Dɛn Na Ɛma Obi Yɛ Ɔkwampaefo?
1 Dɛn na ɛma obi yɛ ɔkwampaefo? Ɛsono sɛnea ankorankoro bua saa asemmisa yi. Ebia ebinom bɛka sɛ akwampaefo yɛ nnipa soronko a ɛte sɛ nea wɔwɔ bere pii a wɔde yɛ asɛnka adwuma. Anaa ebia wɔbɛka apɔwmuden anaa mfe, sika fam ahotɔ a wɔwɔ anaa wiase nhomanim a ɛma obi tumi yɛ ɔkwampaefo ho asɛm. Eyinom betumi ayɛ nokware nanso ɛnkyerɛ nea ɛma obi de ne ho hyɛ daa akwampae adwuma mu na ɔtra mu no nyinaa mu.
2 Nnipa pii wɔ hɔ a wɔwɔ apɔwmuden ne nea ɛma wonya sika sɛnea ɛsɛ a wɔnyɛ akwampaefo. Nanso afoforo a wonni ahoɔden kɛse na wonni pii biara wɔ ɔhonam fam de nokwaredi reyɛ akwampae adwuma no. So wɔn a wɔwɔ ahoɔden, ebia wɔagyae adwuma a wɔwɔ akatua bi a wogye, anaa nnipa a wɔagyae adwuma kakra no mu pii betumi asusuw daa akwampae anaa akwampaefo boafo adwuma no ho? Wɔ ne nyinaa mu no, ankorankoro a wɔn nsɛm tebea ma wɔn kwan yɛ akwampaefo efisɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ. Saa ɔpɛ no fi nneɛma ahorow pii a ɔdɔ, anisɔ, nnamyɛ ne nokwaredi ka ho. Sɛ ɔpɛ no mu yɛ den a, wubetumi adi akwanside horow a ɛte sɛ mmepɔw so.—Mat. 17:20.
3 Bere a obi nya nkɔso wɔ nokware no mu na nimdeɛ a edi mu yɛ no ma na ɔyere ne ho wɔ asɛnka adwuma mu no, ohu anigye a ɛwom sɛ ɔbɛboa afoforo ma wɔasua nokware no. Ne som no bɛyɛ nea mfaso wɔ so na ɛma otumi yɛ biribi. Aba a adwumaden sow ma onya anigye. (Ɔsɛnk. 2:24) Saa adwuma pa yi fi su pa ahorow a wonya na wɔde di dwuma mu na ɛba. (2 Pet. 1:5-8) Ɛyɛ nneɛma atitiriw yi mu na ɔpɛ a obi wɔ sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo no fi ba. (1 Pet. 4:2) Daa akwampaefo dodow a ɛsen biara a yɛanya nnansa yi no kyerɛ sɛ pii anya saa ɔpɛ yi.
4 Wɔn a wodu akwampae adwuma botae no ho na wɔtra bere nyinaa som adwuma no mu no benya nhyira kɛse afi Yehowa hɔ. (Mmeb. 10:22) Ebia awofo bebisa sɛ, Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa yɛn mma no ma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ akwampae adwuma? Sɛ mubetumi adi anim ayɛ akwampae adwuma a, ɛbɛhyɛ mo mma no nkuran ma wɔadi mo nhwɛso no akyi. Mumfi wɔn mmofraase ntete wɔn ma wɔmmɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no asuafo pa. (2 Tim. 3:15) Monkae, ɛwɔ tumi a ɛkanyan obi. (Heb. 4:12) Ebetumi akyerɛkyerɛ mmofra nnyinasosɛm horow a ɛteɛ ne sɛnea wɔde bedi dwuma. (Heb. 5:14) Nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛɛ a awofo nhwɛso pa ka ho ma wonya nhyɛase a ɛyɛ den a wobegyina so ato.—1 Kor. 3:10-13.
5 Ɛsɛ sɛ ntetee no yɛ nea adwene titiriw a ɛne nkurɔfo a wɔbɛboa wɔn ka ho. (Mat. 9:36) Monhyɛ mmofra ne wɔn a wɔyɛ foforo wɔ nokware no mu nkuran ma wonni Yesu nhwɛso akyi wɔ mu. Eyi bɛboa wɔn ma wɔabu nnipa no sɛnea Yehowa yɛ no. (2 Pet. 3:9) Monkyerɛ wɔn nea enti a afoforo a wɔbɛboa wɔn yi yɛ Kristofo som no fã a ɛho hia saa.—Mat. 22:39; Yoh. 21:15-17.
6 Ɛsɛ sɛ mmofra a wɔadu ntoaso sukuu mfe so susuw wɔn daakye botae horow wɔ asetra mu ne sɛnea wɔde wɔn nimdeɛ ahorow bedi dwuma ho. Dɛn nti na womfa akwampae adwuma nyɛ wo botae? Wɔn a onyin ama wɔagyae adwuma anaa wɔrebɛn saa mfe no ho betumi asusuw akwampae adwuma ho. Nhyira horow a yenya gyina sɛnea yɛde hokwan horow a yɛwɔ di dwuma no so kɛse.—Luka 8:18.
7 So worebɔ mmɔden ankasa sɛ wobɛyɛ daa akwampae adwuma wɔ w’asetra mu? So w’ani gye nneɛma a edi kan mprempren wɔ w’asetra mu no ho? Sɛ ɛnte saa a, dɛn nti na wonsan nhyehyɛ no foforo? Bisa wo ho sɛ, Dɛn na esiw me kwan a ɛmma menyɛ akwampae adwuma’ So wopɛ sɛ woyɛ? (Kol. 3:23, 24) Sɛ wopɛ a, ɛnde ɛda adi yiye sɛ wo nso wowɔ nea egye na obi ayɛ ɔkwampaefo no bi.