Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/90 kr. 1-2
  • Fa Akwamma Bere Di Dwuma Nyansa Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Akwamma Bere Di Dwuma Nyansa Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NYA NHYIAM HOROW MU MFASO
  • NYA ASƐNKA MU KYƐFA
  • BƆ MMƆDEN SƐ WOBƐYƐ BIBLE ADESUA
  • Dɛn Ne W’akwamma Nhyehyɛe Ma 1996?
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Ma Ahenni Nni Kan Wɔ Akwamma Mu Dwumadi Ahorow Ho Nhyehyɛe Yɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Bere A Yɛde ‘Nya Anigye Na Yɛyɛ Yiye’
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Onyankopɔn Ahenni Akyigyinafo a Wɔyɛ Biako
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 8/90 kr. 1-2

Fa Akwamma Bere Di Dwuma Nyansa Mu

1 Wɔtaa bisa sukuufo mmofra nea wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ wɔn akwamma bere mu, na sɛ wɔsan kɔ sukuu a, ebia wɔbɛma wɔakyerɛ nea wɔyɛe. Ampa, eye sɛ yɛn nyinaa, mmofra ne mpanyin, bebisa yɛn ho sɛ: ‘Dɛn na yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛde yɛn sukuu anaa adwumam akwamma bɛyɛ? Sɛ etwam a, so yebetumi abɔ akwamma a ɛsom bo na ɛsow aba ho amanneɛ? Sɛ yetie afotu a ɛne sɛ ‘yɛntɔ adagyew bere mma yɛn ho’ no a, yebetumi ayɛ saa.​—Efe. 5:15, 16.

NYA NHYIAM HOROW MU MFASO

2 Yɛde ahopere rehwɛ afe yi ɔmantam nhyiam horow no kwan. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ Volume 33, No. 7 mu no. wɔayɛ nhyehyɛe sɛ ɔman yi fã bi bɛkɔ August awiei, bere a afoforo kɔ wɔn de efi November 1990 kosi January 1991 mu no. Ade biako a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de ka yɛn nhyehyɛe ho ne “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam no a yɛbɛkɔ. Ɛno akyi no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ nsɛm a yɛkyerɛkyerɛwee no mu na yɛahu nsɛmpɔw a yesuae a yebetumi de adi dwuma yɛn asetra mu sɛ Yehowa ayeyifo no. Wɔhyɛ yɛn nkuran wɔ Efesofo 4:25 sɛ “obiara nni ne yɔnko nokware.” Yɛn yɔnkonom a wɔbɛn so sen biara ne yɛn ankasa abusua mufo. Yebetumi ne wɔn anaasɛ yɛn honhom mu abusua no mufo abɔ honhom fam aduan a ɛyɛ nwonwa a yenyae wɔ nhyiam dwumadi no mu no ho nkɔmmɔ. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛreboa yɛn ho yɛn ho ma ‘yɛabɔ Yehowa din na yɛayɛ ɔnokoro asom no.’​—Sef. 3:9.

NYA ASƐNKA MU KYƐFA

3 August ne September mu no, wɔhyɛ nyansa sɛ yɛmfa nhomawa biara mma, gye Sukuu nhomawa no. So yɛayɛ nhyehyɛe sɛ yebenya ɔsom adwuma no mu kyɛfa kɛse sɛnea yebetumi biara asram abien yi mu? Sɛ yɛwɔ yɛn ankasa asafo mu a, yɛbɛpɛ sɛ yɛboa asɛnka a wɔbɛkɔ daa ho nhyehyɛe ahorow no. Ɛde gyina asɛmti a wo ne ofiewura besusuw ho wɔ afie afie ɔsom adwuma no mu so no, wubetumi aka nhomawa biara a ɛfata ho asɛm na woayɛ nhyehyɛe sa wode bi bɛkɔ akɔma no bere foforo. Afei san kɔ bere foforo fa kɔma no. Wobetumi de nhomawa no ama bere a wɔkɔyɛ sankɔhwɛ nso. Fa nhomawa ahorow no di dwuma nnam so wo asɛnka mu.​—Yes. 50:4.

4 Sɛ yɛyɛ nhyehyɛe sɛ yebetu kwan a, sɛ ebia yɛrekɔ nhyiam anaasɛ akwamma no, yebetumi afa nhomawa ahorow no bi akɔ. Sɛ yenya hokwan de di adanse bɔnnɔ so a, yebetumi atwe adwene akɔ nhomawa no mu biako so. Bere a yɛatu kwan no, yebetumi ahwehwɛ anuanom a wɔwɔ kurom hɔ, yɛakɔ nhyiam horow, na yɛne wɔn akɔ asɛnka. Ɛsɛ sɛ eyi yɛ nkuranhyɛ fibea pa ma yɛne anuanom a yɛne wɔn bɛbɔ no nyinaa.​—Rom.1:12.

5 Sɛ ɔsram no bɛso na yenni yɛn asafo mu a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn asɛnka akontaabu mana ɔkyerɛwfo no ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde bɛka akontaabu a ɔde kɔ ɔsram a edi hɔ no da a ɛto so asia no ho.

BƆ MMƆDEN SƐ WOBƐYƐ BIBLE ADESUA

6 Sɛ yɛrefi yɛn asafo mu akɔ asasesin foforo mu akodi akwamma a, ɛsɛ sɛ yesusuw yɛn Bible adesuafo ho. Dɛn na wɔbɛyɛ bere a yenni hɔ no? Sɛ́ anka yɛbɛma adapɛn pii atwam a wɔnyɛ adesua no, so yebetumi ayɛ nhyehyɛe ama obi foforo a ɔwɔ asafo no mu ayɛ adesua no bere a yenni hɔ no? Eye sɛ wobɛma obi ayɛ adesua no daa sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara na ama hia a ɛho hia sɛ wodi honhom fam aduan daa no atra ɔdesuafo no tirim.

7 Sɛ yenya anigyefo wɔ asasesin no mu a, ɛsɛ sɛ yɛsan kɔsra wɔn ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara. Sɛ ofiewura no gye nhomawa bi a, yebetumi ayɛ sɛnea wɔde di dwuma no ho ɔyɛkyerɛ denam nkyekyem kakraa bi a yɛne no besusuw ho no so. Afei ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nhyehyɛe ama wɔasan akɔtoa adesua no so.

8 Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa betumi ahwɛ yɛn akyi wɔ akwamma biara a yɛbɛkɔ afe yi no akyi na yɛate nka sɛ, sɛ Yehowa nkoa a wɔahyira wɔn ho so no, yɛde bere no dii dwuma nyansa mu ampa de ‘soo nsɛm pa a eye a yɛtee no mu’ na yɛboaa afoforo ma wosuaa Yehowa Asɛm mu nokware nsɛm pa a eye no.​—2 Tim. 1:13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena