan baa ɔman no mu no,” na ɛde ka ho sɛ “ayɛ sɛ adwinnade bi a wɔde di amammui ne asetra mu nsɛm ho dwuma sɛ nea wɔyɛ wɔ nyamesom mu ara pɛ.”
Protestantfo ho a wɔde hyɛ amammuisɛm mu no ma wɔde wɔn ho hyɛ akodi mu mpɛn pii. Harry Emerson Fosdick a waka baabi a wobu no sɛ Protestant asɔfo a wɔwɔ nkɛntɛnso kɛse wɔ Amerikafo abakɔsɛm mu no mu biako gye toom sɛ: “Yɛn Atɔe fam abakɔsɛm ayɛ akosɛm bere nyinaa. Yɛawo nnipa ama ɔko, atete nnipa ama ɔko; yɛahyɛ ɔko anuonyam, na yɛde akofo ayɛ yɛn nnɔmmarima, na asɔredan ahorow mu mpo no yɛde ɔko no ho frankaa sisii. . . Yɛde yɛn ano fã yii Asomdwoe Hene no ayɛ, na yɛde ɔfã foforo no kamfoo akodi.”
Dɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ?
Bere a Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm aka atoro som ho asɛm sɛ sɛnkyerɛnne kwan so aguaman a ɔne asase so ahene bɔ aguaman akyi no, ɛka sɛ: “Me man, mumfi no mu mfi, na moanyɛ ne nnebɔne no bi na moansoa ne haw koro no ara bi.”—Adiyisɛm 18:4, JB.
Nnipa pii hu sɛ ɔporɔw kɛse kɔ so wɔ asɔre no mu, nanso wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobefi mu, efisɛ Roman Asɔre no akyɛ. Nanso, kae sɛ na Yudafo som no akyɛ yiye, nanso Onyankopɔn pow Yudafo no sɛ ne nkurɔfo a wapaw wɔn bere a wɔwae fii ne nokware nkyerɛkyerɛ ho no. Onyankopɔn nokware asomfo fii Yudasom mu bere a wobui sɛ afei Onyankopɔn de Kristofo asafo mmom na edi dwuma no. Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ahu nokware Kristofo asafo no nnɛ?
Latin Amerikafo a bɛyɛ ɔpepem biako abɛyɛ Yehowa Adansefo wɔ mfe aduonu a atwam no mu. Dɛn nti na wɔyɛɛ nsakrae yi? Atesɛm krataa bi a ɛwɔ Martinez de la Torre, Veracruz, Mexico, hwehwɛɛ saa asemmisa yi mu. Ɛkae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ saa Bible asuafo yi nyinaa yɛ wɔn a na kan no wɔkɔ nsɔre ahorow, titiriw Katolekfo, a wɔahu sɛ asɔre no de ne ho akɔhyɛ amammuisɛm mu na agye nneyɛe a Bible no mpene so te sɛ gyidi afrafra, ahohwibra, ne basabasayɛ atom no. Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a wɔde di dwuma no ama wɔanya akomatɔyam na wonni ahonisom anaa atetesɛm a ne fibea mu nni ahuye akyi. Eyi ama wɔanya gyidi mu biakoyɛ a ɛsom bo na ɛma wɔda nsow wɔ baabiara a wɔwɔ.”
Latin-Amerika atesɛm krataa foforo ka no saa kwan yi so sɛ: “Yehowa Adansefo yɛ mmɔdenbɔfo, anokwafo ne nnipa a wosuro Onyankopɔn. Wɔyɛ nnipa a wokura nsɛm a wɔkyerɛkyerɛe fi mfiase no mu, na wɔn som no gyina Bible nkyerɛkyerɛ so.” Yɛto nsa frɛ wo sɛ baabiara a wote biara no wo ne Yehowa Adansefo nsua Bible no. Wubehu sɛ wɔn anidaso ne wɔn asetra kwan nyinaa gyina Bible no so. Yiw, wubehu sɛnea wɔsom Onyankopɔn “honhom ne nokware mu.”—Yohane 4:23.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ Nhomawa So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di? a The Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 21]
YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ LATIN-AMERIKA AMAN BINOM SO
1971 1992
Ɔman Adawurubɔfo Adawurubɔfo
Argentina 20,750 96,780
Bolivia 1,276 8,868
Brazil 72,269 335,039
Chile 8,231 44,067
Colombia 8,275 55,215
Costa Rica 3,271 14,018
Dominican Republic 4,106 15,418
Ecuador 3,323 22,763
El Salvador 2,181 20,374
Guadeloupe 1,705 6,830
Guatemala 2,604 13,479
Honduras 1,432 6,583
Mexico 54,384 354,023
Panama 2,013 7,732
Paraguay 901 4,115
Peru 5,384 43,429
Puerto Rico 8,511 25,315
Uruguay 3,370 8,683
Venezuela 8,170 60,444
NKABOM 212,156 1,143,175