Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 10/1 kr. 3-4
  • ‘Nokware No Bɛma Moade Mo Ho’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Nokware No Bɛma Moade Mo Ho’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristofo Som Wɔ Honhom Ne Nokware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nokware—Ɛho Da So Hia Anaa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Hena Ne Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wohwehwɛ Nokware?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 10/1 kr. 3-4

‘Nokware No Bɛma Moade Mo Ho’

‘Mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.’ Saa na Yesu kae bere a na ɔrekyerɛkyerɛ nkurɔfokuw no wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ no. (Yohane 8:32) Ná Yesu asomafo no betumi ahu no ntɛm sɛ Yesu nkyerɛkyerɛ no ne nokware no. Ná wɔanya adanse pii a ɛkyerɛ sɛ wɔn kyerɛkyerɛfo no fi soro.

NANSO, ɛnnɛ, ebia ɛbɛyɛ den ama ebinom sɛ wobehu nokware a Yesu kaa ho asɛm no. Sɛnea na ɛte wɔ odiyifo Yesaia bere so no, ɛnnɛ nso yɛwɔ “wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa, ne papa sɛ bɔne, wɔn a wɔde sum yɛ hann, na wɔde hann yɛ sum, wɔde nwenenwene yɛ fremfrem, na wɔde fremfrem yɛ nwenenwene!” (Yesaia 5:20) Esiane sɛ wɔhyɛ adwenkyerɛ, nyansapɛ, ne asetra kwan ahorow ho nkuran nnansa yi nti, nnipa bebree te nka sɛ nea obiara adwene kyerɛ no biara ye, na nokware biara nni baabiara.

Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’atiefo sɛ nokware no bɛma wɔade wɔn ho no, wobuae sɛ: “Abraham asefo ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehye [mobɛde mo ho, NW]?” (Yohane 8:33) Wɔante nka sɛ ɛsɛ sɛ obi anaa biribi ma wɔde wɔn ho. Nanso Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nokware, nokware, mise mo sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa.” (Yohane 8:34) Nokware a na Yesu reka ho asɛm no betumi abue hokwan ama obi ade ne ho afi bɔne ho. Yesu kae sɛ: “Sɛ ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho ampa.” (Yohane 8:36, NW) Enti nokware a ɛma nkurɔfo de wɔn ho no ne nokware a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no. Yesu desani nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde bɔɔ afɔre no mu gyidi nkutoo na ebetumi ama obi anya ne ho atete afi bɔne ne owu ho.

Bere foforo no, Yesu kae sɛ: “Yɛ wɔn kronkron wɔ nokware no mu; w’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ Bible mu no ne nokware a ebetumi ama yɛade yɛn ho afi gyidihunu ne atoro som ho no. Bible no kura Yesu Kristo ho nokware a ɛma nkurɔfo nya ne mu gyidi na ebue hokwan ma wonya daakye ho anidaso a edi mu. Ɛyɛ anigyesɛm sɛ obi behu Onyankopɔn Asɛm mu nokware no!

Nokware a yebehu no ho hia dɛn? Ɛwom sɛ ɔsom ahorow pii kyerɛ sɛ wodi Bible akyi de, nanso nnipa nyansapɛ ne atetesɛm nya wɔn so nkɛntɛnso kɛse. Mpɛn pii no, ɛnyɛ nokware a nyamesom akannifo bɛka na ehia wɔn, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii ani begye ho. Ebinom te nka sɛ Onyankopɔn ani sɔ ɔkwan biara a wɔfa so som no, bere dodow a efi komam no. Nanso Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ.”—Yohane 4:23.

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn ɔkwampa so a, ɛsɛ sɛ yehu nokware no. Eyi yɛ asɛnhia. Ɛno na yɛn daa anigye gyina so. Enti, ɛsɛ sɛ obiara bisa ne ho sɛ: ‘So ɔkwan a mefa so som no sɔ Onyankopɔn ani? M’ani abere paa sɛ mesua Onyankopɔn Asɛm mu nokware no? Anaasɛ misuro sɛ mɛtɔ me bo ase ayɛ nhwehwɛmu ma akɔda nneɛma bi adi?’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena