Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/80 kr. 6
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yehyiam Som?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Ne Me Nuabarima Ne Me Nuabea Abɔ?
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1980
km 7/80 kr. 6

Asemmisa Afã

● Edin bɛn na ɛfata sɛ wɔde frɛ nkurɔfo wɔ asafo nhyiam horow ɛse?

Bere a Yesu rekyerɛ n’akyidifo mpaebɔ no, ɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfrɛ Yehowa sɛ “Yɛn Agya.” Osii honhom mu abusuabɔ a n’akyidifo nyinaa wɔ no so dua bio bere a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ “mo nyinaa yɛ anuanom” no. (Mat. 23:8) Mpɛn pii no Yesu asuafo no de asɛmfua “onua” no dii dwuma tẽe. Petro frɛɛ Paulo “yɛn nua dɔfo Paulo,” na Paulo kaa “me nua Tito” ne “yɛn nua Timoteo” ho ɛsɛm.​—2 Pet. 3:15; 2 Kor. 2:13; Heb. 13:23.

Esiane saa honhom mu abusuabɔ a emu yɛ den yi nti, Yehowa Adansefo taa frɛ wɔn ho wɔn ho “onuabarima” ne “onuabea.” Wɔtaa de eyi ka onii din ho wɔ asafo nhyiam horow ase. Sɛ́ nea ɔrehwɛ adesua no so no bɛfrɛ obi Kofi, Kwame anaa Samuel ara kwa no betumi de biribi a ɛhaw adwene aba. Sɛ obi yɛ nipa foforo wɔ yɛn nhyiam horow ase a, obetumi ate nka sɛ ɛyɛ ade a ɛmfata sɛ yɛde din a edidi kan no ara kwa na edi dwuma a, na ɛno nti na yɛde anuanom din ankasa (te sɛ Owusu, Ofori, Mensah, ne nea ɛkeka ho) na edi dwuma wɔ Kristofo nhyiam ase no.

Ɛwom sɛ nea ɔhwɛ adesua no so no betumi afrɛ abofra sɛ Kofi anaa Kwame, nanso sɛ ɔfrɛ ɔpanyin saa a, ebinom bebu eyi sɛ ɛnkyerɛ obu. Anaa fa onuawa bi a ne kunu nni nokware no mu a waba nhyiam nea edi kan. Sɛ ɔte sɛ ɔbarima foforo a ɔwɔ yere de ne yere din a edi kan frɛ no wɔ asafo no mu a, ɔbɛte nka dɛn?

Biribiara a ɛte saa remma, sɛ wɔn a wɔhwɛ nhyiam horow so no de nkurɔfo din ankasa di dwuma bere a wɔrefrɛ wɔn ma wɔama mmuae a. Yɛremfrɛ obi a n’ani agye asɛm no ho foforo sɛ “onuabarima” anaa “onuabea” efisɛ wɔne Onyankopɔn abusua no nnyaa honhom mu abusuabɔ ankasa. Mmom no, yɛde Owura, Ɔpanyin, Awuraa anaa biribi a ɛte saa, bɛka onii din ho afrɛ no, gye sɛ biribi wɔ hɔ a enti ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa. Nanso, sɛ onii rebɛn asubɔ ma obu ne ho sɛ Yehowa Adansefo mu biako a, ɛnde na ɛrenyɛ mfomso sɛ yɛde “onuabarima” anaa “onuabea” bɛka ne din ho.

Sɛ yɛde “onuabarima” anaa “onuabea” di dwuma wɔ yɛn asafo nhyiam horow ase a, ɛkyerɛ abusuabɔ soronko a nhyira wom, abusuabɔ wɔ Agya, Yehowa Nyankopɔn, ase. (Efe. 2:19) Ɛyɛ abusuabɔ a emu yɛ den na ɛsom bo sen nea edin a edi kan no a yɛde bedi dwuma da no adi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena