Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 2/15 kr. 5-7
  • Basabasayɛ a Ɛbɛba Awiei Koraa—Ɔkwan Bɛn So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Basabasayɛ a Ɛbɛba Awiei Koraa—Ɔkwan Bɛn So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Wobetumi Ayɛ?
  • Onyankopɔn Asɛm Mu Ahoɔden
  • Ɔsatu a Ɛde Basabasayɛ Ba Awiei
  • Asuade a Ɛho Hia
  • Onyankopɔn A Yɛne No Bɛnantew Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Wiase Bi Bɛba a Basabasayɛ Nnim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Onyankopɔn Te Nka Dɛn Wɔ Basabasayɛ Ho?
    Nyan!—2002
  • Nsɛmmɔnedi
    Nyan!—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 2/15 kr. 5-7

Basabasayɛ a Ɛbɛba Awiei Koraa—Ɔkwan Bɛn So?

SƐNEA ɛbɛyɛ a wobesiw basabasayɛ a ɛretrɛw ano no, United States nkuropɔn dodow bi asɔ adwene foforo ahwɛ—atuo a wɔma nkurɔfo de begye sika anaa nneɛma, a wommisa wɔn hwee. Dɛn na afi mu aba? Sɛ nhwɛso no, St. Louis kurow no de $341,000 dii dwuma de gyee atuo 8,500. Wonyaa akode bɛboro apem wɔ dwumadi a ɛte saa ara mu wɔ New York Kuropɔn mu.

Eyi nyinaa kaa nsɛmmɔnedi dɛn? Awerɛhosɛm ne sɛ anka no ahe biara. Nnipa a wɔde tuo kunkum wɔn no dodow kɔɔ soro sen bere biara wɔ St. Louis wɔ afe a edii hɔ no mu. Wɔ New York Kuropɔn mu no, wobu akontaa sɛ atuo ɔpepem abien da so kurakura ankorankoro. Wɔ United States no, ankorankoro atuo a wokura no bɛyɛ ɔpepem 200, aka kakra sɛ na ɔbarima, ɔbea, ne abofra biara anya bi. Wɔ nsase foforo so no, basabasa a wɔde atuo yɛ no renya nkɔanim ma ɛyɛ hu. The Economist ka sɛ wɔ Britain no, “ɛkaa kakraa bi sɛ nsɛmmɔne dodow a wɔde atuo dii a polisifo yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no bu bɔɔ ho wɔ 1983 ne 1993 ntam, na ekoduu 14,000.” Ɛwom sɛ wɔde toto mmeae foforo ho a, nipakum nnɔɔso wɔ hɔ papa de, nanso akode a mmara mma ho kwan bɛyɛ ɔpepem biako na ɛwɔ saa man no mu.

Akyinnye biara nni ho sɛ, tew a saa dodow a ɛyɛ hu no so bɛtew biara no yɛ nkɔso. Nanso, akwan a wɔfa so di ho dwuma te sɛ nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no ntumi nni nneɛma a ɛde basabasayɛ ba no ho dwuma koraa. Dɛn ne saa nneɛma a ɛde ba no? Wɔabobɔ nneɛma pii din, nanso emu kakraa bi na ɛyɛ atitiriw. Asomdwoe ne abrabɔ ho afotu a wonnya wɔ abusua mu ahyɛ mmofra pii ma wɔde wɔn ho abɔ basabasayɛfo akuw sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte nka sɛ wɔn ho hia afoforo. Mfaso akɛse a nnipa bebree hwehwɛ no daadaa wɔn ma wɔde wɔn ho hyɛ basabasayɛ mu. Ntɛnkyea kanyan afoforo ma wɔfa basabasayɛ so siesie nsɛm. Ɔman a nkurɔfo fi mu, wɔn mmusua, anaa wɔn asetram gyinabea ho ahantan ma wobu wɔn ani gu afoforo amanehunu so. Eyinom yɛ nneɛma a agye ntini a wontumi nyi mfi hɔ da koro pɛ.

Dɛn na Wobetumi Ayɛ?

Polisifo bebree, afiasenna tenten, atuo kura ho anohyeto, owu asotwe—wɔakamfo eyi nyinaa akyerɛ sɛ akwan a wobetumi afa so asiw nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ ano, na wɔasɔ ahwɛ. Atumi aboa wɔ akwan horow so, nanso nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, yɛda so ara te basabasayɛ mu. Dɛn ntia? Efisɛ saa akwan yi dwudwo ano kɛkɛ.

Nanso, animdefo pii te nka sɛ ade a ɛbɛma basabasayɛ to atwa ne nkyerɛkyerɛ. Bere a saa adwene yi yɛ papa no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ aman a wonni nhomasua hokwan ahorow pii no nko mu na basabasayɛ wɔ. Anyɛ hwee koraa no, ɛte sɛ nea basabasayɛ wɔ aman a wɔn nhomasua gyinapɛn wɔ soro kɛse no bi mu sen biara. Ɛnyɛ den sɛ yebehu sɛ ɛnyɛ nkyerɛkyerɛ kɛkɛ na ehia, na mmom nkyerɛkyerɛ a ɛfata. Ɛno bɛyɛ dɛn? Obi wɔ hɔ a otumi kyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔbɛyɛ nnipa a wɔdɔ asomdwoe na wɔteɛ?

“Me Awurade, wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’asõ ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.” (Yesaia 48:17, 18; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ɔkwan bɛn na Yehowa Nyankopɔn fa so kyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔbɛdɔ asomdwoe ne trenee? Ɔnam n’Asɛm Bible no so titiriw.

Onyankopɔn Asɛm Mu Ahoɔden

Bible nyɛ tete anansesɛm ne abebusɛm a atwam na ɛso nni mfaso bi kɛkɛ a wɔaboaboa ano koraa. Adesamma Bɔfo, a ofi ne trabea a ɛkorɔn no nim nnipa su sen obi foforo biara no nnyinasosɛm ne ne nsusuwii na ɛwom. Yehowa Nyankopɔn ka sɛ: “Sɛ ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene nso sen mo adwene.”—Yesaia 55:9.

Eyi nti na ɔsomafo Paulo di adanse sɛ “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, akwaa ne hon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” (Hebrifo 4:12) Yiw, Onyankopɔn Asɛm wɔ ahoɔden a ebetumi adu obi komam asakra ne nsusuwii ne ne suban. Ɛnyɛ eyi na ehia na asakra nnipa anuɔdensɛm no nnɛ?

Yehowa Adansefo a seesei wɔyɛ bɛyɛ ɔpepem anum, na wɔwɔ nsase bɛboro 230 so no yɛ nhwɛso a ani tua a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm no wɔ ahoɔden a ɛde sakra nkurɔfo asetra ma ɛbɛyɛ yiye ampa. Nnipa a wofi ɔman, ɔkasa, ne abusua biara mu ka wɔn ho. Wɔyɛ nnipa a wɔn asetram gyinapɛn ne wɔn ntetee nso gu ahorow. Bere bi a atwam no, na wɔn mu bi yɛ basabasayɛfo a wɔhaw adwene. Nanso sɛ anka wɔbɛma nneɛma a ɛtete saa no de ntawntawdi, akansi, mpaapaemu, ne ɔtan aba wɔn mu no, wɔasua sɛ wobedi akwanside ahorow yi so, na wɔabɛyɛ nkurɔfo a wɔdɔ asomdwoe na wɔayɛ biako wɔ wiase nyinaa. Dɛn na ama eyi atumi ayɛ yiye?

Ɔsatu a Ɛde Basabasayɛ Ba Awiei

Yehowa Adansefo atu wɔn ho asi hɔ sɛ wɔbɛboa afoforo ma wɔanya Onyankopɔn atirimpɔw a wɔada no adi wɔ n’Asɛm Bible mu no ho nimdeɛ a edi mu. Wɔ asase so afanan nyinaa no, wɔrehwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wosua Yehowa akwan ho ade ma wakyerɛkyerɛ wɔn. Wɔn mmɔdenbɔ no resow aba. Nea afi nkyerɛkyerɛ ɔsatu yi mu aba ne sɛ nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa bi renya mmamu.

Bɛyɛ mfe 2,700 ni no, wɔde honhom kaa odiyifo Yesaia ma ɔkyerɛwee sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no, . . . aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.”—Yesaia 2:2, 3.

Ɔkyerɛkyerɛ a Yehowa de ma nkurɔfo ma wɔnantew n’atempɔn so no betumi de nsakrae a ɛyɛ nwonwa aba wɔn asetra mu. Wɔaka nsakrae ahorow no biako ho asɛm ato hɔ wɔ nkɔmhyɛ koro no ara mu sɛ: ‘Wɔde wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.’ (Yesaia 2:4) Nnipa pii akenkan saa kyerɛwsɛm yi. Nokwarem no, wɔakyerɛw saa kyerɛwsɛm yi wɔ Amanaman Nkabom no Asa a ɛwɔ New York Kuropɔn mu no fasu ho. Ɛkae yɛn nea Amanaman Nkabom no de asi n’ani so sɛ ɛbɛyɛ nanso entumi nyɛe no. Akodi ne basabasayɛ yi a wobeyi afi hɔ no nnam nnipa amammui ahyehyɛde bi so. Ɛyɛ ade a Yehowa Nyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ. Ɔkwan bɛn na ɔbɛfa so ayɛ?

Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnyɛ obiara na obegye nsa a wɔto frɛ yɛn sɛ “yɛnkɔ Awurade bepɔw so” na “ɔnkyerɛ yɛn n’akwan” ma “yɛnnantew n’atempɔn so” no so; na saa ara nso na ɛnyɛ nnipa nyinaa na ‘wɔde wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare.’ Dɛn na Yehowa bɛyɛ saafo no? Ɔrenkɔ so mma wɔn hokwan daa anaa ɔntwɛn mma wɔnsakra. Sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa bɛma basabasayɛ aba awiei no, ɔbɛma wɔn a wɔkɔ so tra wɔn basabasayɛ asetra mu no nso aba awiei.

Asuade a Ɛho Hia

Nea Onyankopɔn yɛe wɔ Noa nna no mu no yɛ kɔkɔbɔ ho asuade ma yɛn nnɛ. Bible kyerɛwtohɔ no kyerɛ yɛn wiase ko a na ɛwɔ hɔ saa bere no: “Na asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na anuɔden ahyɛ asase so ma.” Eyi maa Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: “Ɔhonam nyinaa awiei aba m’anim, efisɛ wɔn anuɔden ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase.”—Genesis 6:11, 13.

Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ade titiriw bi nsow. Bere a Onyankopɔn de Nsuyiri no baa saa awo ntoatoaso no so no, ɔkoraa Noa ne n’abusua so. Dɛn ntia? Bible bua sɛ: “Noa yɛ onipa trenee a ɔyɛ pɛ wɔ ne bere so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn na ɛnantewee.” (Genesis 6:9; 7:1) Ɛwom sɛ ɛnyɛ obiara a na ɔte ase saa bere no na na ɔyɛ basabasayɛfo de, nanso Noa ne n’abusua nkutoo na ‘wɔne Onyankopɔn nantewee.’ Ɛno nti wonyaa wɔn ti didii mu bere a wɔsɛee saa basabasayɛ wiase no.

Bere a yehu sɛ “anuɔden” rehyɛ asase “so ma” bio no, yebetumi agye adi sɛ Onyankopɔn ani tua. Sɛnea ɔyɛe wɔ Noa nna no mu no, saa ara na ɛnkyɛ ɔbɛyɛ ade de ayi basabasayɛ afi hɔ—koraa. Nanso ɔbɛkyerɛ wɔn a seesei wɔresua sɛ ‘wɔne Onyankopɔn bɛnantew’ no, a wɔde wɔn ho ahyɛ ne nkyerɛkyerɛ ɔsatu kɛse a ɛde asomdwoe ba no mu no kwan akɔ ogye mu.

Yehowa nam odwontofo no so de awerɛhyem yi ma sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:10, 11.

Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo besua Bible na ama woatumi aka wɔn a wɔka eyi no ho: “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.” (Yesaia 2:3) Ɛdenam saayɛ so no, wubetumi aka wɔn a wobehu amumɔyɛ ne basabasayɛ nyinaa awiei no ho. Wubetumi anya ‘anigye asomdwoe bebree mu.’

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 5]

Reuters/Bettmann

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena