Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 9/15 kr. 25-29
  • Ɔfã a Ɛto So Abien—Sɛnea Ɛyɛe a Yɛn Nsa Kaa Bible No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã a Ɛto So Abien—Sɛnea Ɛyɛe a Yɛn Nsa Kaa Bible No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwammɔfo Bi Yi Ne Ti
  • Asɔre no Ko Tia
  • Dwuma a Nhomatintim Dii
  • William Tyndale ne Engiresi Bible No
  • Nhwehwɛmu De Ntease a Emu Da Hɔ Ba
  • Tyndale Kyerɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no Ase
  • Wɔbara Bible no ne Tyndale
  • William Tyndale Ɔbarima a Ɔhwɛ Ade Kɔ Akyiri
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Onyankopɔn Asɛm No Da Wo Koma So Anaa?
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Bible No—Nea Wɔde Atirimɔden Atoa No
    Nyan!—1980
  • ‘Yɛn Nyankopɔn Asɛm Tim Hɔ Daa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 9/15 kr. 25-29

Ɔfã a Ɛto So Abien—Sɛnea Ɛyɛe a Yɛn Nsa Kaa Bible No

Ogya no dɛw framfram bere a wɔkaa gya pii guu ogyatannaa no mu no. Nanso na eyi nyɛ gya-hunu bi kɛkɛ. Bible na na wɔresum gu gya a na ɛredɛw framfram no mu, a na asɔfo ne asɔre mpanyimfo gyina ho rehwɛ. Nanso, na London ɔsɔfo panyin no nnim sɛ totɔ a ɔtotɔɔ Bible no na ɔsɛee no no boaa William Tyndale a ɔkyerɛɛ ase no ma otumi nyaa sika de yɛɛ foforo!

Dɛn na ɛmaa afanu a na wɔredi asi no sii wɔn bo saa? Wɔ asɛm bi a yɛadi kan atintim mu no, yɛkaa Bible no tintim ho abakɔsɛm ho asɛm de besii bere a na Mfinimfini Mmere no rekɔ n’awiei no. Seesei yɛaba mmere foforo a na Onyankopɔn Asɛm no mu nsɛm ne tumi a ɛwom no rebenya nnipa asetra so nkɛntɛnso kɛse so.

Ɔkwammɔfo Bi Yi Ne Ti

John Wycliffe, nhomanimfo bi a wobu no a ɔkɔɔ Oxford, no kaa asɛm, na ɔkyerɛw nsɛm de kasa tiaa Katolek Asɔre no mu nneyɛe a ɛne Bible nhyia no denneennen, na ‘Onyankopɔn mmara,’ kyerɛ sɛ, Bible no na ɔde ne nsɛm gyinaa so. Ɔsomaa n’asuafo, Lollardfo no, kɔɔ England nkuraa ase sɛ wɔnkɔka Bible mu asɛm nkyerɛ obiara a obetie wɔ Engiresi kasa mu. Ofii ase kyerɛɛ Bible no ase fii Latin kɔɔ Engiresi a na wɔka wɔ ne bere so no mu ansa na ɔrewu wɔ 1384 mu.

Asɔre no nyaa nneɛma pii gyinaa so buu Wycliffe animtiaa. Nea edi kan no, ɔkasa tiaa asɔfo no wɔ nneɛma a wɔyɛ traa so ne wɔn brasɛe no ho. Afei nso nnipa a na wɔn ani gye Wycliffe ho no pii de ne nkyerɛkyerɛ dii dwuma ɔkwammɔne so, de dii ako tew atua. Asɔfo no de ho asodi too Wycliffe so wɔ ne wu akyi mpo, ɛmfa ho sɛ wankamfo akodi a wɔde tew atua ankyerɛ da no.

Wɔ krataa bi a Ɔsɔfopɔn Arundel kyerɛw kɔmaa Pope John XXIII wɔ 1412 mu no mu no, ɔkae sɛ “saa ɔsansani a ne ho yɛ abufuw John Wycliffe, a wagye dimmɔne no, ɔwɔ dedaw no babarima, nea ɔpae kwan ma antikristo no ne ne ba.” Bere a Arundel de ne nsopa no reba awiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na wahyɛ n’adwemmɔne no ma no, ɔyɛɛ ɔkwan bi a ɔnam so bedu ne botae ho bere a ɔkyerɛɛ kyerɛw nsɛm no ase kɔɔ ɔmanfo kasa mu no.” Nokwarem no, nea ɛhyɛɛ asɔre akannifo abufuw koraa ne sɛ, na Wycliffe pɛ sɛ ɔma nkurɔfo nya Bible no wɔ wɔn ankasa kasa mu.

Nanso, na atitiriw kakraa bi na wɔwɔ Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ ɔmanfo kasa ahorow mu. Wɔn mu biako ne Anne a ofi Bohemia a ɔwaree Ɔhene Richard II a ofi England wɔ 1382 mu no. Ná ɔwɔ Nsɛmpa no a Wycliff kyerɛɛ ase kɔɔ Engiresi mu no bi a na osua no daa. Bere a ɔbɛyɛɛ ɔhemmaa no, anigye a ɔkyerɛɛ wɔ ho no boa maa Bible no nyaa nkɔso—na ɛnyɛ England nko. Anne hyɛɛ adesuafo a wɔwɔ Prague Sukuupɔn a ɛwɔ Bohemia no nkuran sɛ wɔmmra Oxford. Wɔde anigye suaa Wycliffe nhoma ahorow no wɔ hɔ san de bi kɔɔ Prague. Akyiri yi, din a Wycliffe nkyerɛkyerɛ no gyee wɔ Prague Sukuupɔn mu no bɛyɛɛ fapem maa Jan Hus, a osuaa ade san kyerɛɛ ade wɔ hɔ awiei koraa no. Hus kyerɛɛ tete Slavonic kasa mu nkyerɛase no ase kɔɔ Czech kasa a na ne kenkan yɛ mmerɛw mu. Ne mmɔdenbɔ no boa maa nnipa pii kenkanee Bible wɔ Bohemia ne nsase a ɛbemmɛn hɔ so.

Asɔre no Ko Tia

Asɔfo no bo fuw Wycliffe ne Hus nso sɛ wɔkyerɛkyerɛe sɛ na “kyerɛw a wɔmfraa mu” no, Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu a edi kan koraa a na wɔmfaa biribiara nhyehyɛɛ mu no, yɛ nea tumi wom sen “ɛho nkyerɛkyerɛmu” no, nkyerɛkyerɛmu a egyina atetesɛm hunu so a ɛwɔ Bible a asɔre pene so no ano ano no. Ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm mu nkrasɛm a wɔmfraa mu no na na saa asɛnkafo yi pɛ sɛ wɔma mpapahwekwa no nya bi.

Wɔhyɛɛ Hus bɔ sɛ wɔbɛbɔ ne ho ban de daadaa no maa ɔbaa Katolek Asɔre Bagua no anim wɔ Constance, Germany, wɔ 1414 mu sɛ ɔrebɛkyerɛ ne nsusuwii no mu. Ná asɔfo, asɔfo mpanyin, ne asɔfopɔn 2,933 na wɔwɔ bagua no mu. Hus penee so sɛ sɛ wotumi de Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ ne nkyerɛkyerɛ no nyɛ nokware a, obegyae mu. Ɛnyɛ ɛno na na ehia baguafo no. Ná wɔn dibea a wakasa atia no ara dɔɔso ma wɔn, ma enti wɔhyew no wɔ dua ho wɔ 1415 mu bere a na ɔrebɔ mpae denneennen no.

Bagua koro no ara yɛɛ sɛnkyerɛnne a etwa to de buu John Wycliffe fɔ, guu n’anim ase bere a wɔhyɛe sɛ wonkotu ne nnompe wɔ England na wɔnhyew no. Ná ahyɛde no yɛ abofono araa ma wɔanni ho dwuma de kosii 1428, bere a pope no bisaa ho asɛm no. Nanso sɛnea na ɛte bere nyinaa no, saa ɔsɔretia a emu yɛ den no ammrɛ nsi a afoforo a na wɔdɔ nokware no wɔ ase. Mmom no, ɛmaa wosii wɔn bo kɛse sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn Asɛm ho dawuru.

Dwuma a Nhomatintim Dii

Ebeduu 1450 mu, wɔ Hus wu akyi mfe 35 pɛ no, Johannes Gutenberg fii ase de nhomatintim-afiri tintim ade wɔ Germany. Adwuma titiriw a edi kan a ɔyɛe ne Latin Vulgate bi a wowiee no bɛyɛ 1455 mu. Ebeduu 1495 no, na wɔatintim Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi wɔ German, Italy, France, Czech, Netherlands, Hebri, Catalan, Hela, Spain, Slavonic, Portuguese, ne Serb kasa mu—saa na edidii so.

Netherlandsni nhomanimfo Desiderius Erasmus na ɔyɛɛ Hela nkyerɛwee mũ no nyinaa a edi kan a wotintimii, wɔ 1516 mu. Erasmus yam a, anka Kyerɛwnsɛm no yɛ nea “wɔakyerɛ ase kɔ kasa biara a nnipa ka mu.” Nanso, na osuro sɛ n’ankasa bɛkyerɛ ase ama anuonyam kɛse a wanya no abɔ no. Ɛnso, afoforo bae a na wɔwɔ akokoduru sen no. Nea na odi saa nnipa yi mu akoten ne William Tyndale.

William Tyndale ne Engiresi Bible No

Tyndale kɔɔ sukuu wɔ Oxford, na bɛyɛ 1521 mu no, ɔbɛtraa Sir John Walsh fie bɛkyerɛɛ ne mma ade. Ná aberantewa Tyndale taa ne ɛhɔnom asɔfo no yiyi nsɛm ano bere a wɔte Walsh pon a nnuan ayɛ so ma ho redidi no. Ná Tyndale bue Bible mu, de kyerɛw nsɛm kyerɛ wɔn de tentam wɔn adwenkyerɛ no tẽẽ. Bere kɔɔ so no, Walsh ne ne yere begyee Tyndale nsɛm no toom, na na wɔntaa nto nsa mfrɛ asɔfo no, na na wonnye wɔn anigye so bio. Ɛnyɛ nwonwa sɛ eyi maa asɔfo no faa abufuw kɛse wɔ Tyndale ne nneɛma a ogye di no ho.

Bere bi a akyinnyegye bi rekɔ so no, Tyndale nyamesom mu asɔretiafo no biako kae sɛ: “Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwere Onyankopɔn mmara sen sɛ yɛbɛhwere Pope mmara.” Hwɛ ahotoso a na Tyndale wɔ bere a obuae sɛ: “Mibu Pope ne ne mmara nyinaa animtiaa. Sɛ Onyankopɔn ma metra nkwa mu a, enni mfe pii na mama abarimaa a ɔka mmoa ahu Kyerɛwnsɛm no mu asen wo.” Ná Tyndale adwene a ɔrefa no asi pi. Akyiri yi ɔkyerɛwee sɛ: “Ná osuahu ama mahu sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ mpapahwekwa behu nokware biara, gye sɛ woyi kyerɛwsɛm no adi pefee ma wɔn wɔ wɔn ankasa kasa mu, na ama wɔahu nkyerɛwee no mu nsɛntitiriw, sɛnea wɔahyehyɛ no, ne ne nkyerɛase.”

Saa bere no, na wonnya ntintim Bible biara wɔ Engiresi kasa mu. Enti wɔ 1523 no, Tyndale kɔɔ London kɔsrɛɛ hokwan a ɔde bɛkyerɛ ase fii Ɔsɔfo Panyin Tunstall hɔ. Bere a wampene n’adesrɛ no so no, ofii England kodii n’atirimpɔw no ho dwuma, a wansan amma hɔ bio. Wɔ Cologne, Germany no, nkurɔfo bɔ wuraa ne nhomatintimbea hɔ, na Tyndale tumi de nkratafa a ɛsom bo a na wonnya nnuraa ho no bi guanee. Nanso wɔ Worms, Germany no, anyɛ yiye koraa no, wɔyɛɛ ne Engiresi kasa mu “Apam Foforo” no bɛyɛ 3,000. Wɔde eyi kɔɔ England, na wofii ase maa nkurɔfo nsa kaa bi wɔ 1526 mfiase. Emu bi ne Bible a Ɔsɔfo Panyin Tunstall tɔe na ɔhyewee, a na onnim sɛ ɔreboa Tyndale ama watoa n’adwuma so no!

Nhwehwɛmu De Ntease a Emu Da Hɔ Ba

Ɛda adi sɛ Tyndale ani gyee n’adwuma no ho. Sɛnea The Cambridge History of the Bible ka ho asɛm no, “Kyerɛwnsɛm no maa n’ani gyei, na ntɛmpɛ ne anika bi daa adi wɔ ne nsɛm mu a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ anigye.” Ná Tyndale botae ne sɛ ɔbɛma mpapahwekwa anya Kyerɛwnsɛm no wɔ kasa a edi mu na ɛba fam sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara mu. Ne nhwehwɛmu no maa ɔtee Bible nsɛmfua a na ɛso akata wɔ asɔre nkyerɛkyerɛ mu mfehaha pii no ase. Bere a Tyndale amma owu a ne tamfo a ɔyɛ den Sir Thomas More de hunahunaa no ne nsɛm a ano yɛ den a ɔkyerɛwee no ammɔ no hu no, ɔde nea ohui no hyehyɛɛ ne nkyerɛase no mu.

Tyndale de Erasmus Hela nkyerɛwee no ankasa na edii dwuma sen sɛ anka ɔde Latin de no bedi dwuma, na ɔkyerɛɛ Hela asɛmfua a·gaʹpe no ase yiye sɛ “ɔdɔ,” na ɛnyɛ “adɔe.” Afei nso ɔde “asafo” dii dwuma sen sɛ anka ɔde “asɔre” bedi dwuma, ɔde “nu wo ho” dii dwuma sen sɛ anka ɔde “ka bɔne kyerɛ” bedi dwuma, na ɔde “mpanyimfo” mmom dii dwuma sen sɛ anka ɔde “asɔfo” bedi dwuma. (1 Korintofo 13:1-3; Kolosefo 4:15, 16; Luka 13:3, 5; 1 Timoteo 5:17, Tyndale) Saa nsakrae yi yɛɛ asɔre no tumidi ne tete ɔsom mu nneyɛe te sɛ bɔne a wɔka kyerɛ asɔfo pasaa.

Afei nso Tyndale maa asɛmfua “owusɔre” no traa n’ananmu, na ɔpoo ahodwiragya ne owu akyi asetra sɛ ennyina Bible so. Ɛdefa awufo ho no, ɔkyerɛw kɔmaa More sɛ: “Sɛ moka sɛ wɔbɛkɔ soro, hell, ne ahodwiragya mu a, mosɛe nkyerɛkyerɛmu a Kristo ne Paulo de ma de foa owusɔre no so no.” Wɔ eyi mu no, Tyndale twee adwene sii Mateo 22:30-32 ne 1 Korintofo 15:12-19 so. Obenyaa gyidi a ɛfata sɛ awufo nte nka biara kosi daakye bi a wobenya owusɔre. (Dwom 146:4; Ɔsɛnkafo 9:5; Yohane 11:11, 24, 25) Ná eyi kyerɛ sɛ mpae a wɔbɔ Maria ne “ahotefo” no nyinaa nka hwee, efisɛ na wɔnte kasa anaa wontumi nni mma obi bere a wɔnte nka biara no.

Tyndale Kyerɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no Ase

Wɔ 1530 mu no, Tyndale kyerɛɛ Pentateuch, Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma anum a edi kan no ase. Enti ɔbɛyɛɛ onipa a odi kan a ɔkyerɛɛ Bible no ase fii Hebri mu kɔɔ Engiresi mu tẽẽ. Tyndale nso ne Englandni nsɛm asekyerɛfo a odii kan de edin Yehowa dii dwuma. London nhomanimfo David Daniell kyerɛw sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn din a Tyndale daa no adi foforo no benya n’akenkanfo so tumi.”

Esiane sɛ na Tyndale pɛ sɛ nsɛm mu da hɔ nti, ɔde Engiresi nsɛmfua pii kyerɛɛ Hebri asɛmfua biako ase. Nanso, ɔmaa ɛne Hebri kasa mmara no hyiae pɛpɛɛpɛ. Ɛno maa tumi a ɛwɔ Hebri kasa no mu no traa hɔ. N’ankasa kae sɛ: “Sɛnea Hebri kasa te no ma ɛtaa ne Engiresi no hyia sen Latin. Sɛnea wɔka abien no nyinaa yɛ biako; enti wɔ mmeae pii no, ɛnyɛ den sɛ wubenya Engiresi asɛmfua ama asɛmfua biara.”

Nsɛmfua a ɛkame ayɛ sɛ Tyndale kyerɛɛ ase tee yi maa kasa bi a wɔka wɔ Hebri kasa mu baa ne nkyerɛase no mu ma ɛyɛɛ dɛ. Ebia mfiase no, sɛ obi kenkan a ebetumi ayɛ sɛnea ɛntɔ asom. Nanso, akyiri yi, nkurɔfo behuu Bible mu araa maa seesei saa kasa yi pii abɛka Engiresi kasa ho. Ɛho nhwɛso ne “ne koma so barima” (sɛnea ɛwɔ 1 Samuel 13:14 no), “twam,” ne “ɔpapo a oguan.” Nea ɛsen saa no, ɛmaa wɔn a wɔkenkanee Engiresi Bible no behuu nea na wɔrepɛ akyerɛ wɔ Hebri mu, na ɛmaa wonyaa Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no mu nhumu pii.

Wɔbara Bible no ne Tyndale

Ná hokwan a obi benya akenkan Onyankopɔn Asɛm wɔ n’ankasa kasa mu no yɛ anigye. Englandfo kyerɛɛ ho anisɔ bere a wɔtɔɔ dodow biara a wobetumi de faa sum ase baa wɔn man mu, a na wɔkyekyere no sɛ ntama anaa nneɛma foforo no. Eyi nyinaa rekɔ so no, na asɔfo no suro sɛ sɛ nkurɔfo begye Bible tom sɛ ɛno na ɛsɛ sɛ ɛkasa a, wɔn dibea befi wɔn nsa ɔkwan biara so. Enti, tebea no bɛyɛɛ nkwa ne owu asɛm ankasa maa nsɛm asekyerɛfo no ne n’akyitaafo.

Esiane sɛ na Asɔre ne Ɔman ani sa Tyndale nti, ɔkɔɔ so yɛɛ adwuma wɔ sum ase wɔ Antwerp, Belgium. Nanso, ɔde nnanu sii hɔ de yɛɛ nea ɔkaa ho asɛm sɛ ɔde gyigye n’ani—boa a ɔboaa Engiresi aguanfo foforo, ahiafo, ne ayarefo. Saa dwuma yi na ɔde ne sika mu fã kɛse no ara dii. Bere a na Tyndale ntumi nkyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no fã a etwa to ase no, Englandni bi a ɔyɛɛ ne ho sɛ n’adamfo yii no mae gyee sika. Wokum no wɔ Vilvoorde, Belgium, wɔ 1536 mu, a nsɛm a etwa to a ɛka koma a ɔkae ne, “Awurade! bue England Hene no ani.”

Ebeduu 1538 no, na Ɔhene Henry VIII ahyɛ sɛ wɔmfa Bible nto England asɔredan biara mu, a n’ankasa na na onim adwene a ɛwɔ akyi. Ɛwom sɛ wɔankyerɛ sɛ Tyndale na ɔyɛe de, nanso sɛ yɛreka paa a, nkyerɛase a wɔpawee no yɛ ne de. Wɔ saa kwan yi so no, nnipa pii behuu Tyndale nsaano adwuma no, na wɔn ani gyee ho araa maa “wɔhwɛɛ so yɛɛ nkyerɛase a ɛbae akyiri yi no dodow no ara” wɔ Engiresi mu. (The Cambridge History of the Bible) Wɔde Tyndale nkyerɛase no mu nsɛm ɔha biara mu 90 baa King James Version a wɔyɛɛ no 1611 mu no mu tẽẽ.

Bible a na obiara nsa tumi ka bi no de nsakrae kɛse baa England. Bible a na ɛwowɔ asɔredan ahorow mu no ho nkɔmmɔ a na wɔbɔ no mu yɛɛ den araa maa na ɛtɔ da bi a ɛma asɔre yɛ basaa! “Mpanyimfo suaa akenkan na ama wɔatumi akenkan Onyankopɔn Asɛm no tẽẽ, na mmofra nso ka kɔɔ wɔn mpanyimfo hɔ kotiei.” (A Concise History of the English Bible) Saa bere yi nso na Bible no kyekyɛ nyaa nkɔanim kɛse wɔ Europa aman foforo ne kasa afoforo mu. Nanso na sɛnea Bible no retrɛw wɔ England no benya wiase nyinaa so nkɛntɛnso. Ɔkwan bɛn so na ɛbaa saa? Na ɔkwan bɛn so na nneɛma a wɔahu ne nhwehwɛmu anya Bible a yekura no nnɛ no so nkɛntɛnso? Yebewie yɛn asɛm no wɔ nsɛm a ɛtoatoa so yi fã a edi hɔ no mu.

[Kratafa 26 mfonini]

Tyndale 1526 “Apam Foforo” no—biako pɛ a edi mũ a wɔanhyew a wonim

[Asɛm Fibea]

© The British Library Board

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Nna Titiriw Wɔ Bible No Kyekyɛ Mu

Yɛn Bere Yi

Wycliffe Bible no fii ase (ansa na 1384 reba)

1400

Wokum Hus wɔ 1415 mu

Gutenberg—Bible a wodii kan tintimii bɛyɛ 1455 mu

1500

Ɔmanfo Kasa Ahorow mu De a Wodii Kan Tintimii

Erasmus Hela nkyerɛwee no 1516

Tyndale “Apam Foforo” no 1526

Wokum Tyndale 1536

Henry VIII hyɛ sɛ wɔmfa Bible ngu asɔredan ahorow mu 1538

1600

King James Version 1611

[Mfonini ahorow]

Wycliffe

Hus

Tyndale

Henry VIII

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena