Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w17 November kr. 18-19
  • “Nea Ohu Mmɔbɔ no Benya Nhyira”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nea Ohu Mmɔbɔ no Benya Nhyira”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Adwuma no Sõ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Nea Aboro Wɔn so Abegu Yɛn Hia Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nea Yɛbɛyɛ De Aboa Afoforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Ma W’ani Nsɔ Yehowa Ayamye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
w17 November kr. 18-19
Hanah de abofra Samuel akɔ ntamadan no mu

“Nea Ohu Mmɔbɔ no Benya Nhyira”

AFƆREBƆ yɛ ade titiriw wɔ nokware som mu fi tete. Israelfo no de mmoa bɔɔ afɔre. Kristofo nso, wonim wɔn sɛ wɔbɔ “ayeyi afɔre” bere nyinaa. Nanso, afɔrebɔ afoforo wɔ hɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani. (Heb. 13:15, 16) Saa afɔrebɔ yi nyinaa de anigye ne nhyira na ɛba. Nhwɛso ahorow a edi so yi bɛma yɛahu.

Hanah yɛ Yehowa somfo nokwafo a ɔtenaa ase tete. Ná ɔrepɛ ɔbabarima denneennen, nanso na awo no mma. Ɔbɔɔ mpae hyɛɛ Yehowa bɔ sɛ, sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔde no “bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa.” (1 Sam. 1:10, 11) Akyiri yi, Hanah nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no din Samuel. Bere a Samuel twaa nufu no, Hanah de no kɔɔ asɔrefie hɔ sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. Hanah daa ahofama adi, na Yehowa hyiraa no. Ɔwoo mma foforo nnum, na Samuel bɛyɛɛ odiyifo ne Bible kyerɛwfo.—1 Sam. 2:21.

Sɛnea Hanah ne Samuel yɛe no, ɛnnɛ nso, Kristofo anya hokwan sɛ wobetu wɔn ho ama ayɛ Ɔbɔadeɛ no adwuma. Afei nso, Yesu hyɛɛ bɔ sɛ afɔre biara a yɛbɛbɔ de asom Yehowa no, Yehowa behyira yɛn pii.—Marko 10:28-30.

Asomafo no bere so no, na wonim Dorka sɛ Kristoni bea a “nnwuma pa ne adɔe ayɛ no ma.” Wei kyerɛ sɛ na oyi ne yam boa afoforo. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, “ɔyare wui.” Ɛmaa asafo no mufo werɛ howee. Bere a asuafo no tee sɛ Petro wɔ mpɔtam hɔ no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra ntɛm. Wo deɛ, bere a Petro konyan Dorka fii awufo mu no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei! Ɛno ne kyerɛwtohɔ a edi kan a ɛkyerɛ sɛ ɔsomafo bi nyanee obi fii awufo mu. (Aso. 9:36-41) Onyankopɔn werɛ amfi afɔre a Dorka bɔe no. (Heb. 6:10) Ayamye a Dorka daa no adi no, Onyankopɔn ama wɔakora so wɔ n’Asɛm mu. Ɛyɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesuasua.

Ɔsomafo Paulo nso yɛ obi a ɔyɛɛ nhwɛso pa. Oyii ne yam de ne bere pii bɔɔ afɔre. Paulo kyerɛw Kristofo a wɔwɔ Korinto no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me de, mifi anigye kɛse mu de me ho nneɛma bɛma na mede me ho ama mo kra korakora.” (2 Kor. 12:15) Paulo hui sɛ, sɛ wode wo ho bɔ afɔre a, ɛma wunya akomatɔyam. Nea ɛsen biara no, ɛma wunya Yehowa nhyira ne n’anim dom.—Aso. 20:24, 35.

Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden boa Ahenni adwuma no ne yɛn nuanom Kristofo a, ɛma Yehowa ani gye. Nanso biribi foforo wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de aboa Ahenni ho asɛmpaka adwuma no anaa? Ebi wɔ hɔ! Adwumaden a yefi ɔdɔ mu yɛ akyi no, yebetumi afi yɛn pɛ mu ayi ntoboa de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. Saa ntoboa yi, wɔde boa asɛmpaka adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa. Wɔde bi boa asɛmpatrɛwfo ne anuanom a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma titiriw no nso. Afei nso, nhoma ne video ahorow a wɔyɛ ne ne nkyerɛase, mmoa a wɔde ma wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn, ne Ahenni Asa ahorow a wosisi nyinaa, ntoboa a yefi yɛn pɛ mu yi no na wɔde di ho dwuma. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ “nea ohu mmɔbɔ no benya nhyira.” Bio nso, sɛ yɛde yɛn ahonyade ma Yehowa a, ɛhyɛ no anuonyam.—Mmeb. 3:9; 22:9.

Ɔkwan A Ebinom Fa So Yi Ntoboa Boa Wiase Nyinaa Adwuma No

Sɛnea ɔsomafo Paulo bere sofo yɛe no, ɛnnɛ, nnipa pii yi sika bi ‘sie’ anaa wotwa sika bi to hɔ de gu ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Wiase Nyinaa Adwuma” no mu. (1 Kor. 16:2) Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi kɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wɔn man dwumadi so. W’ankasa nso wubetumi de ntoboa akɔ Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana, Attention Accounts Department, P. O. Box GP 760, Accra, Ghana. Wopɛ nso a wubetumi de akɔ sikakorabea a edidi so yi: Watch Tower, Barclays Bank, Accra High Street Branch, Account number 048/2746365 anaa Watch Tower, Ghana Commercial Bank, Accra High Street Branch, Account number 1011130008990. Anaasɛ wubetumi de akɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ wo man mu. Wubetumi ahu address no wɔ www.jw.org/tw. Wubetumi de ntoboa a edidi so yi nso akɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ wo man mu.

NTOBOA

  • Wubetumi ayɛ electronic bank transfer de ayi ntoboa. Saa ara nso na wubetumi de debit card, credit card, anaa mobile money transfer ayi ntoboa. Aman bi mu no, obi betumi afa jw.org anaa wɛbsaet foforo so nso ayi ntoboa. Sɛ obi pɛ sɛ ɔde check mena address a ɛwɔ atifi hɔ no a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ wontua mma “Watch Tower.”

  • Obi wɔ agude anaa agyapade a ɛsom bo bi a ɔpɛ sɛ ɔde ma a, obetumi ayɛ saa. Kyerɛw krataa ka ho fa kyerɛ sɛ wode nneɛma no akyɛ koraa.

NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI

  • Obi betumi de sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana ma wɔde ayɛ wiase nyinaa adwuma no. Nanso sɛ ohia a, wɔbɛsan de ama no. Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, wo ne “Accounts Department” nni nkitaho. Wubetumi de address a ɛwɔ ha no akyerɛw wɔn anaa wubetumi de tɛlɛfon nɔma (030) 2712456 afrɛ wɔn.

  • Kyerɛw krataa ka ho fa kyerɛ sɛ sɛ wuhia wo sika a, wobɛsan agye.

ADƆE HO NHYEHYƐE

Sika a wɔde yi ntoboa akyi no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi ntoboa de aboa Ahenni adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no. Ebi na edidi so yi. Ɔkwan anaa akwan biara a wopɛ sɛ wofa so yi ntoboa no, yɛsrɛ wo, di kan ne baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so nni nkitaho. Esiane sɛ nea mmara hwehwɛ sɛ obi yɛ, ne tow ho mmara gu ahorow nti, ehia sɛ wuhu obi a ɔwɔ tow ne mmara ho nimdeɛ ansa na woapaw ɔkwan pa a wobɛfa so ayi ntoboa no.

Nsiakyibaa (Insurance): Obi betumi ayɛ nhyehyɛe ma wɔatua ne nsiakyibaa sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana.

Sika a Wɔde Sie wɔ Sikakorabea: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe de ne sika a ɛwɔ sikakorabea, anaa ne pɛnhyen sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana anaasɛ sɛ owu a wɔatua ama wɔn, sɛnea ne man mu sikakorabea nhyehyɛe te.

Adwuma Mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Ebia obi wɔ kyɛfa wɔ adwumam anaa ɔde sika abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no. Ɔpɛ a obetumi de eyinom nyinaa ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana.

Adan ne Nsase: Sɛ obi wɔ adan anaa nsase a yɛtɔn a ɛyɛ yiye a, obetumi de ama Yehowa Adansefo adwumayɛbea sɛ akyɛde koraa. Anaasɛ obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde fie a ɔte mu ama Yehowa Adansefo adwumayɛbea. Wo ne baa dwumadibea a ɛwɔ wo man mu nni nkitaho ansa na woayɛ nhyehyɛe a ɛte saa.

Krataa a Obi Yɛ De Kyɛ N’Agyapade: Obi betumi ayɛ krataa de akyerɛ sɛ owu a wɔmfa n’agyapade anaa ne sika mma Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana.

Sɛ obi pɛ sɛ oyi ntoboa a yɛaka ho asɛm yi bi a, ɛhwehwɛ sɛ ɔhyɛ da yɛ ho nhyehyɛe to hɔ.

Sɛ wopɛ sɛ wofa akwan a yɛakyerɛ yi so yi ntoboa anaa wode biribi kyɛ Yehowa Adansefo ma wɔde boa wiase nyinaa adwuma no a, wubetumi ne “Accounts Department” adi nkitaho. Address ne tɛlɛfon nɔma na ɛwɔ ase ha no.

ACCOUNTS DEPARTMENT

Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana

P. O. Box GP 760

Accra

Tɛlɛfon: (030) 2712456

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, klik ɔfã a wɔato din “Make a Donation to Our Worldwide Work” a ɛwɔ jw.org/tw ase hɔ no so, anaa wo ne baa dwumadibea no nni nkitaho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena