Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Feb. 15
“So woadwen ɔkwampa a wobɛfa so akyerɛ w’asetra kwan na woasi gyinae atitiriw no ho? [Ma ommua.] Yehu akwankyerɛ a eye sen biara no bi, te sɛ Mmara Pa no, wɔ Bible mu. [Kenkan Mateo 7:12.] Nnyinasosɛm pa afoforo bɛn na yebetumi anya so mfaso tẽẽ? Wubehu mmuae no wɔ nsɛmma nhoma yi mu.”
Nyan! Mar. 8
“Ebia woahyɛ no nsow sɛ nnwuma pii mu ayɛ hu kɛse. Nsɛmma nhoma yi kura sɛnea wobetumi ama hɔ ayɛ beae a asiane kɛse nni ho nyansahyɛ a ɛfata. Ɛkyerɛ nso sɛ yɛn yiyedi gyina adwuma ho adwene a ɛkari pɛ a yɛwɔ anaasɛ yenni no so. Mesrɛ wo kenkan.”
Ɔwɛn-Aban Mar. 1
“Esiane nea ɛrekɔ so nnɛ nyinaa nti, yɛn mu dodow no ara susuw nea ɛbɛba daakye ho. Wɔ mpaebɔ bi a agye din mu no, Yesu Kristo kyerɛɛ nea enti a yebetumi de ahotoso ahwɛ daakye kwan. [Kenkan 6:9, 10.] Adesamma reyɛ mfomso koro no ara a wɔyɛe wɔ bere tenten a atwam mu no. Nanso, wɔ saa bere no mu no, na wɔn a wɔsom Onyankopɔn no wɔ daakye a ɛyɛ anigye. Nsɛmma nhoma yi kyerɛ sɛnea yɛn nso yebetumi anya bi.”
Nyan! Mar. 8
“Bible no si hia a nhomasua a edi mu ho hia so dua. [Kenkan Mmebusɛm 2:10, 11.] Yɛn mu dodow no ara nim sɛnea ehia sɛ mmofra nya akyerɛkyerɛfo a wɔfata. Nyan! si hia a akyerɛkyerɛfo adwuma ho hia, sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔn afɔrebɔ ho anisɔ, ne nea awofo betumi ayɛ de aboa wɔn wɔ wɔn adwumaden no mu so dua.”