ADESUA ASƐM 22
DWOM 15 Kamfo Yehowa Abakan No!
Yehowa Din No—Sɛnea Ɛsom Bo Ma Yesu
“Mama wɔahu wo din na mɛma wɔahu.”—YOH. 17:26.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Sɛnea Yesu maa afoforo huu Yehowa din ne sɛnea ɔtew Yehowa din ho.
1-2. (a) Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, dɛn na ɔyɛe? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
YAWDA, Nisan 14, afe 33 no, Yesu ne n’asomafo anokwafo no dii Awurade Anwummere Aduan no wɔ abansoro dan bi mu. Ná onim sɛ ɛrenkyɛ Yuda beyi no ama atamfo ma wɔayɛ no ayayade na wɔakum no. Wɔdidi wiei no, Yesu kaa nkuranhyɛsɛm bi kyerɛɛ n’asomafo no. Ansa na wɔrefi dan no mu no, Yesu bɔɔ mpae titiriw bi. Ɔsomafo Yohane kyerɛw saa mpae no too hɔ; yebehu wɔ Yohane ti 17.
2 Ɔkwan bɛn so na Yesu mpaebɔ no ma yehu nea na ɛho asɛm haw no saa bere no? Sɛn na ne mpaebɔ no ma yehu nea na ehia no bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no? Momma yɛnhwɛ nsɛmmisa yi ho mmuae.
“MAMA WƆAHU WO DIN”
3. Dɛn na Yesu ka faa Yehowa din ho, na dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ? (Yohane 17:6, 26)
3 Yesu mpaebɔ no mu no, ɔkaa sɛ: “Mama wɔahu wo din.” Nokwasɛm ne sɛ, ɔkaa no mprenu sɛ wama n’asuafo no ahu Yehowa din. (Kenkan Yohane 17:6, 26.) Dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ? Wohwɛ a na n’asuafo no nnim sɛ Onyankopɔn din de Yehowa anaa? Ná Yesu asuafo no yɛ Yudafo, enti na wɔnim dedaw sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. Ná saa din no pue wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu mpempem pii. Enti ɛnyɛ sɛ na Yesu rekyerɛ n’asuafo no sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. Mmom esiane sɛ na Yesu nim Yehowa sen obiara nti, ɔkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn ko a Yehowa yɛ. Ɔboaa n’asuafo no ma wɔhuu Yehowa yiye; ɔma wɔhuu n’atirimpɔw, ne nnwuma, ne ne su ahorow.
4-5. (a) Sɛ yɛka sɛ woabehu obi yiye a, mfatoho bɛn na wubetumi de akyerɛkyerɛ mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu asuafo no behuu Yehowa yiye?
4 Fa no sɛ w’asafo mu panyin bi a ne din de David yɛ dɔktani. Wo ne no abɔ akyɛ. Wei na da koro, yare bi bɔɔ wo putupuru. Ɛhɔ ara na wɔyɛɛ ntɛm de wo kɔɔ ayaresabea a onua no yɛ adwuma wɔ hɔ no, na ɔde nimdeɛ a ɔwɔ no hwɛɛ wo maa wo ho tɔɔ wo. Efi saa bere no rekɔ no, sɛ wuhu David a, wobɛte nka sɛn? Worenhu no sɛ asafo mu panyin bi a wunim no kɛkɛ. Mmom wubenya ɔdɔ soronko bi ama no, efisɛ bere a wo ne owu bɔɔ mpunimpu no, ɔno na ogyee wo nkwa.
5 Yesu asuafo no nso, na wɔnim Yehowa din no dedaw. Nanso bere a Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn ma wɔhuu Yehowa yiye no, wɔbehuu nea Yehowa din no kyerɛ paa. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Efisɛ, biribiara a Yesu kae ne nea ɔyɛe no, osuasuaa n’Agya pɛpɛɛpɛ. Enti bere a asomafo no tiee sɛnea Yesu kyerɛkyerɛ na wɔhwɛɛ sɛnea ɔne nnipa di no, ɛma ‘wɔbehuu’ Yehowa yiye.—Yoh. 14:9; 17:3.
“WO ARA WO DIN A WODE AMA ME”
6. Bere a Yesu kaa sɛ Yehowa de ne din ama no no, na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛn? (Yohane 17:11, 12)
6 Yesu mpaebɔ no mu no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Wo ara wo din a wode ama me nti, hwɛ wɔn so.” (Kenkan Yohane 17:11, 12.) Wohwɛ a na wei kyerɛ sɛ yɛbɛfrɛ Yesu Yehowa anaa? Daabi. Hyɛ no nsow sɛ Yesu mpaebɔ no mu no, wanka sɛ edin Yehowa no abɛyɛ ne dea. Mmom ɔkaa sɛ ɛyɛ ‘Yehowa no ara dea.’ Ɛnde bere a Yesu kaa sɛ Onyankopɔn de ne din ama no no, na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛn? Nea edi kan, na Yesu yɛ Yehowa nanmusini ne ne Kasamafo. N’Agya din mu na ɔbae, na ɔde edin no yɛɛ anwanwade pii. (Yoh. 5:43; 10:25) Bio nso, edin Yesu no kyerɛ “Yehowa Ne Nkwagye.” Enti Yehowa din ne Yesu din no wɔ abusuabɔ.
7. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ Yesu kasae wɔ Yehowa din mu? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.
7 Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔhene bi nanmusini tumi gyina ɔhene no ananmu kasa ma no. Enti sɛ ɔhene no nanmusini no kasa a, ɛte sɛ nea ɔhene no ankasa na akasa. Yesu nso, na ɔyɛ Yehowa nanmusini, enti ɔkasae wɔ Yehowa din mu.—Mat. 21:9; Luka 13:35.
8. Ansa na Yesu reba asaase so no, adɛn nti na Yehowa kaa sɛ ne din “da no so”? (Exodus 23:20, 21)
8 Bible frɛ Yesu “Asɛm no,” efisɛ Yehowa fa no so de akwankyerɛ ma abɔfo ne nnipa. (Yoh. 1:1-3) Bere a na Israelfo no nam sare so no, ɔbɔfo a Yehowa somaa no sɛ onkodi wɔn anim no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ Yesu. Bere a Yehowa reka akyerɛ Israelfo no sɛ wɔntie saa ɔbɔfo no, ɔkaa sɛ: “Efisɛ me din da no so.”a (Kenkan Exodus 23:20, 21.) Ná Yehowa din da Yesu so, efisɛ na ɔyɛ Yehowa nanmusini. Afei nso, ɔno paa ne obi a ɔtew n’Agya din ho.
“AGYA, HYƐ WO DIN ANUONYAM”
9. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yehowa din no ho hia Yesu paa?
9 Sɛnea yɛadi kan ahu no, ansa na Yesu reba asaase so mpo, na Yehowa din ho hia no sen biribiara. Enti bere a ɔbaa asaase so no, biribiara a ɔyɛe daa no adi sɛ Yehowa din da ne koma so. Aka kakra ma Yesu awie ne som adwuma no, ɔkaa sɛ: “Agya, hyɛ wo din anuonyam.” Ɛhɔ ara na n’Agya nso de nne kɛse buae sɛ: “Mahyɛ no anuonyam, na mɛsan ahyɛ no anuonyam bio.”—Yoh. 12:28.
10-11. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu hyɛɛ Yehowa din anuonyam? (Hwɛ mfoni no nso.) (b) Adɛn nti na ehia sɛ Yehowa din ho tew?
10 Yesu nso hyɛɛ n’Agya din anuonyam. Ɔyɛɛ no sɛn? Ɔkwan baako a ɔfaa so yɛɛ saa ne sɛ, n’Agya su ahorow a ɛyɛ fɛ ne nneɛma a ɔyɛ de boa afoforo no, ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara na ɔyɛe de hyɛɛ Yehowa din anuonyam. Ná ehia sɛ Yehowa din ho tew.b Mpae a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ no, ɛma yehu sɛ Yehowa din a ɛho bɛtew no ho hia paa. Ɔkaa sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.”—Mat. 6:9.
11 Adɛn nti na ehia sɛ Yehowa din ho tew? Efisɛ Eden turom hɔ no, Satan Ɔbonsam twaa atoro too Yehowa Nyankopɔn so de sɛee ne din. Satan kyerɛe sɛ Yehowa yɛ ɔtorofo, na ɔde nneɛma pa rekame Adam ne Hawa. (Gen. 3:1-5) Satan san kyerɛe sɛ sɛnea Yehowa di nnipa so no nyɛ papa. Atosɛm a Satan ka faa Yehowa ho no, ɛsɛee Yehowa din. Akyiri yi, Hiob bere so no, Satan kaa sɛ nea nnipa benya afi Yehowa hɔ ara nti na wɔsom no. Ɔka kaa ho sɛ, obiara nni hɔ a ɔdɔ Yehowa ara ma sɛ ohyia sɔhwɛ a ɔbɛkɔ so asom no. (Hiob 1:9-11; 2:4) Sɛ Yehowa na ɔyɛ ɔtorofo oo, sɛ nso Satan oo, na ebegye bere ansa na yɛahu.
Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ Onyankopɔn din a ɛho bɛtew no ho hia paa (Hwɛ nkyekyɛm 10)
“MEDE ME NKWA TO HƆ”
12. Esiane sɛ na Yehowa din da Yesu koma so nti, dɛn na na wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ?
12 Esiane sɛ na Yesu dɔ Yehowa nti, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi nyinaa tew Yehowa din ho. Yesu kaa sɛ, “Mede me nkwa to hɔ.” (Yoh. 10:17, 18) Ná wayɛ krado mpo sɛ obewu de atew Yehowa din ho.c Bere a Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa no, na bɔne ne sintɔ biara nni wɔn ho. Nanso akyiri yi, wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden, na wɔkodii Satan akyi. Nanso Yesu de, na wayɛ krado sɛ ɔbɛba asaase so na ɔde n’abrabɔ akyerɛ sɛ ɔdɔ Yehowa. Enti bere a Yesu baa asaase so no, wanto Yehowa mmara da; otiee no wɔ biribiara mu. (Heb. 4:15; 5:7-10) N’asetena nyinaa mu no, odii Yehowa nokware, kosii sɛ owui yayaayaw wɔ asɛndua no so. (Heb. 12:2) Ɔnam saa kwan yi so kyerɛe sɛ ɔdɔ Yehowa, na ne din no da ne koma so.
13. Adɛn nti na Yesu paa na na obetumi ama ada adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo? (Hwɛ mfoni no nso.)
13 Sɛnea Yesu bɔɔ ne bra no, ɔmaa ɛdaa adi pefee sɛ Satan na ɔyɛ ɔtorofo na ɛnyɛ Yehowa! (Yoh. 8:44) Ná Yesu nim Yehowa sen onipa biara a na watena ase pɛn. Enti sobo a Satan bɔɔ Yehowa nyinaa, sɛ nokware bi wom a, anka Yesu behu. Nanso Yesu sii ne bo denneennen sɛ ɔbɛtew Yehowa din ho. Bere mpo a na ayɛ te sɛ nea Yehowa ayi n’ahobammɔ afi ne so no, na wayɛ krado sɛ obewu sen sɛ ɔbɛdan n’akyi akyerɛ n’Agya a ɔdɔ no no.—Mat. 27:46.d
Sɛnea Yesu bɔɔ ne bra no, ɔma ɛdaa adi pefee sɛ Satan na ɔyɛ ɔtorofo na ɛnyɛ Yehowa! (Hwɛ nkyekyɛm 13)
“ADWUMA A WODE AMA ME SƐ MENYƐ NO, MAYƐ AWIE”
14. Nokware a Yesu dii no, sɛn na Yehowa tuaa no ka?
14 Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, mpae a ɔbɔe no mu no, ɔkaa sɛ: “Adwuma a wode ama me sɛ menyɛ no, mayɛ awie.” Ná ogye di sɛ, ne nokwaredi nti Yehowa betua no ka, na Yehowa tuaa no ka nso ampa. (Yoh. 17:4, 5) Yehowa amma Yesu anka ɔdamoa mu. (Aso. 2:23, 24) Yehowa nyan Yesu na ɔmaa no dibea kɛse wɔ soro. (Filip. 2:8, 9) Akyiri yi, Yesu bɛyɛɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene. Dɛn na saa Ahenni no bɛyɛ? Mpae a Yesu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ no, ne fa bi ma yehu. Ɛka sɛ: “W’Ahenni mmra. [Yehowa apɛde] nyɛ hɔ wɔ asaase so te sɛ ɔsoro.”—Mat. 6:10.
15. Dɛn bio na Yesu bɛyɛ?
15 Yesu bɛko atia Onyankopɔn atamfo na wasɛe abɔnefo wɔ Armagedon nnansa yi ara. (Adi. 16:14, 16; 19:11-16) Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔbɛtow Satan ato “amoa donkudonku no” mu, na ɛbɛyɛ te sɛ nea wawu a ontumi nyɛ hwee. (Adi. 20:1-3) Yesu Mfirihyia Apem Nniso no mu no, ɔbɛma adasamma asan anya asomdwoe na wayi bɔne ne sintɔ afi nnipa ho. Obenyan awufo. Ɔbɛma asaase nyinaa adan paradise. Wei bɛma Yehowa atirimpɔw abam.—Adi. 21:1-4.
16. Mfirihyia Apem Nniso no ba awiei a, sɛn na asetena bɛyɛ?
16 Mfirihyia Apem Nniso no ba awiei a, sɛn na asetena bɛyɛ? Bɔne ne sintɔ a ɛwɔ nnipa ho betu ayera. Saa bere no, ɛho renhia sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔnhwɛ agyede no so mfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn bio. Yɛrenhia ntamgyinafo biara, na asɔfodi no nso bɛba awiei. Afei nso, ‘ɔtamfo a otwa to a ɛne owu’ no, ebedu saa bere no, na ‘watu n’ase.’ Adamoa nyinaa bɛda mpan, efisɛ ennu saa bere no, na wɔanyan awufo aba nkwa mu bio. Bɔne ne sintɔ befi obiara a ɔte asaase so ho.—1 Kor. 15:25, 26.
17-18. (a) Mfirihyia Apem Nniso no ba awiei a, dɛn na ebesi? (b) Sɛ Yesu adedi no ba awiei a, dɛn na ɔbɛyɛ? (1 Korintofo 15:24, 28) (Hwɛ mfoni no nso.)
17 Mfirihyia Apem Nniso no ba awiei a, dɛn bio na ebesi? Yehowa din a ɛho guu fi no, ɛho asɛm rensan nsɔre bio. Adɛn nti na yɛreka saa? Eden turom hɔ no, Satan kyerɛe sɛ Yehowa yɛ ɔtorofo, na onni nnipa so yiye. Efi saa bere no, obiara a wadi Yehowa ni na wasom no no aboa ma ne din ho atew, na wama ada adi sɛ ne tumidi na ɛyɛ papa paa. Enti Mfirihyia Apem Nniso no ba awiei a, Yehowa din ho bɛtew koraa. Ebedu saa bere no, na wama ada adi pefee sɛ ɔyɛ Agya a ɔdɔ ne mma.
18 Awiei koraa no, obiara behu sɛ sobo a Satan abɔ Yehowa nyinaa, baako koraa nyɛ nokware. Sɛ Yesu adedi no ba awiei a, dɛn na ɔbɛyɛ? Wohwɛ a, obesuasua Satan, na watew Yehowa so atua anaa? Daabi! (Kenkan 1 Korintofo 15:24, 28.) Yesu bɛsan de Ahenni no ama n’Agya. Ɔbɛbrɛ ne ho ase ahyɛ Yehowa tumidi ase. Esiane sɛ Yesu dɔ Yehowa na ɔnte sɛ Satan nti, wayɛ krado sɛ tumi biara a Yehowa de maa no no, ɔbɛsan de ama no.
Mfirihyia Apem Nniso no aba awiei, na Yesu de Ahenni no resan ama Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 18)
19. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa din no som bo ma Yesu?
19 Ɛnyɛ nwanwa sɛ Yehowa de ne din maa Yesu! Yesu akyerɛ paa sɛ ɔyɛ n’Agya nanmusini. Ɛnde, dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa din no som bo ma Yesu? Ɛho hia no sen biribi foforo biara. Ná wayɛ krado sɛ obewu de atew Yehowa din ho, na sɛ Mfirihyia Apem Nniso no ba awiei nso a, obefi ne pɛ mu de biribiara asan ama Yehowa. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu? Yebenya saa asɛmmisa no ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.
DWOM 16 Kamfo Yehowa, Ne Ba a Wasra no no Nti
a Ɛtɔ da a, na abɔfo nso tumi si Yehowa anan, efisɛ na ɔsoma wɔn ma wɔde nkra kɔma nnipa. Ɛno nti, sɛ yɛhwɛ Bible mu a, sɛ ɔbɔfo bi rekasa a, ɛtɔ da a na wɔtumi ka ne ho asɛm te sɛ nea Yehowa ankasa na ɔrekasa. (Gen. 18:1-33) Ɛwom sɛ Bible ka sɛ Yehowa na ɔde Mmara no maa Mose, nanso kyerɛwnsɛm afoforo nso ma yehu sɛ Yehowa nam abɔfo so na ɛde Mmara no mae.—Lev. 27:34; Aso. 7:38, 53; Gal. 3:19; Heb. 2:2-4.
b ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Sɛ yɛka sɛ “yɛretew” biribi ho a, nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛde nidi anaa obu kɛse ma ade ko no, na yebu no sɛ ɛyɛ kronkron. Afei nso, nea ɛkyerɛ ne sɛ, atosɛm a nkurɔfo akeka de asɛe obi din no, yɛbɛma afoforo ahu sɛ ɛnyɛ nokware.
c Yesu wu no nso buee kwan maa adasamma sɛ yebetumi anya daa nkwa.
d Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ April 2021 Ɔwɛn-Aban mu, kr. 30-31.