Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/09 kr. 4
  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
  • Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Yɛn Ahenni Som—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2009
km 9/09 kr. 4

Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho

The Watchtower September 1

“Nnipa pii susuw sɛ Genesis kyerɛwtohɔ a ɛfa Adam ne Hawa ho no yɛ anansesɛm. Afoforo nso gye di sɛ Adam ne Hawa yɛ nnipa a wɔtenaa ase ankasa. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea Yesu ka faa wɔn ho yi nsow. [Kenkan Marko 10:6-9.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔtenaa ase, na ɛsan kyerɛkyerɛ nea enti a nea yegye di no ho hia no mu.” Twe adwene si asɛm a ɛwɔ kratafa 12 no so.

Awake! September

Kenkan 1 Yohane 4:8. Afei ka sɛ: “Ebinom gye di sɛ Onyankopɔn yɛ abɔnefo ayayade daa wɔ hellgya mu. Afoforo susuw sɛ adwene a ɛte saa ne nea yɛkenkanee wɔ Bible mu yi nhyia. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea Bible kyerɛkyerɛ wɔ asɛm no ho.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 10 no kyerɛ no.

The Watchtower October 1

“Yɛn nyinaa hyia nsɛnnennen wɔ yɛn asetena mu. [Ka nea abu so wɔ mo asasesin mu no bi ho asɛm.] Wususuw sɛ Onyankopɔn betumi aboa yɛn wɔ ɔhaw ahorow yi mu? [Twɛn ma ommua.] Yesu kyerɛɛ ɔkwan biako a Onyankopɔn fa so boa yɛn wɔ kyerɛwsɛm yi mu. [Kenkan Luka 11:13.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ dekode a honhom kronkron yɛ ne sɛnea yebetumi anya so mfaso no mu.”

Awake! October

“Ɛda adi sɛ ɔhaw betumi asɔre wɔ abusua biara mu. Ɛhefa na wususuw sɛ mmusua betumi anya afotu pa a wobetumi de wɔn ho ato so na wɔde ayɛ adwuma? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Dwom 32:8.] Awake! soronko yi ma yehu Bible nnyinasosɛm pɔtẽẽ a sɛ mmusua de di dwuma a ɛbɛboa wɔn no bi.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena