Asemmisa Afã
● Bere bɛn na obi fata sɛ onya Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn som Adwuma nhoma no bi, na ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe ma wɔne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu no tĩ nsemmisa ahorow no mu?
Wɔaka eyi ho asɛm wɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 173-5 wɔ asɛm a ɛne “Ma Asafo Mu Mpanyimfo” no ase. Wɔakyerɛkyerɛ mu sɛ, sɛ obi ama n’asetra ne Yehowa trenee gyinapɛn ahorow ahyia, ɔkɔ nhyiam daa na ɔrenya asɛnka adwuma mu kyɛfa sɛnea ɛsɛ obi a ɔne yɛn bɔ a wɔagye no atom a, obetumi aka akyerɛ mpanyimfo no mu biako sɛ ɔpɛ sɛ wɔbɔ no asu na wagye Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie yɛn Som Adwuma nhoma no bi wɔ saa bere no mu.—Hwɛ nkratafa 97-100 a ɛka “obi a ɔne yɛn bɔ a wɔagye no atom ho asɛm no nso.
Bere a nea ɔne yɛn bɔ a wɔagye no atom no nsa aka nhoma no,ɛsɛ sɛ ofi ase ti nsemmisa ahorow ma wɔn a wɔpɛ asubɔ a efi ase wɔ kratafa 175 no mu. Ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden hu nea kyerɛw nsɛm ahorow a ɛwom no kyerɛ. Bere a wakenkan nsɛm a wɔakyerɛ no akyi no, mpanyimfo no mu binom ne no betĩ nsemmisa ne mmuae no mu. Ɔhwɛfo guamtrani no na ɔyɛ eyi ho nhyehyɛe.
Ɛnsɛ sɛ wɔde ahopere siesie wɔn ho ma asubɔ. Enti, ɛsɛ sɛ ‘onii no di kan bɔ mpanyimfo no amanneɛ ntɛm wɔ bere a ɔreyɛ nhyehyɛe sɛ obegye asubɔ no ho. Ɛho nhia sɛ mpanyimfo no twɛn kosi sɛ wɔbɛka sɛ wɔrebɛkɔ nhyiam ansa na wɔne wɔn a woresiesie wɔn ho ama asubɔ no asusuw nsemmisa ahorow no ho. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔne afoforo yɛ Bible adesua no ma wɔn ani da hɔ wɔ honhom mu nkɔso a wɔn adesuafo no renya no ho na wotumi hu bere a wɔrebɛn ahosohyira ho na wɔamma wɔahu sɛnea wobetumi ayɛ nhyehyɛe ama asubɔ.
Ebia mpanyimfo a wɔne onii a ɔpɛ sɛ wɔbɔ no asu no retĩ nsemmisa no mu no besi gyinae sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ obenya honhom mu nkɔso bio ansa na wayɛ ade a ɛho hia yi. Ebia ɛho hia sɛ onya nimdeɛ pii anaasɛ ɛsɛ sɛ ɔbɛyɛ obi a ne ho akokwaw kɛse wɔ ne gyidi ho asɛm a ɔka kyerɛ afoforo no mu. (1 Pet. 3:15) Ebetumi aba sɛ ɛsɛ sɛ onya osuahu pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Anaasɛ ebia wobebu sɛ ɔmfata ankasa mma asubɔ. (Hwɛ Asomafo no Nnwuma 8:36.) Wɔ ne nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ka nkɔso foforo a ohia no ho asɛm, na sɛ ɛho hia a, wɔyɛ mmoa biara a ebia obehia no ho nhyehyɛe de boa onii no ma wɔfata akyiri yi.