Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 12/1 kr. 3-5
  • Nea Ɛmma Wonnye Nni sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛmma Wonnye Nni sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ama no Aba Saa
  • Wogu Aba No
  • Adwenem Naayɛ Sɔre
  • Onyankopɔn a Wonnye Nni sɛ Ɔwɔ hɔ Gye Ntini Kɛse
  • Onyankopɔn a Wonnye Nni sɛ Ɔwɔ Hɔ wɔ Afeha 20 Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nyamesom Ahorow Pii—Dɛn Na Ɛkyerɛ Ma Wo?
    Nyan!—1984
  • Gyidi a Wonni Nnɛ—So Ɛsɛ sɛ Wɔkɔ So Hwehwɛ Kwan No?
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • So Yebetumi Anya Ɔbɔadeɛ Bi Mu Gyidi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 12/1 kr. 3-5

Nea Ɛmma Wonnye Nni sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ

YƐTE okyinnsoromma bi a ɔhaw ahyɛ so mã so; atesɛm krataa mu nsɛmti kɛkɛ a w’ani bɛbɔ so no si saa nokwasɛm no so dua da biara. Yɛn wiase yi mu ahoyeraw tebea no ama nnipa pii adwenem ayɛ wɔn naa ɛdefa wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ no ho. Nnipa binom a wɔkyerɛ sɛ wonnye Onyankopɔn nni no nnye ntom mpo sɛ ɔwɔ hɔ. So saa na wote?

Onyankopɔn mu gyidi a wowɔ anaasɛ wunni no betumi anya daakye ho adwene a wowɔ so tumi kɛse. Sɛ Onyankopɔn nni hɔ a, ɛnde na tra a adesamma abusua no bɛkɔ so atra ase no abegyina nnipa so nkutoo—asɛm a ɛyɛ hu, sɛ wususuw adesɛe ho tumi kɛse a nnipa wɔ no ho a. Sɛ wugye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, ɛnde ebia wugye tom sɛ okyinnsoromma yi so asetra wɔ atirimpɔw—atirimpɔw a awiei koraa ɛbɛba mu.

Ɛwom sɛ wɔakɔ so agye wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ ho kyim wɔ abakɔsɛm nyinaa mu wɔ bere ne bere mu de, nanso ɛyɛ nnansa yi mfehaha mu nkutoo na Onyankopɔn a onni hɔ ho gyidi no ahyeta. So wunim nea enti a aba saa?

Nea Ama no Aba Saa

Dua tenten hwɛbea yɛ nwonwa. Nanso, nhaban, nnubaa ne dutan no nkutoo na aniwa tumi hu. Ntini—a dua no nkwa gyina so—no ahintaw wɔ asase mu tɔnn.

Saa ara na Onyankopɔn a onni hɔ ho gyidi no te. Te sɛ dua kɛse no, Onyankopɔn a wonnye no nni no nyin bɛyɛɛ kɛse paa ansa na afeha a ɛto so 19 no reba. So nkwa ne amansan no betumi aba bere a obi a Ɔma Ɛba a ɔsen nnipa ho nnim? So Ɔbɔadeɛ a ɔte saa a wɔsom no no yɛ bere sɛe? Nyansapɛfo a wɔagye din a wɔtraa ase saa bere no mmuae a wɔde mae no yɛ nea na esi nsɛm so dua na emu da hɔ. Friedrich Nietzsche kae sɛ: “Sɛnea yenhia abrabɔ ho mmara bio no, saa ara na yenhia nyamesom nso.” Ludwig Feuerbach kae sɛ: “Nyamesom yɛ onipa adwenem daeso.” Na Karl Marx a na ne nhoma ahorow rebenya nkɛntɛnso kɛse wɔ mfe du du pii mu no de akokoduru kae sɛ: “Mepɛ sɛ mema adwene no nya ahofadi kɛse fi nyamesom nkoayɛ mu.”

Nnipa pii ani gyee ho kɛse. Nanso, nea wohui no yɛ nea ɛmma wonnye Onyankopɔn nni no nhaban, mmaa, ne dutan ara kwa. Ná ntini no wɔ hɔ a ɛretrɛw bere tenteenten ansa na afeha a ɛto so 19 refi ase. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ Kristoman mu asɔre ahorow no na wɔhyɛɛ nea ɛmma wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no ho nkuran ma enyaa nkɔso wɔ nnɛ bere yi mu! Ɔkwan bɛn so na eyi te saa? Esiane wɔn aba porɔwee nti, saa nyamesom ahyehyɛde ahorow yi kanyan abasamtu ne ɔyɛkyerɛ a wɔde kyerɛ biribi a wɔmpene so kɛse.

Wogu Aba No

Wɔ Mfinimfini Mmere no mu no, Katolek Asɔre no nyaa ne nkurɔfo so tumi kɛse. The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ na asɔre mpanyimfo no nni nea ɛbɛma wɔatumi adi nkurɔfo no honhom fam ahiade ho dwuma. Wɔfaa asɔfo mpanyin a wɔwɔ dibea akɛse, titiriw asɔfopɔn no fii nnipa a wɔwɔ din mu, na wobuu wɔn dibea no sɛ biribi a ɛma wonya anuonyam ne tumi titiriw.”

Wɔn mu bi te sɛ John Calvin ne Martin Luther bɔɔ mmɔden sɛ wɔde nsakrae bɛba asɔre no mu. Nanso, akwan a wɔfaa so no anyɛ te sɛ Kristo de no bere nyinaa; afoforo ho koma a wonni ne mogyahwiegu hyɛɛ Ɔsesɛw no agyirae. (Fa toto Mateo 26:52 ho.) Ná ntua no bi yɛ hu araa ma mfeha abiɛsa akyi no, Thomas Jefferson, United States ɔmampanyin a ɔto so abiɛsa kyerɛwee sɛ: “Eye mmom sɛ wunnye onyame biara nni sen sɛ wonam nneyɛe a enye koraa te sɛ Calvin de no so bɛyɛ abusude atia no.”a

Ɛda adi pefee sɛ Ɔsesɛw no ansan amfa nokware som ansi hɔ. Nanso, ɛtew Katolek Asɔre no tumi so. Vatican nkutoo ankɔ so annya nyamesom gyidi so tumi bio. Nnipa pii de wɔn ho kɔhyɛɛ Protestant akuw afoforo a wɔtetewee mu. Afoforo nso, esiane sɛ na nyamesom abu wɔn abam nti, wɔsom nnipa nsusuwii. Biribiara ho kwan a wɔma fii ase, na ɛde Onyankopɔn ho adwenhorow bae.

Adwenem Naayɛ Sɔre

Ebeduu afeha a ɛto so 18 no mu no, na wɔkamfo nyansapɛ kɛse sɛ ɛne wiase haw ano aduru. Germanni nyansapɛfo Immanuel Kant kae sɛ onipa nam akwankyerɛ a ɔhwehwɛ fi amammui ne nyamesom mu no so ama ne nkɔso ho kwan asiw. Ɔhyɛɛ nyansa sɛ: “Si wo bo sɛ wubenya nimdeɛ! Nya akokoduru a ɛbɛma wode w’ankasa nyansa adi dwuma!”

Saa su yi na na Nimdeɛ Mmere a wɔsan frɛ no Ntease Mmere no kura. Saa tebea yi traa hɔ wɔ afeha a ɛto so 18 no nyinaa mu, na nea ɛhyɛɛ no agyirae ne nimdeɛ ntraso a nkurɔfo hwehwɛe. Milestones of History nhoma no ka sɛ: “Adwenem naayɛ besii gyidi a wonnye ho kyim ananmu. Wobisabisaa atetesɛm ne nneyɛe dedaw no nyinaa ho nsɛm.”

‘Atetesɛm’ biako a wɔhwehwɛɛ mu ne nyamesom. The Universal History of the World nhoma no ka sɛ: “Nnipa sakraa nyamesom ho adwene a wɔwɔ no. Ɔsoro akatua horow ho bɔhyɛ no ankɔ so anyɛ wɔn abodwo bio; wɔhwehwɛɛ asase so asetra pa bi akyi kwan. Wofii ase hweree obi a ɔwɔ tumi sen nnipa mu gyidi no.” Nokwarem no, Nimdeɛ Mmere no mu nyansapɛfo dodow no ara buu nyamesom animtiaa. Ne titiriw no, wɔbɔɔ Katolek Asɔre no mpanyimfo a wɔpɛ tumidi no sobo sɛ wɔama nkurɔfo ayɛ nnipa a wonnim hwee.

Bere a nyansapɛfo no ani nnye nyamesom ho no, wɔn mu pii bɛyɛɛ nkurɔfo a wogye ɔbra pa nkutoo tom; ná wogye Onyankopɔn di nanso wɔkyerɛe sɛ nnipa ho asɛm mfa ne ho.b Wɔn mu kakraa bi bɛyɛɛ nkurɔfo a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a wɔka nsɛm penpen te sɛ nyansapɛfo Paul Henri Thiry Holbach, a ɔkyerɛe sɛ nyamesom yɛ “mpaapaemu, adammɔ, ne nsɛmmɔnedi farebae” no. Bere a mfe no twaam no, Kristoman ho bɛfonoo nnipa pii, na wobegyee Holbach adwenhorow no toom.

Hwɛ sɛnea ɛyɛ nwonwa sɛ Kristoman na ɛmaa Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ no nyaa nkɔso! Michael J. Buckley, a ɔyɛ nyamekyerɛ ho ɔbenfo no kyerɛw sɛ: “Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ fifii wɔ asɔre ahorow no mu. Nyamesom akuw no ahyɛ Atɔe Famfo aniwu kɛse na wɔn ho ayɛ wɔn abofono. Ná asɔre ahorow ne fekuw ahorow no asɛe Europa, ahyɛ okunkɛse ho nkuran, ama nyamesom asɔre atia tumidi anaasɛ wɔadan ɔman ani, wɔabɔ mmɔden sɛ wobeyi ahemfo din afi asɔre mu anaasɛ wobetu wɔn afi ade so.”

Onyankopɔn a Wonnye Nni sɛ Ɔwɔ hɔ Gye Ntini Kɛse

Ebeduu afeha a ɛto so 19 no mu no, na wɔka Onyankopɔn a onni hɔ ho asɛm wɔ baguam, na enyaa nkɔso. Ná nyansapɛfo ne nyansahufo nsuro bio sɛ wɔbɛda wɔn nsusuwii ahorow adi akokoduru so. Obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a ɔka nsɛm penpen kae sɛ: “Yɛn tamfo ne Onyankopɔn. Onyankopɔn tan ne nyansa mfiase. Sɛ adesamma benya nkɔso ankasa a, ebegyina Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ so.”

Nanso, anifere kwan so nsakrae bi bae wɔ afeha a ɛto so 20 no mu. Onyankopɔn a wonnye no nni no mu bɛyɛɛ mmerɛw kakra; na Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ foforo bi fii ase hyetae, na enyaa wɔn a wɔkyerɛ sɛ wogye Onyankopɔn di mpo so tumi.

[Ase hɔ nsɛm]

a Protestant akuw ahorow a Ɔsesɛw no de bae no kɔɔ so kuraa nkyerɛkyerɛ ahorow a ennyina kyerɛw nsɛm so pii mu. Hwɛ Nyan! a ɛbae August 22, 1989, nkratafa 16-20, ne September 8, 1989, nkratafa 23-7 (ne nyinaa yɛ Engiresi de).

b Nnipa a wogye ɔbra pa nkutoo tom no kyerɛe sɛ Onyankopɔn te sɛ wɔɔkye yɛfo bi a ɔbɔɔ ne nneɛma ma efii ase yɛɛ adwuma na afei ogyaee akyi di koraa, a ɛho asɛm biara mfa ne ho. Sɛnea The Modern Heritage nhoma kyerɛ no, wɔn a wogye ɔbra pa nkutoo di no “gye di sɛ Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ no yɛ mfomso a abasamtu na ɛde bae, nanso Katolek Asɔre no kankabi ahyehyɛde no ne ne nkyerɛkyerɛ katee a enni nnipa ho koma no yɛ awerɛhosɛm mpo sen saa.”

[Kratafa 3 mfonini]

Karl Marx

[Kratafa 3 mfonini]

Ludwig Feuerbach

[Kratafa 3 mfonini]

Friedrich Nietzsche

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

ANIM: Asase: British Libraryna wɔmaa ho kwan; Nietzsche: British Museum na ɛyɛ wɔn de (hwɛ kratafa 3 nso); Calvin: Musée Historique de la Réformation, Genève (Foto F. Martin); Marx: U.S. National Archives foto (hwɛ kratafa 3 nso); Okyinnsoromma Ahorow, Nnwinnade, mmeamudua ho akofofo keteke: The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck; Feuerbach: The Bettmann Archive (hwɛ kratafa 3 nso)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena