Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/01 kr. 8
  • Boa Afoforo Ma Wɔnkɔ Nhyiam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Afoforo Ma Wɔnkɔ Nhyiam
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asuafo a Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Ahyehyɛde a Egyina Hɔ Ma Yɛn Din no Mu
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Bible Asuafo a Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Yehowa Ahyehyɛde No Hia
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • ‘Momma Yɛnkɔ Yehowa Fi’
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 3/01 kr. 8

Boa Afoforo Ma Wɔnkɔ Nhyiam

1 “Yɛde anigye kɛse to nsa frɛ nnamfo biara a wɔte mpɔtam ha . . . a wɔpɛ sɛ wɔba nhyiam no sɛ wɔmmra.” Efi bere a saa amanneɛbɔ yi puei wɔ November 1880, Zion’s Watch Tower mu no, Yehowa Adansefo de anigye kɛse ato nsa afrɛ nkurɔfo ma wɔne wɔn abom ahyiam agye Bible nkyerɛkyerɛ. (Adi. 22:17) Eyi yɛ nokware som fã titiriw.

2 Ɛho Hia sɛ Wokɔ Nhyiam: Sɛ yɛne asafo no bɔ a, yenya nhyira. Yehu Yehowa, yɛn Nyankopɔn nwonwafo no yiye. Yebom hyiam wɔ asafo no mu sɛ ‘Yehowa nkyerɛkyerɛ yɛn.’ (Yes. 54:13) N’ahyehyɛde no kɔ so yɛ Bible nkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe a ɛtwe yɛn bɛn no kɛse na ɛboa yɛn ma yɛde “Onyankopɔn afotu nyinaa” di dwuma. (Aso. 20:27, NW; Luka 12:42) Nhyiam ahorow no tete yɛn ma yɛde Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ. Kyerɛwnsɛm mu nkaesɛm boa yɛn ma yɛne afoforo ne Yehowa ankasa nso nya abusuabɔ pa. Wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn a yɛne wɔn bɔ no hyɛ yɛn gyidi den.—Rom. 1:11, 12.

3 Hyɛ Da To Nsa Frɛ Wɔn: To nsa frɛ Bible suani biara sɛ ɔmmra nhyiam wɔ adesua a edi kan a wo ne no yɛ no akyi. Kanyan n’anigye denam asɛm bi a ɛhyɛɛ wo nkuran wɔ nhyiam a etwa to a wokɔe no ase a wobɛka no so na munsusuw nhyiam a edi hɔ no mu biribi ho. Kyerɛ no sɛnea Ahenni Asa no te, na hwɛ hu sɛ onim ɔkwan a ɔbɛfa so ahu hɔ.

4 Sɛ osuani bi amma nhyiam ntɛm ara a, kɔ so to nsa frɛ no. Dapɛn biara fa simma kakra kyerɛ no sɛnea yɛn ahyehyɛde no yɛ adwuma. Fa Wɔreyɛ Onyankopɔn Apɛde nhomawa ne Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name video no kyerɛkyerɛ no ma onhu yɛne yɛn nhyiam horow no. Wo ne adawurubɔfo afoforo nkɔ osuani no nkyɛn na ama wahu wɔn. Sɛ worebɔ mpae a, da Yehowa ase sɛ moahu ahyehyɛde no na ka hia a ehia sɛ osuani no de ne ho bɛbɔ ho no ho asɛm.

5 Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛboa wɔn a wɔyɛ afoforo no na ama wɔne yɛn ahyiam. Bere a anisɔ a wɔwɔ ma Yehowa no yɛ kɛse no, ɛbɛkanyan wɔn ma wɔde nea wosua no adi dwuma na wɔabɛyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde a wɔayɛ biako no mufo.—1 Kor. 14:25.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena