Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/83 kr. 1-3
  • Onyankopɔn Ahenni Akyigyinafo a Wɔyɛ Biako

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Ahenni Akyigyinafo a Wɔyɛ Biako
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NYA ASƐNKA ADWUMA MU KYƐFA KƐSE
  • Yehowa a Yebesuasua No Denam Adetreeneeyɛ So
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Biakoyɛ A Onyankopɔn Pene So
    Nyan!—1984
  • Sɛnea “Ahenni Biakoyɛ” Kã Wiase no Nyinaa
    Nyan!—1984
  • Bra 1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam No!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 12/83 kr. 1-3

Onyankopɔn Ahenni Akyigyinafo a Wɔyɛ Biako

1 Yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa de biakoyɛ gyina Onyankopɔn Ahenni no akyi. Nneɛma a ɛma wiase akuw ne ahyehyɛde ahorow a Kristoman ka ho, mu paapae no nkaa wɔn saa. Enti na odwontofo no kae sɛ: “Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako” no. (Dw. 133:1) Ɛnnɛ Yehowa nkurɔfo wɔ saa tebea yi mu, na wɔ December mu no yebenya hokwan pii de anya anigye wɔ Kristofo biakoyɛ a yeyi adi kyerɛ no mu.

2 Wɔbɛyɛ “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam horow a wɔayɛ ho nhyehyɛe ama Ghana no wɔ Accra, Kumasi ne Sekondi efi December 15 kosi 18. Ebedu saa bere yi de, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛkɔ nhyiam horow yi mu biako, na akyinnye biara nni ho sɛ yɛrehwɛ honhom mu aduan a ɛyɛ dɛ kwan. (Mal. 3:10) Saa nhyiam horow yi bɛma ada adi sɛ Yehowa Adansefo yɛ nnipa a wɔyɛ biako. Ɛbɛma yɛanya hokwan nso de ahyɛ biakoyɛ a ɛwɔ yɛn Kristofo nuayɛ no mu no mu den. Bere a woretie nhyiam dwumadi no, kyerɛw nyansahyɛ ahorow a wɔde bɛma a ɛbɛhyɛ yɛn nuanom den wɔ wiase nyinaa no to hɔ.​—Efe. 4:3; 1 Kor. 1:10.

3 Ɛnyɛ yɛn nko na yɛpɛ sɛ yɛkɔ “Ahenni Biakoyɛ” mantam Nhyiam horow no, na mmom yɛpɛ sɛ nnipa a yɛne wɔn sua Bible no ne anigyefo afoforo nso kɔ bi. So anka ɛrenyɛ anigye, sɛ wɔn a wɔbaa Nkaedi no ase afe yi no nyinaa nso ba nhyiam horow yi ase afe yi a? Nea edi kan no, wobetumi ahu Yehowa nkurɔfo biakoyɛ no. Wɔbɛte nsɛm a ɛbɛma wɔatumi asi gyinae koraa ama nokware no. Eyi ho hia, sɛ wɔne Yehowa nkurɔfo bɛyɛ biako wɔ Ahenni ho asɛm a wɔka kyerɛ afoforo no mu a.

NYA ASƐNKA ADWUMA MU KYƐFA KƐSE

4 Afe yi wɔbɛyɛ asɛnka adwuma ho nhyehyɛe Yawda awia bere a wɔapɔn nhyiam no. Eyi bɛma yɛn nyinaa anya hokwan de yɛn ho ahyɛ asɛnka adwuma no mu anwummere no. Di kan yɛ ho nhyehyɛe na to nsa frɛ afoforo ma wɔne wo nyɛ adwuma. Titiriw no, mmusua akuw horow bɛpɛ sɛ wɔbom nya mu kyɛfa. Wɔn a wɔde wɔn ho hyeem mmere horow a atwam mu no nyaa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye pii.

5 Bio nso, hwɛ sɛ wubenya hokwan ahorow de adi adanse bere a woreba nhyiam no ase ne bere a worekɔ fie da biara no. Fa nhoma, nsɛmma nhoma ne nkratawa a wode bɛma bere a woanya nnipa a wɔwɔ ho anigye no.

6 Yɛbɛkɔ so ama nkurɔfo akra Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! anaa n’abien nyinaa wɔ December mu. Wɔ “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ” ase hɔ no, wɔada asɛnka ahorow a wɔahyɛ ho nyansa a ɛbɛma yɛanya nsɛmma nhomakra adi, bere a yɛde October nsɛmma nhoma no redi dwuma no. Yegye di sɛ mprempren de mo nsa aka October de no, na enti yɛn nyansahyɛ ahorow no bɛboa mo bere a moreka ho asɛm no. Esiane wiase no ahomegye nna a ɛreba no nti, yɛn mu bebree benya bere pii a wɔmfa nkɔ adwuma. Faako a ɛbɛyɛ yiye no, yɛhyɛ asafo ahorow nkuran sɛ wɔnyɛ kuw adansedi ho nhyehyɛe da biara, efi Memeneda, December 24 kosi Kwasida, January 1. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ pii betumi ayɛ nhyehyɛe de wɔn ho ahyɛ eyi mu na wɔnam so ama wɔn asɛnka adwuma anya nkɔso.

7 December bɛyɛ ɔsram a adagyew nni mu koraa. Sɛ́ ɛyɛ nea yɛne wɔn a wɔwɔ gyidi no mu na ahyiam anaasɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no, momma yɛmfa bere no nni dwuma yiye. Yɛbɛpɛ sɛ yɛda nokware Kristofo biakoyɛ ne onuayɛ honhom adi bere a yɛbom yɛ adwuma de gyina Yehowa Ahenni no akyi nokwaredi mu no. Nea ebefi mu aba no bɛyɛ nhyira ampa!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena