So Wo Yam Hyehye Wo Ma Nkurɔfo?
1 Wɔkae wɔ Yesu ho sɛ, ‘Ne yam hyehyee no maa nkurɔfo no.’ (Mat. 9:36) So yɛwɔ tema a ɛte saa ara ma afoforo? (Mat. 9:36b, Kingdom Interlinear) Ɛkã wo ma wuyi adi kɛse dɛn?
2 Sɛ w’afipamfo fie rehyew na wɔn nkwa da asiane mu a, ɔkwan bɛn so na wobɛkɔ so abɔ mmɔden sɛ wo nsa bɛka wɔn? (Mat. 22:39) So wobɛbɔ wɔn pon mu brɛoo pɛnkoro anaa abien bi na sɛ obiara annye so a woasan akɔ fie? Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛbɔ mmɔden kɛse sɛ wo nsa bɛka wɔn na woagye wɔn nkwa! Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa nkwa ho aba asɛm mprempren. Esiane eyi nti Yehowa de ne nkwagye asɛm no ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnkɔka nkyerɛ nkurɔfo no, sɛ wobetie o, sɛ wɔrentie o.—Hes. 3:10, 11.
3 Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebedu nkurɔfo nyinaa nkyɛn no, ɛsɛ sɛ yenya afie afie adwuma no mu kyɛfa bere nyinaa. Akwampaefo taa nya adwuma yi mu kyɛfa da biara. Yɛn mu pii nya afie afie adwuma no mu kyɛfa dapɛn biara. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de yɛ yɛn botae sɛ yebenya nkwagye adwuma yi mu kyɛfa mpɛn pii sɛnea ebetumi, ne titiriw no, Kwasida a edi kan wɔ ɔsram biara mu ne afei Memeneda a ɛto so abien ne anan no.
OBIARA NKYƐN A YƐBƐKƆ
4 Sɛ woreka Ahenni asɛm no a, so wode yɛ wo botae sɛ wobɛkɔ obiara nkyɛn sɛnea wubetumi? Adawurubɔfo binom yɛ afie afie adwuma anwummere, efisɛ wɔto nnipa pii wɔ fie saa bere no. So wubetumi ayɛ eyi? Afei nso bere a woreyɛ afie afie adwuma no, so wugyina kasa kyerɛ wɔn a wɔafi fie no? Nneɛma pa afi eyi yɛ mu aba. Bere a onua biako reyɛ afie afie adwuma no, ohuu aberante bi a ɔrekɔ wɔ borɔn no so. Yɛn nua no kɔɔ ne nkyɛn na ofii nkɔmmɔbɔ ase. Bible adesua dii eyi akyi. Aberante no nyaa nkɔso ntɛmntɛm na mprempren n’ani abere reka Ahenni asɛm no.—Aso. 13:48, 49.
5 So woma ɛtra w’adwene mu sɛ wobɛsan akɔ baabi a na obiara nni fie no? Onua biako hui sɛ wɔn a wonni fie no mu pii yɛ wɔn a ebia wɔntaa mfa Ahenni asɛm no nkɔ wɔn nkyɛn. Mpɛn pii sɛ yehu wɔn a, wɔtaa yɛ wɔn a wɔkyerɛ anisɔ ne nguanten su. So wudi nyansahyɛ a wɔde ama wɔ wɔn a wonni fie a wɔbɛsan akɔ wɔn nkyɛn ho no akyi ansa mo woafi asasesin no mu? (km 10/81 kr. 8) Adawurubɔfo a wɔyɛ saa no bɔ amanneɛ sɛ wɔto nnipa yi mu bɛyɛ fã wɔ fie, bere a wɔkɔ hɔ nea ɛto so abien no. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ ma afoforo ne wɔn ho a yesusuw no nso ka yɛn ma yɛyɛ sankɔhwɛ na yɛbɔ mmɔden sɛ yebefi adesua ase wɔ faako a wɔkyerɛ anigye no.—Rom. 12:11.
6 Asafo ahorow pii abisa ho kwan sɛ wɔbɛyɛ adwuma wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu efi October yi kosi December mu. Kakra nso bɛboa asafo afoforo ma wɔayɛ wɔn asasesin no fã a wɔntaa nyɛ mu adwuma no mu adwuma. So wubetumi aboa wɔ saa kwan yi so nso?
7 Afei, fa no sɛ na wo fie rehyew! Ɔkwan bɛn so na wobɛpɛ sɛ wo fipamfo no kɔ so bɔ wo pon mu bɔ wo kɔkɔ? Bere a yɛwɔ nkate a ɛte saa ara ma afoforo na yehu gye a egye ntɛmpɛ no, momma yɛn yam nhyehye yɛn mma afoforo sɛnea Yesu yɛe no.