Bere A Yɛde ‘Nya Anigye Na Yɛyɛ Yiye’
1 Salomo asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 3:12 no yɛ ne nsɛm a efi honhom mu a ɛfa “bere wɔ hɔ ma adwuma nyinaa ɔsoro ase” ho no fã. (Ɔsɛnk. 3:1) Ɔkyerɛ sɛ yɛn Bɔfo no pɛ sɛ yɛyɛ adwumaden na yenya nea efi yɛn brɛ mu ba no mu anigye kosi ase. Nanso wɔ nnɛ wiase a nnipa pii abɛyɛ wɔn a ahomegye ne anigyede nkutoo na wɔpɛ yi mu no, ɛho hia sɛ Kristofo hwɛ yiye wɔ wɔn ho a wɔde bɛhyɛ anigyede bi a wiase no honhom na ɛma ɛkɔ so mu no ho. Kari a yebekari pɛ ne yɛn ani a yɛbɛma ada hɔ ho hia, sɛ yebetumi ama yɛn teokrase dwumadi ahorow atra yɛn adwenem kɛse bere a yɛregye yɛn ahome na yedi agoru a ɛho tew no a.
2 Sɛ nhwɛso no, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nhyehyɛe a yɛayɛ bere nyinaa ama nhyiamkɔ ne asɛnka so, bere tiaa bi mpo. Teokrase dwumadi ahorow a yɛde yɛn ho hyɛ mu ma yɛn ani gye. (Mat. 5:8) Yɛpɛ sɛ yɛde hokwan a ɛtɔ bere bi a yenya no di dwuma de nya ɔsom hokwan afoforo a ebia ebebue ama yɛn wɔ mmere bi mu wɔ afe no mu no mu anigye. Pii ahu sɛ akwampaefo boafo adwuma ma wodi wɔn honhom mu ahiade ne nea wɔde gye wɔn ani ho dwuma.
3 Onuawa biako a ɔde asram anan yɛɛ akwampaefo boafo adwuma wɔ asasesin a wɔmmfa nhyɛɛ obiara nsa mu kae sɛ: “Ɛyɛ osuahu a me werɛ remfi da. Mɛkae honhom mu ntetee a minyae no bere nyinaa, sɛ mise merenka mfaso afoforo no ho asɛm mpo a.” Mmusua ahorow mufo nyinaa anya anigye denam hokwan ahorow a wɔde adi dwuma de atrɛw wɔn som ma Yehowa mu no so. Yɛrehyɛ daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo akuw ahorow nkuran sɛ wommisa asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu dwumadi wɔ Ghana ɔmantifi, faako a yɛwɔ adawurubɔfo kakraa bi no ho kwan. Nnipa baakron a wofi abusua biako mu de wɔn akwamma bere yɛɛ adwuma wɔ kurow ketewaa bi a wɔntaa nni adanse wɔ mu mu. Wɔde da biara fã yɛɛ asɛnka adwuma. Wɔkae sɛ: “Ná ɛyɛ akwamma a ɛyɛ anigye sen biara a yɛanya pɛn!” So anyɛ yiye koraa no wubetumi ayɛ nhyehyɛe ayɛ akwampaefo boafo pɛnkoro wɔ afe no mu? Ebia sukuufo mmofra a wɔanya akwamma bɛpɛ sɛ wɔde eyi yɛ wɔn botae ɔsram biako anaa nea ɛboro saa. Eyi hia nhyehyɛe a wobedi kan ayɛ na awofo betumi aboa ma wɔayɛ saa ansa na sukuu akwamma adu mpo. Awofo, dɛn nti na mone wɔn mmom nyɛ adwuma bere a wɔanya akwamma na wɔwɔ fie no wɔ ɔsom hokwan fɛfɛ yi mu?
4 So abusuafo a wɔwɔ nokware no mu ato nsa afrɛ wo sɛ fa bere bi bɛsra wɔn? Ebia eyi bɛyɛ ɔkwan pa a mobɛfa so agye mo ahome na moaka osuahu ahorow akyerɛ. Wɔ afoforo fam no, ebia na saa abusuafo yi binom nyɛ gyidifo. Sɛ tebea horow ma kwan a, dɛn nti na wonka yɛn Bible mu anidaso no ho asɛm nkyerɛ wɔn? Bere a nsrahwɛ no ama woafi faako a wote no, sɛ ebetumi a, kɔ asafo a ɛwɔ hɔ no nhyiam horow no. Ne titiriw no, ɛyɛ nkuranhyɛ sɛ wone wɔn bɛbom ayɛ asɛnka adwuma.
5 Nokwarem no, nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan wɔ yɛn asetra mu. Kae sɛ ‘wobɛhwehwɛ Ahenni no kan!’ (Mat. 6:33) Bere a yɛkɔ so ma ‘yɛn ani gye na yɛyɛ yiye’ no, yɛn kasa ne yɛn abrabɔ bɛma wɔabɔ yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no din pa. Eyi bɛma wɔahyɛ no anuonyam na yɛn akatua bɛyɛ kɛse.—Dw. 34:1; Ɔsɛnk. 3:12, 13.