Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhoma A Wɔde Di Dwuma Yiye So
1 Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no ne mmoa a eye a wɔnam so ma yɛte nsɛm a ɛho hia. Esiane eyi nti, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkenkan yɛn de a yɛn nsa ka no ntɛm ara. Ɛdenam saa yɛ so no yebetumi ahu emu nsɛm no na yɛahyɛ nsɛm atitiriw a ebia nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu ani begye ho kɛse no nsow.
2 Mpɛn pii sɛ yɛde nsɛmma nhoma rema a, ɛyɛ nea eye sɛ yɛbɛka emu nsɛm biako pɛ ho asɛm tiaa. Sɛ ɛka biribi ho asɛm pii wom a, ebetumi atwe adwene asi nea ɛreba ho asɛm titiriw no so. Anaasɛ ɛtɔ bere bi a yebetumi aka emu asɛm ankasa bi ho asɛm denam asɛm bi a wobɛkenkan afi nea wode rekyerɛ no mu so.
3 Sɛ wode December 1, 1984 Watchtower no a yegye di sɛ saa bere yi de ɛne foforo a aba wɔ mo asafo no mu no rema a, wubetumi aka sɛ: “Migye di sɛ wubegye atom sɛ na ɛyɛ Yesu aniberesɛm bere a ɔkae wɔ Marko 13:37 sɛ: ‘Nea mise mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa! Monwɛn!’ no. Ɔkwan bɛn so na na ɔpɛ sɛ yɛwɛn? So morɛwɛn? Dɛn na aba Kristofo ɔwɛn so? Saa Watchtower yi wɔ pii ka wɔ asɛm no ho a mahu sɛ eye na ɛhyɛ nkuran nso. Migye di sɛ wubehu sɛ saa nsɛm yi yɛ nea ɛkanyan obi wɔ Kristofo ɔwɛn no ho. Wo nsa betumi aka ɛne ne hokafo Awake! yi a ɛyɛ ¢16.
4 Sɛ wo ne abofra na ɛrekasa a, wubetumi de asɛm “Ɔkwan Bɛn So na Metumi Ama Me Sukuu Adwuma mu Mmɔdenbɔ Anya Nkɔso?” a ɛwɔ December 8, Awake! mu no adi dwuma. Wubetumi aka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ sukuuni biara susuw mmɔden a ɔbɛbɔ wɔ sukuu adwuma mu ho. Akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ sɛ mmɔden a wobɔ wɔ sukuu adwuma mu no nya nkɔso, ɛmfa ho sɛ ɛte dɛn mprempren. Nanso wubegye atom sɛ sukuu adwuma mu mmɔdenbɔ pa nyɛ biribi a ɛba mpofirim. Sɛ nhwɛso no, hwɛ nea ɛka wɔ ha . . . ” Fa kyerɛ no na kenkan asɛm a ɛwɔ adaka no mu wɔ kratafa 24 no anaasɛ ma n’ankasa nkenkan na afei fa ma.
5 Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den sɛ wode December 15 de a asɛm a ɛwɔ akyi ne: “Buronya—Ɛyɛ Anigye anaasɛ Asiane Wom?” no bɛma. Sɛ wode ɛno rekyerɛ a, wubetumi aka biribi te sɛ: “Yesu ne Kristofo a wodii kan no anni Buronya. Asɛm no mpue wɔ Bible mu mpo. So wunim nea enti a ɛte saa? Ɛho hia sɛ wubehu. Nsɛmma nhoma yi kyerɛ wo nea enti a ɛte saa ne nea ɛsen saa. Wo nsa betumi aka ɛne ne hokafo yi a ɛyɛ ¢16.”
6 Wɔ nsɛmma nhoma a wɔaka ho asɛm no biara mu no, ebia wobɛpɛ sɛ wode asɛm foforo a ɛnyɛ nea wɔahyɛ ho nyansa wɔ atifi hɔ no di dwuma. Nea ɛho hia ne sɛ wobɛkae ama w’asɛm no ayɛ tiaa a ɛreka biribi pɔtee ho asɛm. Ebia nnianim asɛm a ɛware dodo remma ofiewura ani nnye ho anaasɛ ɛbɛma ɔde anoyi ahorow ama.
7 Wɔ nea ɛboro mfirihyia 100 mprempren no, Yehowa nkurɔfo anya ‘Kyerɛwnsɛm mu awerɛkyekye’ denam nsɛmma nhoma a Asafo ti no tintim no so. (Rom. 15:4) Bere a awiei no rebɛn ntɛmntɛm yi, so yɛmpɛ sɛ yɛbɛbɔ mmɔden kɛse ama nnipa pii nsa aka nsɛmma nhoma no sɛnea yebetumi? Ampa, yɛpɛ sɛ yɛyɛ saa! Yɛpɛ sɛ yenya Yehowa adwene, efisɛ “Ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” (2 Pet. 3:9) Asase so baabiara nni hɔ a yehu nsɛmma nhoma te sɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no a Ahenni ho asɛmpa no ne Yehowa din kɛse no anuonyam a wɔbɛhyɛ ho dawuru nkutoo na ɛbɔ. Momma yɛmfa nni dwuma kɛse.