Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/02 kr. 7
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nya Koma A Esuro Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Onyankopɔn Suro​—So Ɛho Betumi Aba Wo Mfaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yesuro Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Sua a Yebesua sɛ Yebenya Yehowa Suro mu Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 2/02 kr. 7

Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Osuro asekyerɛ biako ne “obu a emu dɔ a wonya ma Onyankopɔn titiriw.” Eyi kyerɛ osuro pa a wɔka ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu sɛ “nyansa mfiase” no. (Dw. 111:10) Nea ɛne eyi bɔ abira no, osuro foforo bi hyɛ Satan wiase a yɛte mu no so. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati saa nkate a ɛmfata no bere a yɛrenya osuro pa ma Yehowa no? Ɔmansin nhyiam foforo a yɛbɛyɛ wɔ 2002 ɔsom afe no mu no bebua asɛmmisa yi. Asɛmti no ne “Munsuro Onyankopɔn na Monhyɛ no Anuonyam.” (Adi. 14:7) Yebehu akwan pii a yɛfa so nya Yehowa suro so mfaso sɛ ankorankoro ne ahyehyɛde.

Ɛwom sɛ osuro betumi akyerɛ ahoyeraw anaa akomatu ne amemenemfe a yɛde begyina tebea a emu yɛ den ano de, nanso Bible ka sɛ: “[Anigye, NW] ne obiara a osuro [Yehowa, NW].” (Dw. 128:1) Nhyiam dwumadi no bɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi agyina nokware som mu nsɛnnennen ano. Yebehu sɛnea yɛbɛboa afoforo ma wɔanya osuro pa ama Onyankopɔn, na akanyan wɔn ma wɔanya ɔpɛ sɛ wobefi koma, ɔkra, adwene ne ahoɔden nyinaa mu asom no. (Marko 12:30) Ɔmantam sohwɛfo no kasa a ɛne “Wo Ne Wɔn a Wodɔ Wɔn no Nnya Abusuabɔ a Emu Yɛ Den” no na ɛde da a edi kan no bɛba awiei. Ɔbɛkyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi ahu mmɔden a Ɔbonsam bɔ sɛ ɔbɛtwe yɛn afi Yehowa, yɛn abusua ne yɛn nuanom Kristofo ho no mu.

“Munsuro Yehowa, na Ɛnyɛ Nnipa” ne da a ɛto so abien no kasa a wɔakyekyɛm anan no asɛmti. Wɔbɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yedi ehu biara a ɛremma yentumi nwie yɛn som adwuma anaasɛ yenkura yɛn mudi ne ahonim pa mu wɔ sukuu ne adwuma mu ho dwuma ne ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ saa mu. Baguam ɔkasa a ɛne “Munsuro Onyankopɔn na Munni Ne Mmarasɛm So” no gyina nsɛm a ebesisi a wɔka wɔ Adiyisɛm ti 14 no so. Yɛde ahyɛde a ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ “Monkɔ So Nnantew Yehowa Suro Mu” no na ebewie ɔmansin nhyiam no.

Teokrase Ɔsom Sukuu no, Ɔsom Nhyiam, asubɔ kasa, ne Ɔwɛn-Aban Adesua mu nsɛm a wɔbɔ no mua no yɛ dwumadi no mu nsɛntitiriw foforo a yɛrempɛ sɛ yɛbɛma apa yɛn ti so. To nsa frɛ wo Bible asuafo ma wɔne wo mmra. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ wɔbɔ no asu no ka kyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no ntɛm ara. Yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yɛda no adi sɛ yɛwɔ osuro pa ma Yehowa na yɛhyɛ no anuanom denam dwumadi titiriw yi a yɛremma emu biara mpa yɛn ti so no so!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena