Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb19 October kr. 7
  • Onyankopɔn Asɛm No Da Wo Koma So Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Asɛm No Da Wo Koma So Anaa?
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • William Tyndale Ɔbarima a Ɔhwɛ Ade Kɔ Akyiri
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Ɔfã a Ɛto So Abien—Sɛnea Ɛyɛe a Yɛn Nsa Kaa Bible No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wubetumi Anya Mmoa
    Nyan!—2020
  • Yɛn Intanɛt Dwumadibea​—Wɔayɛ sɛ Yɛne Afoforo Nnya So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
mwb19 October kr. 7

KRISTOFO ABRABƆ

Onyankopɔn Asɛm Bible No Da Wo Koma So Anaa?

Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no, enti n’anom nsɛm ne ne nsusuwii na ɛwom. (2Pe 1:20, 21) Bible ma yehu sɛ, Onyankopɔn nam n’Ahenni no so bɛma obiara ahu sɛ Ɔno na ɔfata sɛ odi nnipa so. Wei ma yenya anidaso sɛ, ɛrenkyɛ nnipa benya asetena pa. Bible san ma yehu sɛ, Yehowa a ɔyɛ yɛn soro Agya no wɔ su ahorow pii a ɛyɛ fɛ.​—Dw 86:15.

Nea ɛma yɛn mu biara ani gye Bible ho no gu ahorow. Nanso sɛ yɛkenkan no da biara na yɛde emu nsɛm no bɔ yɛn bra a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ani gye akyɛde a ɛsom bo yi ho. Momma yɛmfa yɛn nneyɛe nkyerɛ sɛ yɛne odwontofo no yɛ adwene; ɔkaa sɛ: “Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara!”​—Dw 119:97.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN NÁ BIBLE SOM BO MA WƆN—NE FÃ BI (WILLIAM TYNDALE) NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • William Tyndale; William Tyndale gyina baabi a otintim ne nhoma ahorow no; Tyndale Apam Foforo nkyerɛase a edi kan no bi

    Adɛn nti na William Tyndale kyerɛɛ Bible no fã bi ase?

  • Adɛn nti na mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛkyerɛ Bible no ase no da nsow?

  • Ɛyɛɛ dɛn na wotumi de Tyndale Bible no bi kɔɔ England?

  • Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ de akyerɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm Bible no da ne koma so?

DWINNWEN WEI HO: Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm no te sɛ. . .

  • kanea ne hann?​—Dw 119:105

  • nsu?​—Efe 5:26

  • nkrante?​—Efe 6:17

  • ahwehwɛ?​—Yak 1:23-25

KENKAN ONYANKOPƆN ASƐM DA BIARA

Bible Akenkan Nhyehyɛe

Bible Akenkan Nhyehyɛe a ɛwɔ jw.org no, wode ayɛ adwuma pɛn? Sɛ woklike nea wɔayɛ no PDF no so a, ɛde wo bɛkɔ jw.org ne Kyerɛwnsɛm a wopɛ sɛ wokenkan no so tẽẽ. Sɛ Bible akenkan a wɔayɛ no ɔdio no bi wɔ wo kasa mu a, wubetumi atwe bi wɔ jw.org, na woabɔ atie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena