Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/94 kr. 8
  • Ma W’ani Nku Nsɛmma Nhoma ho wɔ October Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma W’ani Nku Nsɛmma Nhoma ho wɔ October Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Bere Biara
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Yɛbɛtumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Yebetumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 10/94 kr. 8

Ma W’ani Nku Nsɛmma Nhoma ho wɔ October Mu

1 Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kura daa asɛmpa ho awerɛkyekye ne nkuranhyɛ nsɛm. Nsɛmma nhoma a yɛbɛma yɛn ani aku ho kyerɛ sɛ yebegye bere akenkan no yiye asusuw sɛnea nsɛm no betumi akanyan yɛn asasesin no mu nnipa anigye ho.

2 Nea edi kan no, hu anim nsɛm no yiye. Mpɛn pii no nsɛmma nhoma no anim mfonini ahorow no ankasa bɛkanyan onipa no ma wagye. Paw nsɛm a wote nka sɛ mo asasesin no mu nnipa ani betumi agye ho. So nnipa no yɛ asɔre biako bi mufo titiriw? Nneɛma bɛn na ehia wɔn titiriw? Bere a nsɛm yi wɔ w’adwenem no, ɛsɛ sɛ wutumi siesie nsɛm a wɔka kyerɛ a etu mpɔn. Hyɛ nea wɔada no adi wɔ ase ha no nsow.

3 Sɛ wode October 1, “Ɔwɛn-Aban” no rema a, wubetumi de asɛm a ɛne “Bible No—Dɛn Ne Ɛso Mfaso Ankasa?” adi dwuma. Wubetumi aka sɛ:

◼ “Ɛkame ayɛ sɛ wubetumi ahu Bible wɔ ofie biara mu wɔ yɛn mpɔtam ha. Nnipa pii a wɔwɔ bi no te nka sɛ ekura biribi titiriw a mfaso wɔ so.” Afei wubetumi abisa asɛm bi tẽẽ te sɛ eyi: “Wususuw sɛ dɛn na ɛma Bible no da nsow?” anaasɛ, “Wususuw sɛ dɛn na ɛbɛboa nnipa pii ma wɔanya Bible no so mfaso?” Ofiewura no mmuae akyi no, ebia wubetumi aka nsɛm a ɛfata te sɛ eyi de atoa so: “Adanse bebree wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no, na ɛyɛ nokware akwankyerɛ ma yɛn. Ekura nimdeɛ a ebetumi ama yɛanya daa nkwa. [Kenkan Yohane 17:3.] Nnipa pii kyerɛ obu wɔ ho nanso wonnim sɛnea ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma. Ɔwɛn-Aban no mu asɛm yi kyerɛkyerɛ sɛnea w’ankasa wubetumi de Bible no anya wo nsemmisa a ɛfa daakye ho no ho mmuae no mu. Mepɛ sɛ mede biako yi ma wo na afei nso mekyerɛ wo ɔkwan a wubetumi afa so anya bi daa wɔ wo fie.”

4 Bere a wode September 15 “Ɔwɛn-Aban” no redi dwuma no, ebia wobɛpɛ sɛ wofa ɔkwantiaa a ɛte sɛ eyi so:

◼ “Ɛkame ayɛ sɛ adesamma ntam abusuabɔ a ɛkɔ so sɛe no haw obiara. Nea ɛhaw adwene titiriw ne adwennwene ne nhyɛso a ɛka abusua asetra no. Asɛm yi bisa sɛ, ‘Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wode Bɔne Firi?’ Sɛ obiara fi ne pɛ mu de bɔne firi a, wususuw sɛ anka abusua asetra bɛyɛ dɛn? [Twɛn ma ommua.] Sɛ wobɛpɛ sɛ wuhu sɛnea Bible no bua saa asemmisa no a, m’ani begye sɛ mede nsɛmma nhoma yi bɛma wo.” Yɛ krado sɛ wode Nya Abusua Asetra mu Anigye kratawa no bɛma ofiewura no, sɛ ɔpɛ nhoma a ekura asɛm tiawa bi a.

5 September 8 Engiresi kasa mu “Nyan!” no pɛɛpɛɛ Baasakoro, nkyerɛkyerɛ atitiriw a ɛmma Nkramofo ne Yudafo ne Kristoman asɔre ahorow nyɛ adwene no biako mu. Bere a wode “Have You Ever Wondered?” ho nsɛm no redi dwuma no, wubetumi abisa asɛm yi sɛ:

◼ “So na wunim sɛ Baasakoro a obi gye di no de no to asiane mu? [Twɛn ma ommua.] Yesu kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛsom Agya no wɔ “nokware mu” ma ɛne nea Bible kyerɛkyerɛ no hyia. Nanso, ɔsom pii a wose wɔyɛ Kristofo no kyerɛkyerɛ Baasakoro, nkyerɛkyerɛ bi a enni Bible mu. Wususuw sɛ ɛno nya nnipa a wɔpɛ sɛ wɔde nea Bible kyerɛkyerɛ no bɔ wɔn bra so tumi dɛn? [Twɛn ma ommua.] Nyan! yi ka saa asemmisa no ho asɛm na ɛkyerɛkyerɛ nea Bible no ka wɔ asɛm no ho mu.”

6 Bɔ mmɔden sɛ wode nsɛmma nhoma no bɛma na woaka ne kra ho asɛm wɔ ofie biara mu, sɛ moantumi ammɔ Bible no mu nkɔmmɔ mpo a. Nnipa a wobegye nsɛmma nhoma no dodow no ara ani bɛsɔ sɛ wobɛsan de nea aba foforo no bi abrɛ wɔn na ebia wɔbɛkra bi akyiri yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena