Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/80 kr. 1-4
  • Awofo—Dɛn Na Mo Mma Resua?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awofo—Dɛn Na Mo Mma Resua?
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Boa Mmofra Ma Wonyi Yehowa Ayɛ
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Awofo​—Munnu Mo Ba Komam Fi Ne Mmofraase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Wo Mma A Wobɛtete Wɔn Ma Wɔadɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Awofo, Mommɔ Mo Agyapade A Ɛsom Bo Ho Ban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1980
km 5/80 kr. 1-4

Awofo​—Dɛn Na Mo Mma Resua?

1 Adesua kyerɛ “nimdeɛ anaa ntease a wɔhwehwɛ . . . denam ɔkyerɛkyerɛ so.” Awofo betumi, na ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn mma ma wonya honhom mu nkɔso, efisɛ ɛne nea Bible ka. (Deut. 6:6, 7) Eyi fam no, My Book of Bible Stories nhoma no ayɛ nea ɛsom bo kɛse.

2 Abofra tumi sua nneɛma pii. Wotumi sua ɔkasa a ɛyɛ den, a wɔmmrɛ koraa. Abofra adwene te sɛ kyerɛwpon a wɔnkyerɛw hwee wɔ so, a ɛso kyerɛw nyɛ den. Nhoma yi ho reba mfaso kɛse sen emu nsɛm ara kwa a wosua gu wɔn tirim. Hwɛ abrabɔ ho asuade a abofra ketewaa bi nyae sɛnea wɔkae wɔ krataa bi a n’awofo kyerɛwee mu: “Yɛn ba Samuel adi asram 18 na ontumi nkasa ahe biara. Nanso ɔte nea mfonini fɛfɛ no kyerɛ no ase. Sɛ nhwɛso no, onim sɛ ɛnsɛ sɛ ɔde dua bɔ agyinamoa efisɛ Yehowa ampɛ Kain asɛm bio bere a ɔyɛɛ Habel saa no.”

3 Ɔkwan biako a obi nam so ma n’adwene nyin ne nsɛm ahorow a wobisa, titiriw asemmisa te sɛ, Dɛn ntia? Sɛ nhwɛso no, Dɛn nti na Adam ne Hawa yɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn na wodii duaba no? Dɛn nti na na enye? Dɛn nti na anka ɛsɛ sɛ wotie Onyankopɔn? Sɛ wo maame ka kyerɛ wo sɛ nni aduan a wayɛ sɛ wobedi no anwummere no a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wutie no? Sɛ ɔpanyin ka kyerɛ anuanom nyinaa sɛ wɔntra ase efisɛ adu bere a ɛsɛ sɛ wofi nhyiam ase a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ saa? Sɛ mfɛfo sukuufo pɛ sɛ woyɛ w’awofo so asoɔden anaa wubu nea Bible ka no so a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wutie? Nsemmisa a ɛtete saa boa abofra ma n’adwene nyin na esiesie no ma daakye.

4 Ná abusua mu nkyerɛkyerɛ wɔ tete Israel yɛ agya asɛyɛde titiriw, na ɛnã no boa. (Mmeb. 1:8) Dɛn ne nneɛma bi a Hebrifo kyerɛkyerɛɛ wɔn mma? Yehowa ho suro. (Dw. 34:11) Sɛ wobedi wɔn agya ne wɔn nã ni. (Ex. 20:12) Sɛ wɔde obu bɛma mpanyimfo. (Lev. 19:32) Osetie. (Mmeb. 4:1) Ntetee a ɛho wɔ mfaso wɔ mpanyin asetra mu. (Ɔsɛnk. 12:13, 14) Akenkan ne akyerɛw.

5 Ɛdefa Kristofo asetra ho no, ɛsɛ sɛ yɛde mfitiase nnyinasosɛm a ɛtete saa ara kyerɛkyerɛ yɛn mmofra. Yɛn ani gye sɛ yehu sɛ saa mmofra nkumaa yi sua Yehowa ho ade na wonya nhumu, na hwɛ sɛnea ɛbɛsɔ Yehowa ani. My Book of Bible Stories yɛ mmoa kɛse ma awofo a wɔpɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma. Enti bere ne bere mu, wɔ yɛn ɔsom nhyiam dwumadi mu no, yɛne mmofra kakra bɛbɔ My Book of Bible Stories no afa horow bi ho nkɔmmɔ. Wobesusuw nsɛm pɔtee bi ho. Onii a wɔde eyi bɛhyɛ ne nsa ma ɔne mmofra no ayɛ saa no bebisabisa nsɛm ntiantia bi ma wɔabua, sɛ ebia, Asɛm no fa dɛn ho? Dɛn na yehu wɔ mfonini no mu? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi nhwɛso no akyi anaasɛ ɛnsɛ sɛ yedi akyi? Ma wɔnkyerɛkyerɛ nea wɔresua no mu. Eyi te sɛ nea wɔdaa no adi wɔ drama a ɛfa abofra Samuel ho mfe kakra a atwam ni no mu no. Ná n’agya akyerɛkyerɛ no ‘Nsɛm 10’ (Mmara Nsɛm Du) no. Nanso, na ɛnsɛ sɛ osua gu ne tirim ara kwa, na mmom na ɛsɛ sɛ otumi kyerɛkyerɛ mu, a ɛkyerɛ sɛ ɔte ase. Sɛ wo ne mmofra reyɛ eyi wɔ asɛnka agua so anaa wo ne wɔn resua wɔ fie a, boa wɔn ma wɔnte ase na wɔmfa nhumu nni dwuma.

6 Awofo bɛpɛ sɛ wodi kan ne wɔn mma sua asɛm no, nanso wɔrenhyɛ da nkyerɛ wɔn mmuae pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔma. Hyɛ mmofra a wɔwɔ asafo no mu NYINAA nkuran ma wɔmfa wɔn Bible Stories nhoma no mmra adesua, da a wobesusuw ɔfã yi ho no. Mmofra a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no dɔɔso, na yenim sɛ wɔn ani begye adesua no mu kyɛfa a wobenya yi ho na ɛho aba wɔn mfaso. Wɔn nso wɔka wɔn a wɔka wɔn ho asɛm yi ho: “Momma nea ɛhome nyinaa nyi [Yah] ayɛ.”​—Dw. 150:6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena