Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 11/15 kr. 8-9
  • Nea Yɛbɛyɛ De Aboa Afoforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Yɛbɛyɛ De Aboa Afoforo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Aboro Wɔn so Abegu Yɛn Hia Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • “Adwuma no Sõ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • “Nea Ohu Mmɔbɔ no Benya Nhyira”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • “Koma ne Ɔkra Koro” a Yɛde Bɛsom Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 11/15 kr. 8-9

Nea Yɛbɛyɛ De Aboa Afoforo

FRANÇOIS yɛ asafo mu panyin wɔ ɔman bi so. Ɔkae sɛ: “Bere bi wɔtow aba wɔ ɔman no mu ma ɛkɔfaa mente-me-ho-ase ne wontwiwontwi bae. Ɔman no mu yɛɛ bagyabagya, enti Yehowa Adansefo pii guan fii wɔn fie. Aduan ne nnuru kɔɔ atwee, na sɛ wunya bi mpo a, ɛbo a ɛda so nyɛ asɛm ketewa. Wɔtotoo sikakorabea mu; wuntumi nyi sika baabiara.”

Anuanom a wɔwɔ Betel tee no, wɔantena wɔn to so koraa. Wofii ase de sika ne nneɛma kɔmaa Adansefo a wɔafi wɔn fie akɔtena Ahenni Asa so wɔ ɔman no mu baabiara. Akuw a wɔreko no sisiw akwan, nanso Betel kar du hɔ a wɔma etwam efisɛ wonim sɛ Adansefo no mfa wɔn ho nhyɛ amanyɔsɛm mu.

François de kaa ho sɛ: “Bere bi a yɛnam kwan so rekɔ Ahenni Asa bi so no, nkurɔfo fii ase totoo atuo baa yɛn kar no mu nanso anka yɛn. Yehui sɛ ɔsraani bi a okura tuo de mmirika reba yɛn so, enti ɛhɔ ara na yɛdan yɛn ho kaa gya guu mu kɔɔ Betel. Yehowa na yɛda no ase sɛ yɛn ho anka. Ade kyee no, anuanom 130 a wɔwɔ Ahenni Asa no so kɔpɛɛ baabi bɔɔ wɔn ho aguaa. Ebinom bepuee Betel, na yɛhwɛɛ wɔn maa wɔn nea wohia kosii sɛ ntɔkwaw no to twae.”

François kae sɛ: “Akyiri yi anuanom pii kyerɛw nkrataa baa Betel de kyerɛe sɛ wɔn ani sɔ nea asafo no ayɛ ama wɔn no. Sɛ anuanom hwɛ sɛnea wɔn nuanom a wɔwɔ mmeae foforo yɛɛ wɔn mmoa a, wohu sɛ wode wo ho to Yehowa so a, wo nsa nsi fam da.”

Sɛ atoyerɛnkyɛm anaa basabasayɛ bi ma yɛn nuanom ho ka a, ɛnyɛ yɛn ano kɛkɛ na yɛde ka sɛ ‘wɔn ho nyɛ wɔn hyew na wɔmmee.’ (Yak. 2:15, 16) Mmom yɛyɛ nea yebetumi biara boa wɔn. Asomafo no bere so no, wɔtee sɛ ɔkɔm bi rebesi, enti “asuafo no nyinaa bɔɔ wɔn tirim sɛnea wɔn mu biara betumi, sɛ wɔde asetenade bɛkɔ akɔsom anuanom a wɔwɔ Yudea.”​—Aso. 11:28-30.

Sɛ obi kɔ ahokyere mu a, Yehowa asomfo yi wɔn yam boa no. Ɛtɔ da bi nso a, ehia sɛ yɛboa afoforo ma wɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. (Mat. 5:3) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmoa nkurɔfo ma wɔmmɛyɛ n’asuafo. Ná eyi bɛma nkurɔfo ani aba wɔn ho so na wɔahwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. (Mat. 28:19, 20) Yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden ne yɛn ahode yɛ saa adwuma yi. Ɛtɔ da bi a ahyehyɛde no de ntoboa a yeyi no bi boa wɔn a wɔn ho aka, nanso ade titiriw nti a yeyi ntoboa ne sɛ yɛde bɛboa ma Ahenni asɛmpaka adwuma no akɔ so. Eyi nyinaa kyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa.​—Mat. 22:37-39.

Sɛ obi yi ntoboa de boa adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ wɔ wiase nyinaa no a, yɛpɛ sɛ onya awerɛhyem sɛ yɛde ne ntoboa no bedi dwuma yiye. Wubetumi aboa wo nuanom a wɔakɔ ahokyere mu anaa? Wopɛ sɛ woboa ma asɛnka adwuma no kɔ so anaa? Sɛ saa a, ɛnde “mfa yiyeyɛ nkame wɔn a ɛsɛ wɔn, bere a wowɔ tumi a wode bɛyɛ.”​—Mmeb. 3:27.

ƆKWAN A EBINOM FA SO YI NTOBOA BOA WIASE NYINAA ADWUMA NO

Sɛnea na ɛte wɔ ɔsomafo Paulo bere so no, ɛnnɛ nnipa pii yi sika bi ‘sie’ anaa wotwa sika bi to hɔ de gu ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Wiase Nyinaa Adwuma” no mu.​—1 Kor. 16:2. Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi kɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wɔn man dwumadi so. W’ankasa nso betumi de ntoboa no akɔ Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana, Attention Accounts Department, P. O. Box GP 760, Accra, Ghana. Wopɛ nso a wubetumi de akɔ sikakorabea a edidi so yi: Watch Tower, Barclays Bank, Accra High Street Branch, Account number 048/2746365 anaa Watch Tower, Ghana Commercial Bank, Accra High Street Branch, Account number 1011130008990. Anaasɛ wubetumi de akɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ wo man mu.

Wubetumi de ntoboa a edidi so yi nso akɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ wo man mu.

  • AGYAPADE A WƆDE KYƐ KORAA

    • Sɛ obi pɛ sɛ ɔde check mena address a ɛwɔ atifi hɔ no a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ wontua mma “Watch Tower.”

    • Obi wɔ agude anaa agyapade a ɛsom bo bi a ɔpɛ sɛ ɔde ma a, obetumi ayɛ saa.

    • Kyerɛw krataa ka ho fa kyerɛ sɛ wode nneɛma no akyɛ koraa.

  • NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI

    • Obi betumi de sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana ma wɔde ayɛ wiase nyinaa adwuma no. Nanso sɛ ohia a, wɔbɛsan de ama no. Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, wo ne “Accounts Department” nni nkitaho.

    • Wubetumi de address a ɛwɔ ha no akyerɛw wɔn anaa wubetumi de telefon nɔma (030) 2712456 afrɛ wɔn.

  • ADƆE HO NHYEHYƐE

    Sika a wɔde yi ntoboa akyi no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi ntoboa de aboa Ahenni adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no. Ebi na edidi so yi:

    Nsiakyibaa (Insurance): Obi betumi ayɛ nhyehyɛe ma wɔatua ne nsiakyibaa sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana.

    Sika a Wɔde Sie wɔ Sikakorabea: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe de ne sika a ɛwɔ sikakorabea, anaa ne pɛnhyen sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana anaasɛ sɛ owu a wɔatua ama wɔn, sɛnea ne man mu sikakorabea nhyehyɛe te.

    Adwuma Mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Ebia obi wɔ kyɛfa wɔ adwumam anaa ɔde sika abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no. Ɔpɛ a obetumi de eyinom nyinaa ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana.

    Adan ne Nsase: Sɛ obi wɔ adan anaa nsase a yɛtɔn a ɛyɛ yiye a, obetumi de ama Yehowa Adansefo adwumayɛbea sɛ akyɛde koraa. Anaasɛ obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde fie a ɔte mu ama Yehowa Adansefo adwumayɛbea. Wo ne baa dwumadibea a ɛwɔ wo man mu nni nkitaho ansa na woayɛ nhyehyɛe a ɛte saa.

    Krataa a Obi Yɛ De Kyɛ N’agyapade: Obi betumi ayɛ krataa de akyerɛ sɛ owu a wɔmfa n’agyapade anaa ne sika mma Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana.

Sɛ obi pɛ sɛ oyi ntoboa a yɛaka ho asɛm yi bi a, ɛhwehwɛ sɛ ɔhyɛ da yɛ ho nhyehyɛe to hɔ.

Sɛ wopɛ sɛ wofa akwan a yɛakyerɛ yi so yi ntoboa anaa wode biribi kyɛ Yehowa Adansefo ma wɔde boa wiase nyinaa adwuma no a, wubetumi ne “Accounts Department” adi nkitaho. Address ne telefon nɔma na ɛwɔ ase ha no.

ACCOUNTS DEPARTMENT

Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana

P. O. Box GP 760

Accra

Telefon: (030) 2712456

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena