Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 12/1 kr. 4-7
  • Edin a Ɛma Obi Nya Nokware Gyidi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Edin a Ɛma Obi Nya Nokware Gyidi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yesu Din no Gyina Hɔ Ma
  • Yesu Mu Gyidi na na Wɔwɔ Anaa Kaesare?
  • Tete Kristofo no a Wosuasua Wɔn Nnɛ
  • Nea Gyidi a Yebenya Wɔ Yesu Din Mu no Kyerɛ
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Yehowa Din​—Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Ɛsom Bo Ma Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Onyankopɔn Din
    Nyan!—2017
  • Yehowa Din No​—Sɛnea Ɛsom Bo Ma Yesu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 12/1 kr. 4-7

Edin a Ɛma Obi Nya Nokware Gyidi

ƆBEA bi ka kyerɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako sɛ: “Munnye Yesu ne ne mogya a egye nkwa no nni.” Ɔbarima bi kae sɛ: “Mofrɛ mo ho Yehowa Adansefo, nanso me de meyɛ Yesu ɔdansefo.”

Adwene a ɛne sɛ Yehowa Adansefo nnye Yesu nni anaa wɔmfa nidi kɛse mma no no abu so. Nanso, dɛn ne asɛm no mu nokware?

Ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn din, Yehowa no ho hia Yehowa Adansefo paa.a Itamar, Ɔdansefo bi a ɔwɔ Brazil, ka sɛ: “M’asetra mu nsakrae fii ase bere a mibehuu Onyankopɔn din no. Bere a edi kan a mekenkanee no, ɛyɛɛ me te sɛ nea manyan afi nnahɔɔ mu. Edin Yehowa no pusuw me, na ɛkanyan me; ɛkaa me koma kɛse.” Nanso, ɔde ka ho sɛ: “Yesu ho dɔ nso ayɛ me koma ma abu so.”

Yiw, Yehowa Adansefo gye tom sɛ, sɛ wobenya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ wogye Yesu, ‘Onyankopɔn ba no din di.’ (1 Yohane 5:13) Nanso dɛn na asɛm ‘Yesu din mu’ no kyerɛ?

Nea Yesu Din no Gyina Hɔ Ma

Asɛm “Yesu din mu” ne nea ɛtete saa no wɔ Kristofo Hela Kyerɛwsɛm, anaa “Apam Foforo” no mu nyinaa. Nokwarem no, asɛmfua “edin” a wɔde aka Yesu dwumadi ho asɛm no pue mu bɛboro mpɛn 80, a emu bɛyɛ 30 wɔ Asomafo no Nnwuma nkutoo. Afeha a edi kan Kristofo no bɔɔ asu wɔ Yesu din mu, saa yare wɔ ne din mu, kyerɛkyerɛe wɔ ne din mu, de ne din su frɛɛ no, huu amane wɔ ne din mu, na woyii ne din ayɛ.—Asomafo no Nnwuma 2:38; 3:16; 5:28; 9:14, 16; 19:17.

Sɛnea Bible asekyerɛ nhoma bi kyerɛ no, wɔtaa de Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “edin” no di dwuma wɔ Bible no mu “ma biribiara a ɛfa edin ho, egyina hɔ ma tumidi, suban, dibea, kɛseyɛ, ahoɔden, mudi, ne nea ɛkeka ho; biribiara a ɛbata din ho.” Enti, Yesu din no gyina hɔ ma tumi kɛse a ɛkyɛn so a Yehowa Nyankopɔn de ahyɛ ne nsa. Yesu ankasa kae sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.” (Mateo 28:18) Bere a Petro ne Yohane saa ɔbarima bi a ɔyɛ bubuafo yare no, Yudafo nyamesom akannifo no bisae sɛ: “Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ eyi?” Ɛno akyi no, Petro de akokoduru daa ne gyidi a ɔwɔ wɔ tumi ne ahoɔden a Yesu din no wɔ mu adi bere a ɔkae sɛ “Nasareni Yesu Kristo . . . din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asan yi.”—Asomafo no Nnwuma 3:1-10; 4:5-10.

Yesu Mu Gyidi na na Wɔwɔ Anaa Kaesare?

Nanso, na gyidi a obi benya wɔ Yesu din mu saa no renyɛ mmerɛw. Sɛnea na Yesu aka asie no, ‘ne din nti na aman nyinaa bɛtan’ n’akyidifo no. (Mateo 24:9) Dɛn ntia? Efisɛ Yesu din gyina hɔ ma ne dibea sɛ Sodifo a Onyankopɔn apaw no, ahene mu Hene, a ɛsɛ sɛ amanaman nyinaa brɛ wɔn ho ase hyɛ n’ase, biribi a wɔnyɛɛ wɔn adwene anaa wonni ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ.—Dwom 2:1-7.

Ná Yesu bere so nyamesom akannifo no nso mpɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Yesu ase. Wɔkae sɛ: “Yenni hene bi sɛ Kaesare,” na wɔnam saayɛ so poo Onyankopɔn Ba no. (Yohane 19:13-15) Mmom no, wonyaa Kaesare din—n’ahoɔden ne ne tumi—ne n’ahemman no nniso mu gyidi. Wosii gyinae mpo sɛ nea ɛbɛyɛ na wɔn dibea ne anuonyam mmɔ wɔn no, wobekum Yesu.—Yohane 11:47-53.

Yesu wu akyi mfehaha bi no, nnipa pii a wɔkae sɛ wɔyɛ Kristofo no benyaa su bi te sɛ Yudafo akannifo no de no. Eyinom a wɔfrɛɛ wɔn ho Kristofo no nyaa Ɔman no ahoɔden ne ne tumi mu gyidi, na wɔde wɔn ho hyɛɛ n’akodi ahorow mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha a ɛto so 11 mu no, bere a na asɔre no aboaboa akwasampafo akofofo ano ayɛ wɔn militia Christi, anaa Kristofo asraafo no, “trenee akodi ho asodi a na ɛda wiase tumidi horow a na ɛwɔ Kristoman mu so no ba bɛdaa asɔre no so mmom, esiane n’ananmusifo Kuw Kristofo asraafo no nti.” (The Oxford History of Christianity) Kyerɛwtohɔ no de ka ho sɛ nsɛm bi a pope no kae no maa mmeamudua ho akodifo no mu fã kɛse no gye dii sɛ, sɛ wɔde wɔn ho hyɛ mmeamudua ho akodi mu a, na ɛkyerɛ sɛ “wɔne Onyankopɔn ayɛ apam, ɛbɛma wɔanya trabea wɔ Paradise.”

Ebinom bɛka sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ wobedi nokware ama Yesu na bere koro no ara mu no wɔde wɔn ho ahyɛ amammuisɛm, ne ɔman no akodi mu. Ebia wɔbɛte nka sɛ ɛyɛ Kristoni asɛde sɛ ɔko tia bɔne wɔ baabiara a ɛwɔ, na nea ɛka eyi ho ne sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ akodi mu bere a ɛho abehia. Nanso so na Kristofo a wodi kan no wɔ adwene a ɛte saa?

Asɛm bi a ɛwɔ The Christian Century nsɛmma nhoma no mu ka sɛ: “Tete Kristofo no amfa wɔn ho anhyɛ sraadi mu.” Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ, ɛde besi afe du a ɛne 170-180 Y.B. mu no, adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyɛɛ sraadi mu. Afei ɛde ka ho sɛ: “Ko a Kristofo ko tiaa akodi no gyaee nkakrankakra.”

Dɛn na afi mu aba? The Christian Century asɛm no ka sɛ: “Gyama biribiara nni hɔ a agu Kristosom anim ase akyɛn gyinabea koro a ɛne wɔn a wɔnyɛ Kristofo apaw wɔ akodi mu no. Gye a Kristofo gye wɔn Agyenkwa a ne ho dwo no tom, na bere koro no ara wɔde anigye boa nyamesom anaa ɔman akodi no asɛe gyidi no kɛse.”

Tete Kristofo no a Wosuasua Wɔn Nnɛ

So Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asuasua tete Kristofo nhwɛso a ɛkyɛn so no? Afeha yi mu Yehowa Adansefo ada no adi sɛ ɛte saa. Bere a ɔreka wɔn ho asɛm no, Holocaust Educational Digest nhoma no samufo kae sɛ: “Yehowa Ɔdansefo biara nni hɔ a ɔbɛkɔ ko da. . . . Sɛ na obiara a odi tumi wɔ wiase no wɔ gyidi a ɛte saa a, anka [Wiase Ko II] amma.”

Wobetumi aka ɔman ko horow a wɔako no nnansa yi, te sɛ nea ɛsɔree wɔ Ireland Atifi fam no ho asɛm saa ara. Mfe bi a atwam no, na Yehowa Adansefo no mu biako reka asɛm wɔ afie afie wɔ beae bi a Protestantfo wɔ wɔ Belfast kurow mu. Bere a ofiewura bi huu sɛ kan no na Ɔdansefo no yɛ Katolekni no, obisae sɛ: “Bere a na woyɛ Katolekni no, so woboaa IRA (Ireland Adehyeman Asraafo Kuw) no?” Ɔdansefo no hui sɛ ɔbarima no betumi ayɛ basabasa efisɛ na wɔde no ato afiase a woyii no nkyɛe, bere a wohuu no sɛ okura otuo rekɔ akokum Katolekni bi no. Enti Ɔdansefo no buae sɛ: “Mprempren menyɛ Katolekni. Meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Sɛ́ nokware Kristoni no, merenkum obiara mma aban anaa onipa biara.” Ɛno maa ofiewura no kyiaa ne nsam kae sɛ: “Awudi nyinaa yɛ bɔne. Mo na moreyɛ adwuma pa. Monkɔ so.”

Nea Gyidi a Yebenya Wɔ Yesu Din Mu no Kyerɛ

Nanso, gyidi a yebenya wɔ Yesu mu no kyerɛ pii sen akodi a yɛbɛtwe yɛn ho afi ho kɛkɛ. Ɛkyerɛ Kristo ahyɛde nyinaa a yebedi so. Efisɛ Yesu kae sɛ: “Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo,” na n’ahyɛde no mu biako ne sɛ ‘yɛnnodɔ yɛn ho.’ (Yohane 15:14, 17) Ɔdɔ hwehwɛ sɛ ɛbɛyɛ afoforo papa. Eyi mmusua, nyamesom, ne asetra mu nyiyim nyinaa fi hɔ. Yesu yɛɛ eyi ho nhwɛso.

Ná Yesu bere so Yudafo no wɔ Samariafo ho adwemmɔne. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yesu ne Samariani bea bi kasae, ne saa nti, ɔbea no ne afoforo pii gyee no dii. (Yohane 4:39) Yesu kae nso sɛ n’asuafo bɛyɛ n’adansefo “Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.” (Asomafo no Nnwuma 1:8) Ɛnyɛ Yudafo no nkutoo na na ne nkwagye asɛm no wɔ hɔ ma wɔn. Enti, wɔhyɛɛ Petro sɛ ɔnkɔsra Roma asraafo ha so panyin Kornelio. Ɛwom sɛ na mmara mma ho kwan sɛ Yudani bɛkɔ akɔsra obi a ofi abusua foforo mu de, nanso Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ Petro sɛ ‘ɔmmfrɛ onipa bi sɛ ɔmfra anaasɛ ne ho ntew.’—Asomafo no Nnwuma 10:28.

Bere a wosuasua Yesu no, Yehowa Adansefo fi ɔpɛ mu boa nnipa nyinaa—ɛmfa ho abusua a wofi mu, ɔsom a wɔwɔ mu, anaa wɔn sikasɛm tebea—ma wosua nkwagye a ɛnam Yesu din mu ba ho ade. Gyidi a wɔwɔ wɔ Yesu din mu no kanyan wɔn ma ‘wɔde wɔn ano pae mu ka no baguam sɛ Yesu ne Awurade.’ (Romafo 10:8, 9) Yɛhyɛ wo nkuran sɛ gye mmoa a wɔde ma no tom sɛnea ɛbɛyɛ a wo nso wubetumi akyerɛ Yesu din no mu gyidi.

Nokwarem no ɛsɛ sɛ Yesu din no kanyan yɛn nkate ma yedi no ni, kyerɛ obu ma no, na yetie no. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Yesu din mu na ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa nkotow, na tɛkrɛma nyinaa mpaem nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade mma agya Onyankopɔn anuonyam.” (Filipifo 2:10, 11) Ɛwom mpo sɛ asase sofo mu fã kɛse no ara rempɛ sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ Yesu tumidi ase de, nanso Bible no kyerɛ sɛ bere a aka no sua a sɛ nnipa nyinaa anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wɔn. (2 Tesalonikafo 1:6-9) Saa nti, mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Yesu din no mu gyidi denam n’ahyɛde nyinaa a yebedi so no so.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wunya nsɛm foforo a ɛfa ho a, hwɛ nhomawa The Divine Name That Will Endure Forever, a Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania tintimii wɔ 1984 mu no nkratafa 28-31.

[Kratafa 6 mfonini]

Nnipa ɔpepem pii akunkum nnipa anaa wɔawuwu wɔ Yesu din mu

[Kratafa 7 mfonini]

Yesu amfa mmusua ho adwemmɔne anhyɛ ne mu. Wo nso ɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena