Onyankopɔn a Wonnye Nni sɛ Ɔwɔ Hɔ wɔ Afeha 20 Yi Mu
“Nnipa agye Onyankopɔn a onni hɔ ho adwene no atom, na wɔn ankasa rebɔ wɔn bra a sɛ́ nea ebefi mu aba ye anaa enye no mfa wɔn ho, na wonsusuw Onyankopɔn ho koraa.”—One Hundred Years of Debate Over God—The Sources of Modern Atheism.
ƐWOM sɛ mfiase no dua tenten hwɛbea yɛ ahodwiriw de, nanso awiei koraa wobebu no sɛ ade a ɛnyɛ soronko biara. Ɛbɛyɛ ade a wɔtaa hu; ne tenten no nyɛ nwonwa bio.
Saa pɛpɛɛpɛ na Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ no te. Ɛwom sɛ ɛmaa akyinnyegye pii sɔree wɔ afeha a ɛto so 19 no mu de, nanso Onyankopɔn a wonnye ntom sɛ ɔwɔ hɔ no nyɛ ahodwiriw anaa biribi a ɛhaw adwene nnɛ. Nneɛma ho kwan a wɔma bere yi ama Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ ne Onyankopɔn mu gyidi a wɔwɔ abom atra asomdwoe mu.
Eyi nkyerɛ sɛ nnipa dodow no ara nnye ntom koraa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ; nea ɛne no bɔ abira no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Amerika, Europa, ne Asia nyinaa mu aman 11 mu no da no adi sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no boro nnipa ɔha biara mu 2 so kakraa bi pɛ. Nanso, Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ honhom abu so—wɔ nnipa pii a wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ mpo mu. Ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi aba saa?
Onyankopɔn Tumidi a Wɔpow
The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Ɛtɔ da bi a nea gye a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no kyerɛ ara ne Onyankopɔn a wɔpow no anaasɛ wobu ani gu ne so.” Eyi nti, The New Shorter Oxford English Dictionary de “Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ” ho nkyerɛkyerɛmu a ɛto so abien a edi hɔ yi ma: “Onipa a ɔde n’abrabɔ pow Onyankopɔn; onipa a ɔmpɛ nyamesom.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Yiw, nea ɛka Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ ho ne gye a wonnye ntom sɛ ɔwɔ hɔ anaa pow a wɔpow ne tumidi anaasɛ abien no nyinaa. Bible no ka Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ honhom yi ho asɛm wɔ Tito 1:16: “Wɔka sɛ wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no.”—Fa toto Dwom 14:1 ho.
Nnipa baanu a wodi kan no na wɔde Onyankopɔn tumidi a wɔpow no saa bae. Ná Hawa gye tom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ; nanso, ɔpɛe sɛ ‘ɔyɛ sɛ Onyankopɔn na ohu papa ne bɔne.’ Nea na ɛno kyerɛ ne sɛ obetumi ‘adi ne ho so’ na wahyehyɛ n’ankasa abrabɔ ho mmara. Adam kɔkaa Hawa ho akyiri yi wɔ Onyankopɔn tumidi a ɔpowee yi mu.—Genesis 3:5, 6.
So saa su yi abu so nnɛ? Yiw. Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ da adi wɔ nnɛɛdɛe kwan so wɔ ahofadi a wɔhwehwɛ mu. One Hundred Years of Debate Over God—The Sources of Modern Atheism nhoma no ka sɛ: “Ɔhwɛ a Onyankopɔn de ma afono nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ. Wɔpɛ . . . sɛ wonya ahofadi mmom.” Wɔpow Bible no abrabɔ ho mmara no sɛ ɛyɛ ade a mfaso nni so, nea wontumi mfa nni dwuma. Adwene a nnipa pii kura te sɛ Misraim Farao a ofii animtiaabu mu kae sɛ: “Hena ne [Yehowa] a metie ne nne . . . ? Minnim [Yehowa] no.” Ɔpow Yehowa tumidi.—Exodus 5:2.
Pow a Kristoman Apow Onyankopɔn
Wɔn a wɔpow Onyankopɔn tumidi ma ɛyɛ ahodwiriw sen biara ne Kristoman asɔfo a wɔde nnipa atetesɛm asi Bible mu nokware a ɛho tew ananmu no. (Fa toto Mateo 15:9 ho.) Nea ɛka ho no, wɔagyina afeha a ɛto so 20 yi mu akodi a mogyahwiegu wom sen biara no akyi, na wɔnam saayɛ so apow Bible mu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnna nokware dɔ adi no.—Yohane 13:35.
Asɔfo no nam Onyankopɔn abrabɔ gyinapɛn ahorow a wonni so no nso so apow no—sɛ́ nhwɛso no, ɛda adi pefee wɔ asɔfo pii a wɔto mmofra mmonnaa a wɔde wɔn kɔ asennibea no mu. Kristoman tebea no ne tete Israel ne Yuda de di nsɛ. Wɔka kyerɛɛ odiyifo Hesekiel sɛ: “Mogya ayɛ asase no so ma, na asɛm anidan ayɛ kurow no ma; na wɔka sɛ: [Yehowa] agyaw asase no, na [Yehowa] nhu.” (Hesekiel 9:9; fa toto Yesaia 29:15 ho.) Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii agyae Kristoman mu asɔre ahorow no koraa! Nanso so ɛsɛ sɛ wogyae Onyankopɔn mu gyidi?
Ntease Pa bi Wɔ hɔ a Wogyina so Ka sɛ Onyankopɔn Nni Hɔ?
Sɛ́ ebia wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no ahu nyamesom mu nyaatwom no anaasɛ wonhui no, wontumi nte nea enti a Onyankopɔn wɔ hɔ na amanehunu pii wɔ wiase no ase koraa. Simone de Beauvoir kae bere bi sɛ: “Ná ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ mesusuw wiase bi a ɛnyɛ obi na ɔbɔe ho sen sɛ mesusuw obi a ɔbɔɔ wiase a ɔhaw ahorow yi nyinaa gu ne so no ho.”
So wiase no mu nsisi—a nea nyamesomfo nyaatwomfo de ba ka ho—da no adi sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ? Susuw asɛm a edi so yi ho hwɛ: Sɛ wɔde sekamma hunahuna onipa bi a ne ho nni asɛm, wɔde pira no, anaasɛ wɔde kum no mpo a, so eyi kyerɛ sɛ sekamma no nni ɔyɛfo? So ɛnkyerɛ mmom sɛ dekode no na wɔde dii dwuma ɔkwammɔne so? Saa ara na ɛyaw a nnipa di no fã kɛse di adanse sɛ nnipa de tumi a Onyankopɔn de adom wɔn a wotumi de yɛ nneɛma, ne asase no ankasa, redi dwuma ɔkwammɔne so.
Nanso, nnipa binom te nka sɛ nyansa nnim sɛ wobegye Onyankopɔn adi, efisɛ yentumi nhu no. Nanso mframa, tumi bi a ɛma wotumi te nnyigyei, ne ehua ahorow nso ɛ? Yentumi nhu saa nneɛma yi mu biara, nanso yenim sɛ ɛwɔ hɔ. Yɛn ahurututu, yɛn aso ne yɛn hwene ma yetumi hu saa. Nokwarem no, yegye nneɛma a yentumi nhu di, sɛ yɛwɔ ho adanse a.
Bere a Irving William Knobloch a ɔyɛ abɔde ho nyansahufo asusuw adanse a aniwa hu—a nneɛma bi a wɔfrɛ no electron, proton, atom, amino acid, ne amemene a ɛyɛ nwonwa ka ho—ho akyi no, ɛkaa no ma ɔkae sɛ: “Migye Onyankopɔn di efisɛ me fam de, wɔ a ɔwɔ hɔ sɛ Onyankopɔn no nkutoo ne ade a ntease wom a wobetumi agyina so akyerɛkyerɛ sɛnea nneɛma te no mu.” (Fa toto Dwom 104:24 ho.) Saa pɛpɛɛpɛ na Marlin Books Kreider, a ɔyɛ onipa asetra ho nsɛm ho ɔdenimfo ka sɛ: “Sɛ́ obi a meyɛ onipa ara kwa ne nea watu ne ho ama nyansahu ho adesua ne emu nhwehwɛmu me nkwa nna mu no, minni adwenem naayɛ biara ɛdefa wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ no ho.”
Ɛnyɛ saa mmarima yi nkutoo ne nkurɔfo a wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Sɛnea abɔde a aniwa hu ho ɔbenfo Henry Margenau kyerɛ no, “sɛ wofa nyansahufo akunini no a, wubehu sɛ wɔn mu kakraa bi pɛ na wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.” Ɛho nhia sɛ nkɔanim a ɛba wɔ nyansahu mu anaa nkogu a nyamesom di ma yɛhwere Ɔbɔadeɛ mu gyidi. Momma yɛnhwehwɛ nea enti a ɛte saa no mu.
Nokware Som a Ɛbɔ No Abira
Wɔ 1803 mu no, United States ɔmampanyin Thomas Jefferson kyerɛwee sɛ: “Kristosom mu aba porɔwee no de, nokwarem no, mitia; nanso ɛnyɛ Yesu ankasa ahyɛde horow a ɛyɛ nokware no.” Yiw, nsonsonoe wɔ Kristoman ne Kristosom ntam. Kristoman gyidi mu dodow no ara gyina nnipa atetesɛm so. Nea ɛne ɛno bɔ abira no, nokware Kristosom gyidi ahorow no gyina Bible so nkutoo. Enti, Paulo kyerɛw kɔmaa Kolosefo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu sɛ wonnya ‘nokware nimdeɛ,’ “nyansa” ne ‘honhom fam ntease.’—Kolosefo 1:9, 10.
Eyi ne nea ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan fi nokware Kristofo hɔ, efisɛ Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ: ‘Monkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.’—Mateo 28:19, 20.
Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo redi ahyɛde yi so wɔ nsase 231 so wɔ wiase nyinaa. Wɔakyerɛ Bible no ase akɔ kasa horow 12 mu na wɔatintim mfuamfua bɛboro 74,000,000. Afei nso, ɛdenam ofie Bible adesua nhyehyɛe so no, wɔreboa nnipa dodow bɛboro 4,500,000 mprempren ma ‘wɔadi nea Yesu ahyɛ nyinaa so.’
Saa nkyerɛkyerɛ nhyehyɛe yi resow aba pii. Ɛma wonya nokware nimdeɛ, efisɛ ennyina onipa nsusuwii so na mmom Onyankopɔn nyansa so. (Mmebusɛm 4:18) Bio nso, ɛreboa nnipa a wofi aman ne mmusuakuw nyinaa mu ma wɔayɛ biribi a onipa “Nimdeɛ” ntumi nyɛ da—ɛma wɔhyɛ ‘nipasu foforo’ a ɛma wotumi nya nokware dɔ ma wɔn ho wɔn ho.—Kolosefo 3:9, 10.
Nokware som redi nkonim wɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu. Ɛmpow Onyankopɔn—wɔ a ɔwɔ hɔ anaa ne tumidi. Yɛto nsa frɛ wo sɛ w’ankasa hwehwɛ eyi mu denam sra a wobɛkɔ akɔsra Yehowa Adansefo wɔ wɔn Ahenni Asa ahorow no biako so no so.
[Kratafa 6 adaka]
NEA ƐMMA WONNYE NNI SƐ ONYANKOPƆN WƆ HƆ NO A WƆHYƐ MU DEN
Wɔ afeha a ɛto so 18 no mfinimfini hɔ no, wɔde hyɛɛ nyansapɛfo Denis Diderot nsa sɛ ɔnkyerɛ encyclopedia po biako ase mfi Engiresi kasa mu nkɔ Franse kasa mu. Nanso, ɔyɛ boroo nea na n’adwumawura no hwehwɛ sɛ ɔyɛ no so. Diderot de bɛyɛ mfe aduasa boaboaa ne Encyclopédie no ano, nhoma apo 28 a ɛdaa su a na ɛwɔ hɔ saa bere no adi.
Ɛwom sɛ na nsɛm a mfaso wɔ so wɔ Encyclopédie no mu de, nanso esii nnipa nyansa so dua. Sɛnea nhoma a ɛwɔ apo bi a wɔtoo din Great Ages of Man kyerɛ no, “esii ne bo kaa [nyansapɛfo] gyidi a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ sɛ onipa de nyansa si gyidi ananmu sɛ nnyinasosɛm a ɛkyerɛ n’asetra kwan a obetumi anya nkɔso no ho asɛm.” Anka Onyankopɔn ho asɛm koraa. The Modern Heritage nhoma no ka sɛ: “Samufo no nam nea wɔkaa ho asɛm no so daa no adi pefee sɛ nyamesom nka nneɛma a ɛho hia sɛ nnipa sua ho ade no ho.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ asɔre no bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛbara Encyclopédie no. Aban mmaranimfo panyin no kasa tiae sɛ ɛsɛe amammui, abrabɔ, ne nyamesom.
Ɛmfa ho sɛ na ɛwɔ atamfo no, nnipa bɛyɛ 4,000 hwehwɛɛ Diderot Encyclopédie no bi—sɛ yesusuw ne bo a na ɛyɛ den no ho a, na wɔn dodow yɛ nwonwa. Ná ɛnkyɛ na saa Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ ho adwene a ɛnnaa adi no anyin abɛyɛ Onyankopɔn a wɔpow no ankasa.