Bible Asuafo a Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Yehowa Ahyehyɛde No Hia
(MONHYƐ NO NSOW: Yɛde asɛm yi bedi dwuma kɛse bere a yɛsan de yɛn Ahenni Asa di dwuma no. Mprempren de, esiane sɛ nsa da yɛn dwumadi so nti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hwɛ yiye wɔ nea yɛne obi bɔ ho nkɔmmɔbɔ fa yɛn nhyiambea ho. Sɛnea wɔabɔ yɛn amanneɛ dedaw no, ansa na yɛde obi foforo bɛba abɛka kuw no ho no, ɛsɛ sɛ yɛne mpanyimfo no di kan susuw asɛm no ho ansa. Nanso, mprempren mpo, nsɛm a wɔaka no ho bɛba mfaso wɔ anigyefo a yɛbɛkyerɛ wɔn kwan aba Yehowa ahyehyɛde no mu no mu.)
1 Ehia sɛ Bible asuafo hu “kuw biako” ahyehyɛde a Yesu kaa ho asɛm wɔ Yohane 10:16 no. Ɛsɛ sɛ wohu sɛ ehia sɛ wɔde wɔn ho bɔ Yehowa ahyehyɛde no na ama woanya nkwagye. (Adi 7:9, 10, 15) Enti, ɛsɛ sɛ yefi ase kyerɛ yɛn Bible asuafo kwan ba ahyehyɛde no mu bere a yɛhyehyɛ Bible adesua ara pɛ no.
2 Boa Bible suani no ma onhu Yehowa asase so ahyehyɛde no afã horow pii no. Esiane sɛ Yehowa nkurɔfo di afeha a edi kan no mu nhwɛso no akyi nti, wɔn nyinaa yɛ asafo ahorow a emufo yɛ mpanyimfo, asafo mu asomfo, ne adawurubɔfo no mufo. Ɛnnɛ, asafo ahorow no mufo nya nhyiam anum a wɔkɔ dapɛn biara no mu anigye. Wɔyɛ bere ne bere mu nhyiam nketewa ne akɛse wɔ afe no mu, na eyi da nkyerɛkyerɛ titiriw ne hokwan ahorow a ɛma wɔne wɔn mfɛfo Adansefo a wofi mmeaemmeae bɔ fekuw ma. Afei nso, akwampaefo, asɛmpatrɛwfo, ne ahwɛfo akwantufo ne Sodikuw a ɛkyerɛ wiase nyinaa adwuma no kwan nso wɔ hɔ. Wobɛyɛ dɛn atumi ama wo Bible asuafo ahu Yehowa ahyehyɛde no afã horow no? Wobɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn ma wɔahu sɛ ahyehyɛde no mu nhyehyɛe ahorow gyina Bible no so?
FA ONYANKOPƆN APƐDE NHOMAWA NO DI DWUMA
3 Yehowa ahyehyɛde no ho nsɛm pii wɔ Onyankopɔn Apɛde nhomawa no mu. Wonam ɛno so betumi ama wo Bible asuafo ahu ahyehyɛde no nkakrankakra na wɔaboa wɔn ma wɔakyerɛ adwuma a ɛyɛ no ho anisɔ. Ɔkwan pa a wobɛfa so afi ase ne sɛ wo ne wɔn bɛbɔ nea yɛyɛ wɔ Ahenni Asa so no ho nkɔmmɔbɔ. Eyi bɛhyɛ osuani no nkuran ma waba asafo nhyiam horow no. Ansa na wobɛto nsa afrɛ no ma wabetie baguam ɔkasa nea edi kan no, munti nkratafa 14 ne 15 no mu nsɛm no mu. Twe n’adwene si mfonini ahorow no so. Ka faako a mo Ahenni Asa no wɔ ne sɛnea ɛte ho asɛm kyerɛ no. Wubetumi de Ahenni Asa a wokɔ so adesua no mfonini akyerɛ no mpo.
4 Sɛ wɔka kyerɛ mo asafo no sɛ ɔmansin sohwɛfo rebɛsra mo a, wo ne wo Bible suani no nsusuw nkratafa 20 ne 21 no ho. Fa nsemmisa a ɛwɔ kratafa 21 awiei no di dwuma ma nsɛntitiriw no nna adi. Wo ne no nsusuw Kyerɛwnsɛm mu asɛm a yɛn mprempren nhyehyɛe no gyina so no ho denam kratafa 20 no nkyekyem a edi kan a wode bedi dwuma no so. Nsɛm yi bɛma mfaso aba Ahenni Asa so a wo suani no bɛba no so.
5 Saa ara nso na ansa na mobɛkɔ mo ɔmantam nhyiam, ɔmansin nhyiam, anaa da koro nhyiam titiriw no, ɛsɛ sɛ mususuw nea wɔatintim wɔ kratafa 19 no ho. Twe n’adwene si nea yɛyɛ wɔ nhyiam akɛse ase, na ka amanaman ntam de a wɔada no adi wɔ kratafa 18 mfonini ahorow no mu no ho asɛm. Sɛ woka mfonini a ɛkyerɛ nhoma foforo bi a wɔreyi no adi ho asɛm a, wubetumi asiesie no ama nkɔmmɔbɔ foforo wɔ nkratafa 24 ne 25. Sɛ wobɛkyerɛkyerɛ akwampae adwuma mu a, ka nkratafa 22 ne 23 mu nsɛntitiriw ho asɛm.
SAKRA MU MA ƐNE N’AHIADE NHYIA
6 Sɛnea wubetumi ahu no, enhia sɛ wobefi ase afi Onyankopɔn Apɛde nhomawa no mfiase. Mmom no, susuw nhomawa no mu nsɛntitiriw pɔtee a ɛbɛboa osuani no ma wakyerɛ Yehowa ahyehyɛde no ho anisɔ, na ahyɛ no nkuran ma ɔne ne mo asafo no abɔ no ho, bere a hokwan bue na ɛho behia no.
7 Gyidi a wode bɛkasa bere a moresusuw nneɛma yi ho no bɛka wo suani no kɛse. Yɛ honhom mu hyew. (Aso. 18:25) Afei nso, hwɛ hu sɛ wo a “wokyerɛkyerɛ obi no,” wokyerɛ Yehowa ahyehyɛde no ho anisɔ de yɛ nhwɛso pa. (Rom. 2:21) Wonam saa a wobɛyɛ so betumi aboa afoforo ma woabɛka nguankuw biako a Yesu rekyerɛ wɔn kwan akɔ daa nkwa mu no ho.