Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w16 November kr. 19-20
  • “Adwuma no Sõ”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Adwuma no Sõ”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Aboro Wɔn so Abegu Yɛn Hia Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nea Yɛbɛyɛ De Aboa Afoforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • “Nea Ohu Mmɔbɔ no Benya Nhyira”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Sɛnea Yefi Yɛn Komam Tew Yɛn Anim Ma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
w16 November kr. 19-20
Ɔhene Dawid de asɔrefie no ho nsusuwso rekyerɛ ɔbarima bi; onua bi rehwɛ ɔdan bi ho nsusuwso

“Adwuma no Sõ”

NÁ BERE aso sɛ wɔyɛ nhyiam titiriw bi wɔ Yerusalem. Ná Ɔhene Dawid aboaboa ne mpanyimfo, ahemfie mpanyimfo, ne ne nnɔmmarima nyinaa ano. Ɔde asɛm bi too gua maa wɔn a wɔahyiam no nyinaa ani gyei. Ɛne sɛ, na Yehowa apaw Dawid ba Solomon sɛ onsi ofie soronko bi a wɔbɛsom nokware Nyankopɔn no wɔ hɔ. Onyankopɔn nam ne honhom so de ofie no ho nsusuwso maa Israel hene Dawid a na n’ani afi no, na ɔno nso de maa Solomon. Dawid kae sɛ: “Adwuma no sõ, efisɛ abankɛse no nyɛ onipa dea, na mmom Yehowa Nyankopɔn dea.”​—1 Be. 28:1, 2, 6, 11, 12; 29:1.

Ɛno akyi no, Dawid bisae sɛ: “Afei, hena na wayi ne yam sɛ ɔde biribi bɛhyɛ ne nsam ama Yehowa?” (1 Be. 29:5) Sɛ na wowɔ hɔ a, anka dɛn na wobɛyɛ? Anka asɛm no bɛka wo koma ama woaboa adwuma kɛse a wɔrebɛyɛ no? Israelfo no antwentwɛn wɔn nan ase koraa. Nokwasɛm ne sɛ, ɔman no “dii ahurusi sɛ wofi wɔn pɛ mu de biribi aba, efisɛ koma nyinaa mu na wofi yii ntoboa maa Yehowa.”​—1 Be. 29:9.

Mfehaha pii akyi no, Yehowa de biribi a ɛsen asɔrefie no sii hɔ. Ɛno ne honhom fam asɔrefie kɛse no. Ɛyɛ nhyehyɛe a Yehowa ayɛ a ɛma nnipa tumi fa Yesu afɔrebɔ no so som no. (Heb. 9:11, 12) Ɛnnɛ, ɔkwan bɛn na Yehowa nam so repata nkurɔfo aba ne nkyɛn? Ɔnam asuafoyɛ adwuma a yɛreyɛ no so. (Mat. 28:19, 20) Asuafoyɛ adwuma a yɛreyɛ no nti, afe biara yɛne nnipa ɔpepem pii sua Bible, asuafo mpempem pii bɔ asu, na yɛtew asafo ɔhaha pii nso.

Saa nkɔanim no nti, ɛho abehia sɛ yetintim Bible ho nhoma pii, yesisi Ahenni Asa foforo, na yesiesie nea yɛasisi dedaw no. Saa ara na ɛho abehia sɛ yɛpɛ mmeae a yɛde bɛyɛ amansin ne amantam nhyiam. Wunnye nni sɛ asɛmpa no a yɛreka akyerɛ obiara no yɛ adwuma kɛse a mfaso wɔ so?​—Mat. 24:14.

Esiane sɛ Onyankopɔn nkurɔfo dɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa, na wonim sɛ ehia sɛ wɔde nsi ne ahokeka yɛ Ahenni ho asɛmpaka adwuma no nti, woyi wɔn yam ‘de biribi hyɛ wɔn nsam ma Yehowa,’ kyerɛ sɛ, wofi wɔn pɛ mu yi ntoboa. Sɛ yɛde ‘yɛn ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam,’ na yehu sɛnea wɔde nokwaredi ne nyansa de saa nneɛma no reyɛ adwuma a ɛsõ sen adwuma biara wɔ nnipa asetena nyinaa mu no a, ɛma yɛn ani gye paa!​—Mmeb. 3:9.

Ɔkwan A Ebinom Fa So Yi Ntoboa Boa Wiase Nyinaa Adwuma No

Ɛnnɛ, nnipa pii yi sika bi ‘sie’ anaa wotwa sika bi to hɔ de gu ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Wiase Nyinaa Adwuma” no mu. (1 Kor. 16:2) Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi kɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wɔn man dwumadi so. W’ankasa nso wubetumi de ntoboa akɔ Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana, Attention Accounts Department, P. O. Box GP 760, Accra, Ghana. Wopɛ nso a wubetumi de akɔ sikakorabea a edidi so yi: Watch Tower, Barclays Bank, Accra High Street Branch, Account number 048/2746365 anaa Watch Tower, Ghana Commercial Bank, Accra High Street Branch, Account number 1011130008990. Anaasɛ wubetumi de akɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ wo man mu. Wubetumi ahu address no wɔ www.jw.org/tw. Wubetumi de ntoboa a edidi so yi nso akɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ wo man mu.

NTOBOA

  • Wubetumi ayɛ electronic bank transfer de ayi ntoboa. Saa ara nso na wubetumi de debit card, credit card, anaa mobile money transfer ayi ntoboa. Aman bi mu no, obi betumi afa jw.org anaa wɛbsaet foforo so nso ayi ntoboa. Sɛ obi pɛ sɛ ɔde check mena address a ɛwɔ atifi hɔ no a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ wontua mma “Watch Tower.”

  • Obi wɔ agude anaa agyapade a ɛsom bo bi a ɔpɛ sɛ ɔde ma a, obetumi ayɛ saa. Kyerɛw krataa ka ho fa kyerɛ sɛ wode nneɛma no akyɛ koraa.

NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI

  • Obi betumi de sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana ma wɔde ayɛ wiase nyinaa adwuma no. Nanso sɛ ohia a, wɔbɛsan de ama no. Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, wo ne “Accounts Department” nni nkitaho. Wubetumi de address a ɛwɔ ha no akyerɛw wɔn anaa wubetumi de tɛlɛfon nɔma (030) 2712456 afrɛ wɔn.

  • Kyerɛw krataa ka ho fa kyerɛ sɛ sɛ wuhia wo sika a, wobɛsan agye.

ADƆE HO NHYEHYƐE

Sika a wɔde yi ntoboa akyi no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi ntoboa de aboa Ahenni adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no. Ebi na edidi so yi. Ɔkwan anaa akwan biara a wopɛ sɛ wofa so yi ntoboa no, yɛsrɛ wo, di kan ne baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so nni nkitaho. Esiane sɛ nea mmara hwehwɛ sɛ obi yɛ, ne towgye ho mmara gu ahorow nti, ehia sɛ wuhu obi a ɔwɔ towgye ne mmara ho nimdeɛ ansa na woapaw ɔkwan pa a wobɛfa so ayi ntoboa no.

Nsiakyibaa (Insurance): Obi betumi ayɛ nhyehyɛe ma wɔatua ne nsiakyibaa sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana.

Sika a Wɔde Sie wɔ Sikakorabea: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe de ne sika a ɛwɔ sikakorabea, anaa ne pɛnhyen sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana anaasɛ sɛ owu a wɔatua ama wɔn, sɛnea ne man mu sikakorabea nhyehyɛe te.

Adwuma Mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Ebia obi wɔ kyɛfa wɔ adwumam anaa ɔde sika abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no. Ɔpɛ a obetumi de eyinom nyinaa ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana.

Adan ne Nsase: Sɛ obi wɔ adan anaa nsase a yɛtɔn a ɛyɛ yiye a, obetumi de ama Yehowa Adansefo adwumayɛbea sɛ akyɛde koraa. Anaasɛ obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde fie a ɔte mu ama Yehowa Adansefo adwumayɛbea. Wo ne baa dwumadibea a ɛwɔ wo man mu nni nkitaho ansa na woayɛ nhyehyɛe a ɛte saa.

Krataa a Obi Yɛ De Kyɛ N’Agyapade: Obi betumi ayɛ krataa de akyerɛ sɛ owu a wɔmfa n’agyapade anaa ne sika mma Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana.

Sɛ obi pɛ sɛ oyi ntoboa a yɛaka ho asɛm yi bi a, ɛhwehwɛ sɛ ɔhyɛ da yɛ ho nhyehyɛe to hɔ.

Sɛ wopɛ sɛ wofa akwan a yɛakyerɛ yi so yi ntoboa anaa wode biribi kyɛ Yehowa Adansefo ma wɔde boa wiase nyinaa adwuma no a, wubetumi ne “Accounts Department” adi nkitaho. Address ne tɛlɛfon nɔma na ɛwɔ ase ha no.

ACCOUNTS DEPARTMENT

Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana

P. O. Box GP 760

Accra

Tɛlɛfon: (030) 2712456

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, klik ɔfã a wɔato din “Make a Donation to Our Worldwide Work” a ɛwɔ jw.org/tw ase hɔ no so, anaa wo ne baa dwumadibea no nni nkitaho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena