Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ W’ani Gye Nyamesom Ho?
NKURƆFO ani gye nyamesom ho wɔ wiase aman nyinaa mu. Nanso, nnipa pii nso wɔ hɔ a wɔka no pefee sɛ wonni nyamesom ho anigye biara. Nanso saa na wɔte nka bere nyinaa?
Wɔbɔɔ onipa wɔ ɔkwan bi so a honam fam nneɛma nkutoo ntumi mma no abotɔyam. Nnipa hia honhom mu ahiade. Onipa da biara da asetra a ɔde di honam fam nneɛma nkutoo ho dwuma, na ɔde nnakoro nnakoro bi gye n’ahome no ntumi mma ne koma ntɔ ne yam. Esiane sɛ nnipa nte sɛ mmoa nti, nea wɔpɛ sɛ wohu ne sɛ, ‘Dɛn ne Asetra atirimpɔw?’ ‘So asetra ara ne tiawa yi a nneɛma a ɛyɛ fɛ pii wom na nea ɛyɛ tan pii nso wom no?’ So wummisaa nsɛm a ɛtete sɛɛ pɛn?
Nanso, wɔtetee nnipa ɔpepem pii a wɔte ase nnɛ wɔ mmeae bi a ɛhɔ tebea no mma wonnya nyamesom ho anigye biara. Ebia saa nkɛntɛnso no befi wɔn awofo, tikyafo, atipɛnfo, anaa aban no mpo hɔ.
Skalabrino, aberante bi a ofi Albania kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo wɔ Kɔmunist nniso ase sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Afei nso, na ɛyɛ hu sɛ wɔbɛka nyamesom ho asɛm; ná saa a wɔbɛyɛ betumi akowie afiase nna mu. Nanso, wɔ 1991 mu, bere a na ɔwɔ Switzerland sɛ oguanfo no, onyaa hokwan sɛ obesua Bible no. Ɔpenee so. Dɛn ntia?
Bere a na ɔwɔ Albania no na wate sɛ nhoma bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Bible, nanso na onnim n’adeban. Enti, ebia mfiase no na ɛnyɛ ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛte Bible no ase ne ade titiriw a ɛkanyan no. Ɛmfa ho sɛ wɔka kyerɛɛ no sɛ obesua Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma ne asase no ho ade no, ɔfaa no sɛ ɛyɛ hokwan nso a ɔde besua ɛhɔ kasa no yiye. Nanso, ankyɛ na obehui sɛ nea ɔresua no ma onya honhom mu nneɛma a ohia denneennen no. Onyankopɔn wiase foforo a asomdwoe wom, wiase a nnipa betumi atra ase daa na wɔanya asetram ahiade ahorow nyinaa bi ma abu so no ho bɔhyɛ a ɔtee no maa n’ani gyei kɛse. Bere a obehui sɛ ɔne n’abusua betumi abɛyɛ saa wiase foforo yi fã no, n’anigye no bɛyɛɛ kɛse. Bere a na ontumi nka n’ano ntom wɔ asɛmpa no ho no, ɔnam telefon so kaa ho asɛm kyerɛɛ n’abusua no wɔ Albania.
Nkɛntɛnso a Bible mu nokware nimdeɛ tumi nya wɔ onipa bi asetra so no maa Aleksei a ɔte Russia nso ho dwiriw no. Bere a na ɔhaw ahorow ahyɛ no so na ontumi nnya asetra atirimpɔw ho nkyerɛkyerɛmu a ntease wom no, ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ obekum ne ho. Nanso, ansa na ɔbɛyɛ saa no, odii kan tuu kwan kɔsraa n’adamfo bi wɔ Finland. Bere a na ɔte keteke mu no, ɔkaa ne haw ahorow no ho asɛm kyerɛɛ ne mfɛfo akwantufo bi. Ná wɔn mu biako yɛ Yehowa Adansefo, na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ onsua Bible no efisɛ ɛwɔ ɔhaw a ɛtete saa ano aduru. Aleksei annye anni. Bere a ɔresan aba ne kurom no, onyaa osuahu a ɛte saa ara bio. Saa bere no Ɔdansefo foforo ka kyerɛɛ no sɛ ná ɔno nso wɔ ɔhaw ahorow a ɛtete saa ara, nanso Bible no na aboa no ma watumi adi so. Ɔno nso hyɛɛ no nkuran sɛ onsua Bible no. Bere a oduu fie no, obi frɛe wɔ telefon so. Ná ɛyɛ adamfo bi a ɔne Adansefo resua Bible no a na n’ani agye yiye. Aleksei fii ase hui sɛ ebia Bible no betumi adi n’ahiade ho dwuma ama no, nanso na onim sɛ obehia mmoa ansa na watumi ate ase. Ɔmaa Yehowa Adansefo ne no bɛyɛɛ ofie Bible adesua daa, na ofii ase kɔɔ wɔn nhyiam horow. Ankyɛ na obɛtee nea enti a wɔn a wɔde Bible nkyerɛkyerɛ bɔ wɔn bra no wɔ anigye, ɛmfa ho sɛ wɔn nso wohyia ɔhaw ahorow a adesamma nyinaa hyia no bi no ase.
Esiane sɛ na Yesu Kristo nim sɛnea nnipa te nti ɔkae sɛ: “Onipa ntumi mfa abodoo nkutoo so ntra ase.” (Mateo 4:4, The New English Bible) Ɔkae nso sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn.” (Mateo 5:3, New World Translation) Nea ɛma wɔn ani gye ne sɛ, wonim wɔn ahiade yiye, wodi ho dwuma wɔ ɔkwampa so, na wonya Onyankopɔn nhyira. Nanso, ɛnyɛ yɛn ho a yɛde bɛbɔ asɔre bi anaa ɔsom mu dwumadi ahorow bi a yɛde yɛn ho behyem kɛkɛ na yɛnam di yɛn honhom mu ahiade ho dwuma. Ebia obi ani begye ɔsom a amanne ayɛ mu mã ho, nanso so etumi ma onya asetram haw horow ano aduru ankasa? Ɛwom sɛ ebia ɔsom bi begyina nnyinasosɛm atitiriw bi a emu da hɔ so, nanso sɛ antumi amma woante asetra atirimpɔw ankasa ase a, so ebetumi adi wo honhom mu ahiade ho dwuma? Nea ehia kɛse mpo no, so ɔsom a ɛte saa a wobɛkɔ no bɛma wo ne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa? Sɛ amma saa a, wunnya nokware abotɔyam.
Wɔ eyi ho no, nnipa pii rehwehwɛ biribi a wonnya nhui.
[Kratafa 3 mfonini]
So asɔre bi a wode wo ho bɛbɔ no bedi wo honhom mu ahiade ho dwuma ankasa?
[Kratafa 4 mfonini]
Nnipa pii ahu sɛ, sɛ wɔte Bible no ase a wɔn asetra bɛyɛ nea ɛwɔ atirimpɔw