Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—“Wɔn A Wonni Fie” Ho Dwumadi
1 Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛaboa nnipa koma pafo ma wɔanya Ahenni asɛm no ho mfaso no, ɛho hia sɛ yɛkasa kyerɛ wɔn. Nanso sɛ yɛbɛto nkurɔfo wɔ fie no ho reyɛ den bere nyinaa. Mpɛn pii no yehu sɛ nnipa pii nni fie bere a yɛkɔ wɔn nkyɛn adekyee mu no, na eyi te saa titiriw wɔ dapɛn no mu.
2 Enti sɛ yɛreyɛ asasesin no mu adwuma a, ɛho hia sɛ yɛyɛ “wɔn a wonni fie” ho kyerɛwtohɔ. Ebia woahu sɛ ɛho wɔ mfaso sɛ wugyaw kwan kakraa wɔ afie afie kyerɛwtohɔ no so na woanya baabi a wobɛkyerɛw nsɛm afoforo bere a woyɛ nsrahwɛ afoforo akyiri yi no. Kyerɛwtohɔ no a wobɛyɛ no fɛfɛɛfɛ ma emu ada hɔ no bɛboa wo, na ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn a ebia wɔde kyerɛwtohɔ no bedi dwuma de asan akɔ hɔ bere a wuntumi nyɛ saa no.
3 Sɛ woyɛ kyerɛwtohɔ sɛ obi nni fie a, date a wobɛbɔ akyi no, kyerɛ nhoma ko a wode hyɛɛ ɔpon no ase. Sɛ wode kratawa gyaw a, ɛho bɛba mfaso sɛ wɔkyerɛw kratawa no akontaahyɛde. Saa kwan yi so no sɛ onii no nni fie bere foforo a wobɛsan akɔ a, wubetumi de kratawa foforo agyaw. Afei sɛ akyiri yi wuhyia onii no a, wubehu nea ne nsa aka dedaw na ebia eyi bɛyɛ nea mubetumi agyina so abɔ nkɔmmɔ adamfofa kwan so.
4 Mpɛn pii no eye sɛ wɔsakra da anaa bere a wode bɛkɔ hɔ no bere biara a woresan akɔ obi a na onni fie nkyɛn no. Ebia yɛbɛto nnipa pii wɔ fie anwummere anwummere. Sɛ worentumi mfa da koro anwummere nyinaa nsi hɔ sɛ wode bɛkɔ akɔsrasra wɔn a na wonni fie a, so woasɔ ahwɛ sɛ bere a worekɔ asafo nhyiam horow no wubesi mu ntɛm na woayɛ nsrahwɛ ahorow wɔ kwan so anaa? Sɛ asasesin bi a ɛbɛn faako a wote mu adwuma na woreyɛ a, ɛnde ɛrennye bere anaa sika pii biara na wode asan akɔ hɔ.
5 Bere a woresusuw ho sɛ ebia ɛsɛ sɛ wugyaw nhoma bi ma “wɔn a wonni fie” no, ma ɛntra w’adwene mu sɛ ɛnsɛ sɛ wugyaw biribiara a wɔn a wɔretwam behu. Yɛrempɛ sɛ yɛyɛ biribiara a ɛde ɔhaw bɛba ofiewura no so, anaasɛ ebegu Ahenni asɛm no ho fĩ.
6 Sɛ awiei koraa no wutumi hyia onii no sɛnea yegye di sɛ wobɛbɔ mmɔden ayɛ no a, ebia wubehu sɛ ɛho wɔ mfaso sɛ wudi kan bɔ wo din na wokyerɛ sɛ ɛyɛ wo anigye sɛ awiei koraa no woato no wɔ fie. Wubetumi akyerɛ mmere horow a woaba hɔ na woabɔ kratawa anaa nhoma a wode gyawee a woakyerɛw wɔ wo afie afie kyerɛwtohɔ no so no din, na woaka nea ɛwɔ mu ho asɛm tiaa. Sɛnea ofiewura no adeyɛ te no, afei wubetumi atoa w’asɛmpaka no so.
7 Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebehyia nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu nyinaa, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkasa akyerɛ obiara no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira yɛn mmɔdenbɔ so.