ADESUA ASƐM 23
DWOM 2 Wo Din Ne Yehowa
Yehowa Din—Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Ɛsom Bo Ma Yɛn
“Yehowa asɛm ni: ‘Mone m’adansefo.’”—YES. 43:10.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Nea yebetumi ayɛ de atew Yehowa din ho.
1-2. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa din no ho hia Yesu paa?
YEHOWA din ho hia Yesu paa. Ɔno paa ne obi a wama nkurɔfo ahu n’Agya din. Sɛnea yehui wɔ adesua a edi wei anim mu no, na Yesu ayɛ krado sɛ obewu de atew Yehowa din ho. (Mar. 14:36; Heb. 10:7-9) Yesu Mfirihyia Apem Nniso no ba awiei a, obefi ne pɛ mu de tumi biara a ɔwɔ asan ama Yehowa de ahyɛ Yehowa din anuonyam. (1 Kor. 15:26-28) Afei nso, sɛnea Onyankopɔn din da Yesu koma so no, ɛma yehu paa sɛ Yesu dɔ n’Agya papaapa.
2 Yesu baa asaase so sɛ n’Agya nanmusini. (Yoh. 5:43; 12:13) Ɔmaa n’akyidifo huu n’Agya din. (Yoh. 17:6, 26) Ɔkyerɛkyerɛe wɔ Yehowa din mu, na ɔde edin no nso yɛɛ anwanwade pii. (Yoh. 10:25) Nokwasɛm ne sɛ, Yesu srɛɛ Yehowa sɛ ‘ɔno ara ne din nti,’ ɔnhwɛ n’akyidifo no so. (Yoh. 17:11) Wei ma yehu pefee sɛ Yehowa din no da Yesu koma so. Ɛnde, sɛ obi ka sɛ ɔyɛ Kristo kyidini nanso onnim Onyankopɔn din a, wohwɛ a ɛtɔ asom?
3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
3 Esiane sɛ yɛyɛ Kristofo a yedi Yesu anammɔn akyi nti, n’Agya din no som bo ma yɛn. (1 Pet. 2:21) Adesua yi mu no, wɔn a wɔreka “Ahenni no ho asɛmpa” no, yɛbɛhwɛ nea enti a Yehowa de ne din ato wɔn so. (Mat. 24:14) Afei nso, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ma Yehowa din no som bo ma no paa.
“OYII NNIPA BI . . . DE NE DIN TOO WƆN SO”
4. (a) Ansa na Yesu resan akɔ soro no, adwuma bɛn na ɔkaa sɛ n’asuafo no nyɛ? (b) Saa adwuma yi nti, asɛmmisa bɛn na ɛsɔre?
4 Aka kakraa bi ma Yesu asan akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ honhom kronkron no ba mo so a, mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asaase ano noho.” (Aso. 1:8) Enti na ɛnyɛ Israel nko ara na wɔbɛka asɛmpa no; ná wɔbɛka no wɔ baabiara. Awiei koraa no, na nnipa a ɛwɔ wiase baabiara benya hokwan abɛyɛ Yesu akyidifo. (Mat. 28:19, 20) Nanso Yesu kaa sɛ: “Mobɛyɛ m’adansefo.” Wohwɛ a, na saa asuafo foforo yi bedi Yesu nko ara ho adanse anaa na ebehia sɛ wɔhu Yehowa din nso? Nsɛm a esisii a wɔaka ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma ti 15 no boa yɛn ma yenya saa asɛmmisa no ho mmuae.
5. Asomafo ne mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem no, asɛm bɛn na wɔkae a ɛkyerɛ sɛ ehia sɛ nnipa nyinaa hu Yehowa din? (Hwɛ mfoni no nso.)
5 Afe 49 no, asomafo ne mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem no hyiae. Amanaman mufo a wɔntwaa twetia no, nea na ehia sɛ wɔyɛ ansa na wɔatumi abɛyɛ Kristofo no, ɛno na na wɔrebesusuw ho. Bere a wɔsusuw asɛm no ho wiei no, Yesu nua Yakobo kaa sɛ: “[Petro] aka no pefee ama yɛahu sɛnea Onyankopɔn dan n’ani kɔɔ amanaman no so bere a edi kan na oyii nnipa bi fii wɔn mu de ne din too wɔn so no.” Hena din na na Yakobo reka ho asɛm? Ɔfaa odiyifo Amos nhoma no mu asɛm kaa sɛ: “Sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a aka no ne amanaman mufo nyinaa, nnipa a me din da wɔn so no, bɛhwehwɛ Yehowa denneennen, Yehowa . . . asɛm ni.” (Aso. 15:14-18) Ɛnyɛ sɛ na saa asuafo foforo no besua Yehowa ho ade kɛkɛ, na mmom na ‘ɔde ne din nso bɛto wɔn so.’ Wei kyerɛ sɛ na wɔbɛma nkurɔfo ahu Onyankopɔn din, na obiara ahu sɛ wɔyɛ n’adansefo.
Nhyiam bi a akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no yɛe no, wɔhui pefee sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ nnipa a Onyankopɔn din da wɔn so (Hwɛ nkyekyɛm 5)
6-7. (a) Adɛn nti na Yesu baa asaase so? (b) Dɛn ne ade foforo a ɛho hia sen biara nti a Yesu baa asaase so?
6 Yesu din no kyerɛ “Yehowa ne nkwagye,” na wɔn a wɔbegye Yehowa ne Yesu adi no, Yehowa nam no so begye wɔn nkwa. Yesu baa asaase so de ne nkwa bɛtoo hɔ maa nnipa. (Mat. 20:28) Agyede no a Yesu tuae no, ebuee kwan maa adasamma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi anya nkwa na wɔatena ase afebɔɔ.—Yoh. 3:16.
7 Nanso, adɛn nti na na adasamma hia ogye? Nea esii wɔ Eden turom hɔ ntia. Sɛnea yɛadi kan aka wɔ adesua a edi wei anim mu no, yɛn awofo a wɔdi kan, Adam ne Hawa tew Yehowa so atua. Ɛno nti, hokwan a anka wɔde bɛtena ase daa no bɔɔ wɔn. (Gen. 3:6, 24) Nanso, biribi foforo a ɛho hia koraa sen adasamma nkwagye nti na Yesu baa asaase so. Ná Satan akeka atosɛm de asɛe Yehowa din. (Gen. 3:4, 5) Enti na ehia sɛ Yehowa din ho tew. Ná Yesu nim sɛ, sɛ Yehowa din ho tew a, ɛbɛma Adam ne Hawa asefo anya nkwagye. Esiane sɛ na Yesu yɛ Yehowa nanmusini na Yehowa din da no so nti, ɔno paa na na obetumi ama Yehowa din ho atew.
Sɛ obi ka sɛ ɔyɛ Yesu kyidini nanso onnim Onyankopɔn din a, wohwɛ a ɛtɔ asom?
8. Wɔn a na wɔbegye Yesu adi nyinaa, dɛn na na ɛsɛ sɛ wɔhu?
8 Yudafo ne Amanaman mufo a na wɔbegye Yesu adi nyinaa, na ɛsɛ sɛ wɔhu sɛ Yesu Agya Yehowa Nyankopɔn na obetumi ama wɔn nkwagye. (Yoh. 17:3) Afei nso, sɛnea Yehowa din da Yesu so no, wɔn nso, na Yehowa de ne din bɛto wɔn so. Ná ɛsɛ sɛ wɔhu nso sɛ Yehowa din a ɛho bɛtew no ho hia paa. Ɛno na na ɛbɛma wɔanya nkwa. (Aso. 2:21, 22) Enti, na ehia sɛ Yesu akyidifo nyinaa sua Yehowa ne Yesu ho ade. Wei ma yehu nea enti a Yesu kaa asɛm a edi so yi de wiee ne mpaebɔ a ɛwɔ Yohane 17 no: “Mama wɔahu wo din na mɛma wɔahu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdɔ a wode dɔɔ me no bɛtena wɔn mu, na me ne wɔn ayɛ baako.”—Yoh. 17:26.
“MONE M’ADANSEFO”
9. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ Yehowa din ho hia yɛn?
9 Ɛnde, ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo anokwafo nyinaa ma Yehowa din ho tew. (Mat. 6:9, 10) Ɛsɛ sɛ wɔma Yehowa din ho hia wɔn sen edin biara. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nneyɛe kyerɛ sɛ edin no ho hia wɔn. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn aboa ma Yehowa din no ho atew, na yɛama ada adi sɛ nsɛm a Satan kekae no nyinaa yɛ atoro?
10. Sɛnkyerɛnne kwan so asɛnnibea a Yesaia ti 42 kosi 44 ka ho asɛm no, asɛm bɛn na wɔredi wɔ hɔ? (Yesaia 43:9; 44:7-9) (Hwɛ mfoni no nso.)
10 Asɛm a ɛwɔ Yesaia ti 42 kosi 44 no ma yehu sɛ ɛho hia sɛ yɛboa ma Yehowa din ho tew. Saa ti ahorow no ma yehu sɛ, wɔredi asɛm bi wɔ sɛnkyerɛnne kwan so asɛnnibea bi. Yehowa ka kyerɛɛ amanaman no anyame sɛ, sɛ wɔyɛ anyame ampa a, wɔnkyerɛ. Afei nso, Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn adansefo mmra mmɛkyerɛ sɛ wɔn anyame no yɛ anyame ampa. Nanso wɔannya bi.—Kenkan Yesaia 43:9; 44:7-9.
Yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe nyinaa kyerɛ sɛ yedi Yehowa ho adanse wɔ sɛnkyerɛnne kwan so asɛnnibea bi (Hwɛ nkyekyɛm 10-11)
11. Sɛnea Yesaia 43:10-12 ma yehu no, asɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛ ne nkurɔfo?
11 Kenkan Yesaia 43:10-12. Yehowa ka kyerɛ ne nkurɔfo sɛ: “Mone m’adansefo, na mene Onyankopɔn.” Yehowa pɛ sɛ wɔbua saa asɛmmisa yi: “Onyankopɔn bi wɔ hɔ ka me ho anaa?” (Yes. 44:8) Yɛanya hokwan sɛ yebebua saa asɛm no. Yɛnam yɛn kasa ne yɛn nneyɛe so di adanse sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro pɛ no. Ne din no yɛ kɛse sen edin biara. Ɛmfa ho ɔhaw biara a Satan de bɛba yɛn so no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn abrabɔ kyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa paa na yedi nokware ma no. Yɛyɛ saa a, na yɛreboa ama ne din ho atew.
12. Sɛn na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 40:3, 5 no baa mu?
12 Sɛ yɛtew Yehowa din ho a, na yɛresuasua Yesu Kristo. Yesaia hyɛɛ nkɔm nso sɛ obi bedi kan ‘asiesie Yehowa kwan.’ (Yes. 40:3) Sɛn na saa nkɔmhyɛ no baa mu? Osuboni Yohane siesiee kwan mu maa Yesu efisɛ Yesu bae wɔ Yehowa din mu, na ɔkasa maa Yehowa. (Mat. 3:3; Mar. 1:2-4; Luka 3:3-6) Nkɔmhyɛ koro no ara kaa sɛ: “Wobeyi Yehowa anuonyam adi.” (Yes. 40:5) Ɛbaa mu sɛn? Bere a Yesu baa asaase so no, osuasuaa Yehowa ara ma, sɛ wuhu no a anhwɛ a wobɛka sɛ ɛyɛ Yehowa ankasa.—Yoh. 12:45.
13. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu?
13 Yɛn nso, yɛyɛ Yehowa Adansefo te sɛ Yesu. Esiane sɛ Yehowa din da yɛn so nti, obiara a yebehyia no no, yɛka nneɛma a Yehowa ayɛ, ne ne su ahorow a ɛyɛ fɛ no ho asɛm kyerɛ no. Sɛ yebetumi adi Yehowa ho adanse yiye a, nea Yesu nso ayɛ de atew Yehowa din ho no, ɛsɛ sɛ yɛma afoforo hu. (Aso. 1:8) Yesu dii Yehowa ho adanse sen obiara, enti yesuasua no. (Adi. 1:5) Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ de kyerɛ sɛ Yehowa din no som bo ma no?
SƐNEA YEHOWA DIN NO SOM BO MA YƐN
14. Sɛnea Dwom 105:3 kyerɛ no, sɛn na yɛte nka wɔ Yehowa din no ho?
14 Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa din da yɛn so. (Kenkan Dwom 105:3.) Sɛ Yehowa hu sɛ yɛde ne din no rehoahoa yɛn ho a, ɛma n’ani gye paa. (Yer. 9:23, 24; 1 Kor. 1:31; 2 Kor. 10:17) Sɛ ‘yɛhoahoa yɛn ho Yehowa mu’ a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani gye ho sɛ Yehowa ne yɛn Nyankopɔn. Yebu no sɛ ɛyɛ hokwan na yɛanya sɛ yɛbɛtew ne din ho na yɛama nkurɔfo ahu sɛ nea ɔyɛ biara tene. Ɛnsɛ sɛ yɛfɛre da sɛ yɛbɛma yɛn adwumamfo, yɛn sukuufo, yɛn afipamfo ne afoforo ahu sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo! Yehowa din a yɛka ho asɛm kyerɛ afoforo no, Ɔbonsam pɛ sɛ yegyae. (Yer. 11:21; Adi. 12:17) Nokwasɛm ne sɛ, Satan ne atoro adiyifo no pɛ sɛ nkurɔfo werɛ fi Yehowa din. (Yer. 23:26, 27) Nanso esiane sɛ Yehowa din da yɛn koma so nti, ɛma yedi ahurusi, na yeyi no ayɛ “daa nyinaa.”—Dw. 5:11; 89:16.
15. Sɛ Bible ka sɛ yɛmmɔ Yehowa din mfrɛ no a, ɛkyerɛ sɛn?
15 Yɛkɔ so bɔ Yehowa din frɛ no. (Yoel 2:32; Rom. 10:13, 14) Bɔ a yɛbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ yebehu din no kɛkɛ. Mmom nea ɛkyerɛ ne sɛ yebehu sɛnea Onyankopɔn te ankasa, yɛde yɛn werɛ bɛhyɛ ne mu, na yɛahwehwɛ mmoa ne akwankyerɛ afi ne hɔ. (Dw. 20:7; 99:6; 116:4; 145:18) Afei nso, yɛka ne din ne ne suban ho asɛm kyerɛ afoforo. Yɛhyɛ wɔn nkuran nso sɛ wɔnsakra wɔn adwene na wɔmmɛsom Yehowa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya nkwa.—Yes. 12:4; Aso. 2:21, 38.
16. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ Satan yɛ ɔtorofo?
16 Yehowa din nti, sɛ ɛsɛ sɛ yehu amane a, yɛayɛ krado sɛ yɛbɛyɛ saa. (Yak. 5:10, 11) Sɛ yehu amane na yɛkɔ so ara di nokware ma Yehowa a, yɛma ɛda adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo. Hiob bere so no, Satan bɔɔ Yehowa asomfo sobo sɛ: “Nea onipa wɔ nyinaa, ɔde bɛma de apere ne nkwa.” (Hiob 2:4) Ná Satan repɛ akyerɛ sɛ, sɛ nneɛma kɔ yiye ma nnipa nko ara de a, wɔbɛsom Yehowa. Nanso sɛ wɔhyia sɔhwɛ a, wɔbegyae Yehowa som. Hiob dii nokware de kyerɛe sɛ, Satan sobo no nyɛ nokware. Yɛn nso, yɛanya hokwan a yɛde bɛkyerɛ sɛ, ɛmfa ho ɔhaw biara a Satan de bɛba yɛn so no, yɛrennyae Yehowa som da. Yebetumi anya Yehowa mu awerɛhyem paa sɛ, ne din nti ɔbɛhwɛ yɛn so.—Yoh. 17:11.
17. Sɛnea 1 Petro 2:12 ma yehu no, dɛn bio na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛrehyɛ Yehowa din anuonyam?
17 Yeyi Yehowa din ayɛ. (Mmeb. 30:9; Yer. 7:8-11) Esiane sɛ Yehowa din da yɛn so nti, sɛnea yɛbɔ yɛn bra no betumi ahyɛ ne din anuonyam anaa agu ho fi. (Kenkan 1 Petro 2:12.) Enti yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de yɛn kasa ne yɛn abrabɔ yi Yehowa ayɛ. Yɛyɛ saa a, bere a bɔne ne sintɔ wɔ yɛn ho yi mpo, yebetumi ahyɛ Yehowa din anuonyam.
18. Ɔkwan foforo bɛn na yebetumi afa so akyerɛ sɛ Yehowa din no som bo ma yɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)
18 Yehowa din ho hia yɛn paa sen adwene a nkurɔfo wɔ wɔ yɛn ho. (Dw. 138:2) Adɛn nti na wei ho hia yɛn paa saa? Esiane sɛ Yehowa din da yɛn koma so nti, yɛyɛ nneɛma a ɛsɔ n’ani. Wei betumi ama nkurɔfo akasa atia yɛn.a Nkurɔfo buu Yesu sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo, wɔbuu no animtiaa na wɔkum no yayaayaw. Nanso na wayɛ krado sɛ obewu saa animguase wu no de ahyɛ Yehowa din anuonyam. “Obuu n’ani guu aniwu so,” kyerɛ sɛ, adwene a na nkurɔfo wɔ wɔ ne ho no, wamma ɛno anhaw no anaa wamfa n’adwene ankɔ so. (Heb. 12:2-4) Nea na ehia no paa ne sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde.—Mat. 26:39.
19. Wote nka sɛn wɔ Yehowa din ho, na adɛn ntia?
19 Ɛyɛ yɛn ahohoahoa sɛ Yehowa din da yɛn so, na ɛyɛ hokwan kɛse na yɛanya sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Wei nti, sɛ nkurɔfo tan yɛn ani sɛ dɛn mpo a, yɛayɛ krado sɛ yɛbɛkɔ so ayi Yehowa ayɛ. Yehowa din no ho hia yɛn paa sen adwene a nkurɔfo wɔ wɔ yɛn ho mpo. Enti momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ayi Yehowa din no ayɛ ɛmfa ho nea Satan de bɛba yɛn so biara. Yɛyɛ saa a, yɛbɛma ada adi sɛ Yehowa din no som bo ma yɛn te sɛ nea ɛsom bo ma Yesu Kristo no.
DWOM 10 Kamfo Yɛn Nyankopɔn Yehowa!
a Hiob a na ɔyɛ ɔnokwafo no mpo, bere a ne nnamfo mmiɛnsa no kasa tiaa no no, ɛhaw no paa. Mfiase no, bere a Hiob mma wuwui na ɔhweree n’agyapade nyinaa no, ‘wanyɛ bɔne, na wammɔ Onyankopɔn sobo sɛ wayɛ ade bɔne.’ (Hiob 1:22; 2:10) Nanso bere a ne nnamfo no bɔɔ no sobo sɛ wayɛ bɔne bi no, ‘ɔkasaa hatuhatu.’ Adwene a na nkurɔfo wɔ wɔ ne ho no, na ɛho hia no sen sɛ ɔbɛma Onyankopɔn din ho atew.—Hiob 6:3; 13:4, 5; 32:2; 34:5.