Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 5/15 kr. 29-31
  • Woyɛ Ɔkwampaefo a Ɔkari Pɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Woyɛ Ɔkwampaefo a Ɔkari Pɛ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kɔ So Yɛ Den Honhom Mu!
  • Abusua Asɛyɛde a Wobɛma Akari Pɛ
  • Kari a Wɔkari Pɛ Wɔ Sika Fam
  • Akwampaefo a Wɔkari Pɛ Yɛ Nhyira Ankasa
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Mmoa A Yɛde Bɛma Akwampaefo
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Kristofo Som Adwuma No Honhom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 5/15 kr. 29-31

Woyɛ Ɔkwampaefo a Ɔkari Pɛ?

AGYA no haa n’ani trɛw ne nsam kyerɛ ne babea no sɛ omfi ase ntutu. Bere a ɔhwe ase mpofirim no, ɔhyɛ no nkuran sɛ ɔnsɔ nhwɛ bio. Onim sɛ ɛrenkyɛ, ne nan begye fam.

Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, ebia ɔkwampaefo foforo behia bere ne nkuranhyɛ ansa na wanya adwene a ɛkari pɛ na ama watumi asom sɛ bere nyinaa Ahenni ɔsɛmpakafo. Akwampaefo pii kɔ so de anigye som mfe du du pii. Nsakrae a wɔnhwɛ kwan a ɛba wɔn akwan mu no nti pii ntumi nkari pɛ. Ebinom hwere wɔn anigye mpo. Wɔ ɔman bi mu no, wɔn a wofi akwampae adwuma ase no mu ɔha biara mu 20 na wogyae wɔn bere nyinaa som adwuma no wɔ mfe abien a edi kan no mu. Dɛn na ebetumi ayi ɔkwampaefo afi ɔsom adwuma a ɛyɛ anigye sen biara yi mu? Biribi wɔ hɔ a ebetumi ama wakwati saa akwanside yi?

Ɛwom sɛ ɔyare, sika fam ahiade, ne abusua mu asɛyɛde ahorow betumi ama ebinom agyae de, nanso akwanside a ɛto pii yɛ kari a wontumi nkari pɛ wɔ wɔn Kristofo asɛyɛde ahorow mu. Kari a wɔkari pɛ kyerɛ “asetra a ne fã bi anaa emu biribi anaa nkɛntɛnso mmoro foforo so.”

Yesu Kristo kyerɛɛ n’asuafo no sɛnea wɔbɛyɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. Wɔ n’ankasa som adwuma mu no, ɔyɛɛ sɛnea wɔkari pɛ ho nhwɛso. Yesu kyerɛe sɛ Yudafo nyamesom akannifo no nkari pɛ, bere a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Muyi ɛme ne onunum ne tetɛ so ntotoso du du ma, na mugyaw mmara mu nea ɛsom bo no: atemmu ne mmɔborohunu ne gyidi; eyi na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na munnyaw biako no nso.”—Mateo 23:23.

Nnyinasosɛm yi yɛ adwuma nnɛ nso, titiriw wɔ akwampae adwuma no mu. Akwampae adwuma ho anigye ne adwempa a ɛkanyan afoforo nti, ebinom de wɔn ho ahyɛ mu a wɔansiesie wɔn ho yiye anaa wɔansusuw nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho. (Luka 14:27, 28) Ebinom de wɔn ho ahyɛ asɛnka adwuma no mu fee araa ma wɔabu wɔn ani agu Kristofo asɛyɛde afoforo a ɛho hia so. Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi akari pɛ na wɔakɔ so akura mu?

Kɔ So Yɛ Den Honhom Mu!

Yesu ammu n’ani angu ne honhom fam yiyedi so da. Ɛwom sɛ nnipakuw a wobetiee no na wobegyee ayaresa no gyee ne bere pii de, nanso ogyee bere de bɔɔ mpae. (Marko 1:35; Luka 6:12) Akwampae adwuma a wɔma ɛkari pɛ nnɛ nso hwehwɛ sɛ obi nya nsiesie nyinaa mu kyɛfa, na ama wayɛ den wɔ honhom mu. Paulo kae sɛ: “Afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho?” (Romafo 2:21) Ɛbɛyɛ mfomso ankasa sɛ wode wo bere nyinaa bɛka asɛm akyerɛ afoforo bere a wubu w’ani gu bere nhyehyɛe a wode bɛyɛ kokoam adesua ne mpae a wobɛbɔ no daa so no.

Kumiko de mfe aduonu na ayɛ ɔkwampaefo. Ɔwɔ mma baasa ne okunu a onnye nni de, nanso ɔnam osuahu so ahu sɛ bere a eye ma no sɛ ɔkenkan Bible ne bere a ɔrebɛda no. Bere a osua ade no, ɔhyɛ nsɛm a obetumi de adi dwuma wɔ asɛnka adwuma mu no nsow sɛnea ɛbɛyɛ a ne som adwuma a ɔyɛ daa no betu mpɔn na ayɛ anigye. Akwampaefo foforo a wotu mpɔn no sɔre hyɛ wɔn ho den honhom mu anɔpa a wim atɛm dinn no ansa na wɔn abusuafo a aka no asɔre. Wubetumi ahyehyɛ bere foforo a ɛfata na wode asiesie wo ho ama nhyiamkɔ ne Kristofo nhoma a aba foforo mu nsɛm a wubesua. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ so kura ɔsom adwuma no mu anigye no mu a, kokoam adesua nyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wode ahopere yɛ anaa wubu ani gu so.

Abusua Asɛyɛde a Wobɛma Akari Pɛ

Ehia sɛ akwampaefo a wɔyɛ awofo nso ma ɛtra wɔn adwenem sɛ ‘Yehowa apɛdeyɛ’ ma wɔn no fã kɛse ne sɛ wobedi wɔn ankasa abusua honam fam, nkate, ne honhom fam ahiade ho dwuma. (Efesofo 5:17; 6:1-4; 1 Timoteo 5:8) Ɛtɔ mmere bi a, ɔhokafo a ɔyɛ gyidini mpo ne abusua no mufo suro sɛ wɔrennya ahotɔ ne mmoa a wonya fi ɔyere ne maame no hɔ no bere a wafi akwampae adwuma ase no. Atenka a ɛte saa mma wɔnkyerɛ ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo no ho anigye. Nanso nhyehyɛe pa ne ahosiesie a wubedi kan ayɛ no bɛma woatumi akari pɛ.

Akwampaefo pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn asɛnka adwuma nyinaa bere a abusua no mufo nni fie no. Kumiko a yɛadi kan aka n’asɛm no ne n’abusua bom didi anɔpa, gya ne kunu ne ne mma kwan anɔpa na obedu fie ansa na wɔaba. Wayi Dwoda asi hɔ a ɔde noa nnuan si hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a obenya kwan ne abusua no abom adidi sen sɛ obetwa ne ho wɔ mukaase. Nnwuma horow a wɔyɛ bom te sɛ fie nnwuma foforo a wɔyɛ bere a wɔresiesie nnuan nso boa. Ɛdenam saayɛ so no, Kumiko nya bere mpo de to nsa frɛ ne mma nnamfo ma ogye wɔn ani.

Bere a mmofra nyin du wɔn mpanyin mfe so no, wɔtaa hia wɔn awofo mmoa na wɔatumi adi nkate foforo, adwenem naayɛ, ne ehu a ɛhyɛ wɔn so no so. Eyi hwehwɛ sɛ ɔwofo a ɔyɛ ɔkwampaefo no ma n’ani da hɔ wɔ ne nhyehyɛe ho na ɔyɛ mu nsakrae. Susuw Hisako, ɔkwampaefo a ɔyɛ ɛna a ɔwɔ mma baasa no ho hwɛ. Dɛn na ɔyɛe bere a ne babea panyin fii ase daa anibiannaso su adi wɔ Kristofo nhyiamkɔ ne asɛnka ho esiane ne sukuu nnamfo a wɔyɛ wiasefo no nkɛntɛnso nti no? Na nea ehia no titiriw ankasa ne sɛ ne babea no de nokware no bɛyɛ n’ankasa de, na wagye atom koraa sɛ ne ho a ɔbɛtwe afi wiase ho no ne ɔkwan a eye sen biara.—Yakobo 4:4.

Hisako ka sɛ: “Misii gyinae sɛ me ne no besua mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Tra Ase Daa nhoma mu no bio daa. Mfiase no, na simma kakraa bi na yetumi de sua ade, esiane sɛ sɛ bere so sɛ yebesua ade a, na me babea no taa de ayamkaw ne tipae yi ne ho ano nti. Nanso meyɛɛ adesua no daa. Asram kakraa bi akyi no, n’anigye bɛyɛɛ kɛse ma enti ankyɛ na ohyiraa ne ho so bɔɔ asu.” Seesei Hisako ne ne babea no bom som sɛ bere nyinaa asomfo.

Ehia sɛ agyanom a wɔyɛ akwampaefo nso hwɛ yiye na wɔamma anigyefo a wɔboa wɔn wɔ asɛnka mu ne asafo no mu dwumadi no annye wɔn adwene amma wɔammu wɔn ani angu nkate fam mmoa ne akwankyerɛ a mmofra a wɔrenyin no hia no so. Eyi nyɛ ade a ɛsɛ sɛ ɔbarima gyaw to ne yere so. Kristoni panyin bi a onni adagyew a ɔde bere tenten ayɛ ɔkwampaefo na ɔsan hwɛ adwuma ketewa bi so no gye bere ne ne mma baanan no mu biara sua ade. (Efesofo 6:4) Ɔsan ne n’abusua no siesie wɔn ho ma dapɛn nhyiam horow no nso. Akwampaefo a wɔkari pɛ mmu wɔn ani ngu wɔn abusua honam fam nneɛma anaa honhom fam de so.

Kari a Wɔkari Pɛ Wɔ Sika Fam

Adwempa a wobenya wɔ da biara da ahiade ho nso yɛ ɔfã foforo a ɛsɛ sɛ akwampaefo bɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so akari pɛ. Ɛha nso, yebetumi asua pii afi Yesu nhwɛso pa ne n’afotu mu. Ɔbɔɔ kɔkɔ wɔ honam fam nneɛma ho dadwen a yɛbɛma ahyɛ yɛn so ho. Ɔhyɛɛ n’asuafo no nkuran mmom sɛ wɔmfa Ahenni no nni kan, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn sɛnea ɔhwɛ n’abɔde afoforo a aka no. (Mateo 6:25-34) Ɛdenam afotu pa yi akyi a wodi so no, akwampaefo pii atumi atra bere nyinaa som adwuma mu mfe pii, na Yehowa ahyira mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya ‘daa aduan’ no so.—Mateo 6:11.

Ɔsomafo Paulo tuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ, ‘wɔmma nnipa nyinaa nhu wɔn ntease.’ (Filipifo 4:5) Akyinnye biara nni ho sɛ ntease bɛhwehwɛ sɛ yɛhwɛ yɛn akwahosan so yiye. Akwampaefo a wɔkari pɛ bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ntease adi wɔ sɛnea wɔbɔ wɔn bra ho ne wɔn su wɔ honam fam nneɛma ho, bere a wonim sɛ afoforo hwɛ wɔn nneyɛe no.—Fa toto 1 Korintofo 4:9 ho.

Ɛsɛ sɛ mmofra a wɔde wɔn ho hyɛ akwampae adwuma mu no kwati sɛ wɔde wɔn awofo ayamye bɛyɛ hokwan de ayi wɔn ho ano. Sɛ wɔte wɔn awofo fie a, ɛbɛyɛ nea ɛda kari a wɔkari pɛ ne anisɔ a wɔwɔ adi sɛ wɔbɛboa fie nnwuma na wɔayɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ a ɛbɛma wɔatumi atua ɛka a wɔbɔ wɔ fie no bi.—2 Tesalonikafo 3:10.

Akwampaefo a Wɔkari Pɛ Yɛ Nhyira Ankasa

Ebia woyɛ ɔkwampaefo a worebɔ mmɔden sɛ wobɛkari pɛ. Nya awerɛhyem. Sɛnea akokoaa hia bere na ɔde asua nantew ama ne nan agye fam no, saa ara na akwampaefo a wɔn ho akokwaw pii ka sɛ egyee wɔn bere ansa na wɔretumi akari pɛ wɔ wɔn nnwuma horow nyinaa ho dwumadi mu.

Kokoam adesua a wɔbɛyɛ, abusuafo a wɔbɛhwɛ wɔn, na wɔahwehwɛ wɔn ankasa ahiade horow, ka afã horow a akwampaefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkari pɛ wɔ ho no ho. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ akwampaefo pii tumi di wɔn asɛyɛde horow ho dwuma wɔ ɔkwan a ntease wom so. Nokwarem, wɔyɛ nhyira ma mpɔtam hɔfo ne anuonyam ma Yehowa ne n’ahyehyɛde no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena