Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/84 kr. 1-2
  • Munnya Ɔdɔ Pii Mma Mo Ho Mo Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Munnya Ɔdɔ Pii Mma Mo Ho Mo Ho
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SƐNEA WOYI ƆDƆ ADI
  • “Ne Titiriw no, Momfa Ɔdɔ a Emu Yɛ Den Nnodɔ Mo Ho”
    Monkɔ So Nwɛn!
  • “Monkɔ So Nnantew Ɔdɔ Mu”
    Bɛn Yehowa
  • Ɔdɔ a Yɛwɔ Ma Yɛn Ho Yɛn Ho No, Yɛbɛyɛ Dɛn Ahyɛ Mu Den?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Momma Ɔdɔ Nhyɛ Yɛn Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 4/84 kr. 1-2

Munnya Ɔdɔ Pii Mma Mo Ho Mo Ho

1 Ɔdɔ yɛ su a wɔhwɛ kwan sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa nya bi. (1 Yoh. 4:11) Woyi onuadɔ adi wɔ Kristofo asafo no mu. Nanso so yebetumi ‘akɔ so ayɛ aboro so’?​—1 Tes. 4:9, 10.

SƐNEA WOYI ƆDƆ ADI

2 Ani a wɔma ekũ afoforo ho na wosusuw wɔn ho yɛ su a yɛn nyinaa ani sɔ bere a woyi adi kyerɛ yɛn no. Sɛ yesusuw yɛn nuanom a wɔanyinyin ne wɔn a wonni ahoɔden no ho a, yesuasua yɛn Nyankopɔn, Yehowa a ɔwɔ obu kɛse ma “dwen [a] wohu no trenee kwan so”. (Mmeb. 16:31) Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi ayi ɔdɔ adi akyerɛ wɔn a wɔanyinyin yi? Ɛdenam nhyiam horow a yɛbɛkɔ akɔfa wɔn akɔ, akɔsra wɔn wɔ wɔn afi mu, akodi gua ama wɔn, akɔ ma wɔasomasoma yɛn, ato nsa afrɛ wɔn aba yɛn afi mu ma wɔabedidi, ne ade no so. (Gal. 6:10) Na nyisaa nso ɛ? So yɛama yɛn ani akũ wɔn ho nnansa yi?

3 Su pa ahorow yɛ nea ɛwɔ hɔ bere nyinaa ma nokware Kristofo. Hwɛ anigye ara a na ɛyɛ sɛ wɔkaee yɛn wɔ February 1983, Yɛn Ahenni Som no kratafa 2 wɔ hia a ɛho hia bere nyinaa sɛ yebeyi su pa adi no ho! Asɛm yi a yɛbɛsan akenkan efi bere kɔ bere mu no bɛboa ma aka yɛn adwene mu. Dɛn nti na munsusuw ho sɛ abusua?

4 “Hwɛ, [Yehowa] agyapade ne mmabanin,” saa na odwontofo no ka. (Dw. 127:3) Enti, awofo wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru wɔ Yehowa anim sɛ wɔbɛyɛn wɔn mma wɔ Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu. (Efe. 6:4) Ɛho hia sɛ mmofra yi nso sua sɛnea wobeyi ɔdɔ adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho. Ɛho hia sɛ awofo kae wɔn mma bere nyinaa ma wɔkyerɛ obu, a wontutu mmirika wɔ Ahenni Asa so anaa wɔmmfa chewing gum anaa nneɛma afoforo ntetare nkongua ho anaasɛ fam hɔ.

5 Esiane sɛ ɔdɔ ho hia kɛse wɔ yɛn nyinaa asetra mu nti, ɛho hia sɛ yeyi adi kyerɛ afoforofo a wɔreba Yehowa ahyehyɛde no mu no. Eye sɛ yebekyia wɔn anigye so bere a wɔba Ahenni Asa so no. Bere a yɛkyerɛ wɔn ho anigye ankasa no, wohu sɛ yɛredi ahyɛde a ese yemfi koma mu nnodɔ yɛn ho yɛn ho no so. Ankorankoro akyerɛw Asafo ti no mpɛn pii a wɔde rekyerɛ ɔdɔ a woyii adi kyerɛɛ wɔn ho anisɔ. So yebetumi ‘atrɛw yɛn mu’ wɔ yɛn koma mu de afoforofo aka ho?​—2 Kor. 6:13.

6 Sɛ ɔyare a emu yɛ den bɔ anuanom mmarima anaa mmea no bi, anaasɛ wɔn abusua mufo bi wɔ ayaresabea a, dɛn na yɛyɛ wɔ ho? Yɛn onuadɔ no bɛka yɛn ma yɛahu sɛnea yebetumi aboa wɔn wɔ bere a wohia mmoa no mu.

7 Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so” (1 Pet. 4: 8-10) Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase sɛ “emu yɛ den” no kyerɛ ‘twe a wɔtwe mu.’ Ɛnsɛ sɛ ɔdɔ a yeyi adi wɔ yɛn nuanom Kristofo ho no yɛ nea emfi koma nyinaa mu, a nea yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ, anaa yɛte nka sɛ ɛrenhaw yɛn nkutoo na yɛyɛ. Na saa ara na ɛnsɛ sɛ yeyi adi kyerɛ nnipa kakraa bi a yɛpɛ wɔn asɛm wɔ asafo no mu. Ɛho hia nso sɛ yɛde Kristofo nnwuma a ɛde daa nhyira bɛbrɛ yɛn nuanom ka yɛn dɔ no ho.

8 Ɛdenam ɔdɔ mu a yebefi ayɛ ade so no, yɛbɛma afoforo anya pii aka wɔ Onyankopɔn a yɛsom no no ho. Sɛ́ ahyehyɛde no, yɛrebɔ mmɔden wɔ eyi mu. Na yɛn mu biara sɛ ankorankoro nso ɛ? Sɛ ɛho hia sɛ yenya nkɔso bi wɔ ɛno mu a, dɛn nti na yɛnyɛ saa mprempren? Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛresuasua yɛn Nyankopɔn, Yehowa, a wayi ɔdɔ a ɛsen biara adi akyerɛ yɛn no ampa.​—Yoh. 3:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena