So Wokae?
So w’ani asɔ nnansa yi Ɔwɛn-Aban a wokenkan no? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛm a edidi so yi a:
▫ Dɛn nti na tete Kristofo no anni Yesu awoda? Sɛnea The World Book Encyclopedia kyerɛ no, “Tete Kristofo no anni [Yesu] awoda, efisɛ wobuu obiara awodadi sɛ abosonsom amanne.”—12/15, kratafa 4.
▫ So ɛsɛ sɛ wobɔ Yesu mpae? Dabi, efisɛ mpaebɔ yɛ ɔsom mu adeyɛ bi a wɔde ma Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nkutoo. Bere a yɛde yɛn mpaebɔ nyinaa to Yehowa Nyankopɔn anim no, yɛkyerɛ sɛ yɛde Yesu mpaebɔ ho akwankyerɛ no di dwuma: “Yɛn Agya a wowɔ soro.” (Mateo 6:9)—12/15, kratafa 25.
▫ Dɛn nti na atemmu a wɔde mae wɔ Ɔhene Dawid bɔne a anibere wom no ho yɛ soronko wɔ nea wɔde mae wɔ Anania ne Safira bɔne no ho? (2 Samuel 11:2-24; 12:1-14; Asomafo no Nnwuma 5:1-11) Ná Ɔhene Dawid bɔne no fi honam mu mmerɛwyɛ. Bere a wɔkaa nea na wayɛ kyerɛɛ no no, onuu ne ho, na Yehowa de kyɛɛ no—ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ ogyina nea efii ne bɔne mu bae ano de. Anania ne Safira yɛɛ bɔne efisɛ wofi nyaatwomyɛ mu dii atoro bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa Kristofo asafo no, ma enti ‘wodii atoro kyerɛɛ honhom kronkron ne Onyankopɔn.’ (Asomafo no Nnwuma 5:3, 4) Ɛno yɛɛ koma bɔne a wɔwɔ ho adanse, enti, wonyaa atemmu a emu yɛ den kɛse.—1/1, nkratafa 27, 28.
▫ Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛde koma mu anigye asom Yehowa? Ɛsɛ sɛ yenya nhyira ne hokwan horow a Onyankopɔn de ama yɛn no ho adwempa ne anisɔ, na ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ sɛ yedi Onyankopɔn Asɛm so a, na yɛresɔ n’ani.—1/15, nkratafa 16, 17.
▫ Sɛ yebetumi de nkuranhyɛ a etu mpɔn ama a, nneɛma abien bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu? Nea edi kan no, susuw nea wobɛka ho na ama wo nkuranhyɛ no afa biribi pɔtee ho. Nea ɛto so abien no, hwehwɛ hokwan a wode bɛkɔ onipa a ɔfata nkamfo anaasɛ ehia sɛ wohyɛ no den no nkyɛn.—1/15, kratafa 23.
▫ Dɛn nti na “nnipakuw kɛse” no ‘kurakura berɛw’? (Adiyisɛm 7:9) Berɛw a “nnipakuw kɛse” no him no kyerɛ sɛ wɔde anigye yi Yehowa Ahenni ne ne Hene a wasra no, Yesu Kristo ayɛ. (Hwɛ Leviticus 23:39, 40.)—2/1, kratafa 17.
▫ Asuade a ɛsom bo bɛn na yehu wɔ Hiob nhoma no mu? Hiob nhoma no kyerɛ yɛn sɛnea yedi nsɛnnennen ho dwuma. Ɛde ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so tu obi a ɔrehyia sɔhwɛ ahorow fo—ne ɔkwan a ɛnsɛ sɛ wɔfa so—ho nhwɛso ahorow a ɛyɛ nwonwa ma. Afei nso, Hiob ankasa suahu no betumi aboa yɛn ma sɛ yɛkɔ tebea bɔne mu a yɛayɛ ade wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so.—2/15, kratafa 27.
▫ Dɛn na Yesu anwonwade ahorow no kyerɛ yɛn? Yesu anwonwade ahorow no hyɛ Onyankopɔn anuonyam, na ɛyɛ nhwɛsode ma Kristofo sɛ wɔnhyɛ Onyankopɔn anuonyam. (Romafo 15:6) Ɛhyɛ papayɛ, ayamye ne ayamhyehye a yɛbɛda no adi ho nkuran.—3/1, kratafa 8.
▫ Atirimpɔw bɛn nti na mpanyimfo ne wɔn a wɔahyira wɔn ho so foforo no susuw nsemmisa a wɔasiesie no ho? Eyi kyerɛ sɛ osuani no te Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw no ase, na onim nea Yehowa Dansefo a ɔyɛ no kyerɛ.—3/1, kratafa 13.
▫ Ɔkwan bɛn so na Bible mu mpaebɔ ahorow no so bɛba yɛn mfaso? Ɛdenam Kyerɛwnsɛm no mu mpaebɔ a yɛbɛhwehwɛ mu yiye so no, yebetumi ahu nea wɔbɔɔ no tebea ahorow a ɛte sɛ yɛn de mu no. Mpaebɔ ahorow a ɛte saa a wubehu, wobɛkenkan na woasusuw ho no bɛboa wo ma wo ne Yehowa ntam nkitahodi atu mpɔn.—3/15, nkratafa 3, 4.
▫ Dɛn ne Nyankopɔn suro? Onyankopɔn suro yɛ Yehowa ho suro, obu a emu dɔ a yɛwɔ ma no, ne osuro pa sɛ yɛrenyɛ nea ɔmpɛ. (Dwom 89:7)—3/15, kratafa 10.
▫ Akwan ahorow abiɛsa bɛn so na Bible no kyerɛ sɛ yɛsom bo wɔ Onyankopɔn ani so? Bible no kyerɛkyerɛ sɛ yɛn mu biara som bo wɔ Onyankopɔn ani so (Luka 12:6, 7); ɛkyerɛkyerɛ nea Yehowa ani sɔ wɔ yɛn ho mu (Malaki 3:16); na ɛka nea Yehowa ayɛ de ayi ne dɔ adi ama yɛn ho asɛm. (Yohane 3:16)—4/1, nkratafa 11, 12, 14.
▫ Dɛn nti na Hebrifo 10:24, 25 nyɛ ahyɛde ara kwa sɛ Kristofo nhyiam? Paulo nsɛm yi de honhom fam gyinapɛn a efi Onyankopɔn hɔ a ɛfa Kristofo nhyiam horow nyinaa ho ma—nokwarem no, ɛfa da biara a Kristofo hyiam ho.—4/1, kratafa 16.