Asɛmpa A Wobɛka Akyerɛ—Nnipa Nyinaa
1 Yesu Kristo bɔɔ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru kɛse. Ɔkɔɔ Galilea nyinaa na ɔkae sɛ: “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mat. 4:17) Eyi yɛ asɛmpa a Yesu kae wɔ ne bere mu a ɛkanyan n’atiefo koma na ɛmaa wɔn anidaso. Ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa yi kyerɛ afoforo, na esiane gye a egye ntɛmpɛ nti, asɛyɛde a emu yɛ duru da wɔn a wɔreyɛ adwuma yi no so.
2 Henanom na wɔagye asɛyɛde yi atom? Wɔ yɛn Bere Yi mfiase mu hɔ no na ɛyɛ Yesu asuafo no a asomafo anokwafo no ka ho. Wɔ mfehaha pii akyi no, wɔama yɛabɛte asɛmpa yi ma enti ɛyɛ yɛn asɛyɛde nso sɛ yɛbɛka akyerɛ afoforo. (1 Kor. 9:16) Ɛdenam hokwan ahorow a ɛfata nyinaa a yɛde bedi dwuma so no, yebetumi akyerɛ koma nyinaa mu a yefi tie Yesu ahyɛde sɛ yɛnka ‘ahenni no ho asɛmpa yi mfa nni wiase nyinaa adanse’ ansa na awiei no aba no.—Mat. 24:14.
3 Sɛ yɛreyɛ afie afie adwuma a, so yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne obi bɛkasa wɔ ofie biara mu? Esiane sɛ nnipa pii yɛ honam fam adwuma nti, ebia afie pii wɔ hɔ a wobɔ agoo a obiara rennye so, titiriw wɔ nkurow akɛse mu. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na gye a obi nnye so no kyerɛ sɛ obi nni fie. So biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔkwan foforo bi da baabi anaasɛ wɔfa afikyiri? Sɛ saa a, ɛnde ebia wobɔ agoo wɔ hɔ a wobegye so. Anaasɛ ebia na ofiewura no wɔ afikyiri anaa baabi foforo. Wɔ nsasesin bi mu no wubehu sɛ boys’ quarters bi a atew ne ho a ne kwan da ofie no nkyɛn wɔ hɔ. So wokɔ hɔ, anaasɛ wubu w’ani gu so? Bere a woakɔ afie afoforo mu akyi no, ebia wubehu sɛ ofiewura bi a na onni fie aba. Sɛ eyi ba saa wɔ simma kakraa bi akyi a, dɛn nti na wonsan nkɔbɔ agoo bio?
4 Na afie a woanto obiara wom no nso ɛ? Hyɛ no agyirae wɔ wo Afie Afie Kyerɛwtohɔ no so. Ɛyɛ nea mpɛn pii eye sɛ wobɛyɛ kyerɛwtohɔ soronko a ɛfa anigyefo a woabɔ wo tirim sɛ wobɛsan akɔsra wɔn no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de nea ɛfa wɔn a wonni fie ho no ama obi foforo, sɛ woantumi ansan ankɔ hɔ a. Pii ahu sɛ, sɛ wɔresan akɔ afie a wɔanto obiara wom no mu a, eye sɛ wɔbɛyɛ saa wɔ mmere horow a ebetumi aba sɛ wɔbɛto obi mu. Atumi ayɛ yiye ama adawurubɔfo binom sɛ wɔbɛto nkurɔfo denam kɔ a wɔsan kɔ hɔ akyiri yi da no ara anaasɛ anwummere no so. Mpɛn pii nnipa a wonni fie wɔ dapɛn no mu no wɔ hɔ dapɛn no awiei. Akuw horow a wɔkɔ adansedi wɔ dapɛn no mu ne wɔn a wɔkɔ dapɛn awiei no betumi asesa kyerɛwtohɔ a ɛfa wɔn a wonni fie ho no na wobehu sɛ wɔn nsa bɛka nnipa yi binom. Nokwaredi a yɛde bɛyɛ kyerɛwtohɔ yi na yɛasan akɔ wɔn nkyɛn no kyerɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma afoforo ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani.—Luka 16:10.
5 Siesie wo ho sɛ wode hokwan afoforo a wubenya bedi adanse bere a wowɔ asasesin no mu no. Sɛ nhwɛso no, ebia wubehyia nnipa bi a wɔretu mpase, anaasɛ ebia wɔte dua bi ase anaasɛ wɔretwɛn bɔs. Ɛdenam anifere kwan a wobɛfa so, ayɛ w’anim sereserew wɔ adamfofa kwan so no so no, ebia wobetie wo. Afei nso eye sɛ wobɛkɔ aguadidan nketewa ne adwumayɛbea ahorow mu, sɛ ɛnyɛ nea wonni adagyew pii a. Wubehyia mmofra mpɛn pii bere a woreyɛ wo som adwuma no. Ntwam nkɔ a wo ne wɔn nsusuw Kyerɛwnsɛm bi ho, efisɛ wɔn nkwa nso ho hia.—Mat. 19:14.
6 Onyankopɔn Asɛm da no adi sɛ ɛyɛ Yehowa ‘pɛ sɛ wobegye nnipa nyinaa nkwa.’ (1 Tim. 2:4) “Ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” (2 Pet. 3:9) Sɛ yɛyɛ yɛn asasesin a wɔde ahyɛ yɛn nsa no mu adwuma fefeefe na yɛbɔ mmɔden ankasa sɛ yɛbɛkɔ obiara nkyɛn a, yɛkyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo te sɛ Yehowa. Akyinnye biara nni ho sɛ saa honhom no bɛyɛ nhyira ama yɛne wɔn a wotie yɛn.—1 Tim. 4:16.