Asɛmmisa Afã
◼ Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi bere so pɛpɛɛpɛ wɔ asafo nhyiam ase?
Bere kɔ ntɛmntɛm bere a yɛne yɛn nnamfo reyɛ biribi a ɛyɛ anigye no. Ne saa nti, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ yɛn nhyiam ase dwumadi awie wɔ bere ano. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛadi yɛn bere so?
Fi ase wɔ bere ano. Sɛ asafo no nyinaa hyiam a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛka akyerɛ atiefo no ma wɔatra ase bere a aka simma biako anaa abien ma yɛafi ase no. (Ɔsɛnk. 3:1) Ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn ma wɔn a wɔaka akyi no ba ansa na yɛafi nhyiam nketewa mpo te sɛ asɛnka nhyiam ase.
Siesie wo ho yiye. Ade biako a ɛbɛma yɛatumi adi bere so ne sɛ yebedi kan asiesie yɛn ho. Ma dwumadi no atirimpɔw ntra w’adwenem pefee. Hu emu nsɛntitiriw no, na ma ɛnna adi. Mma nsɛm nketenkete nntwetwe w’adwene. Ka asɛm no sɛnea ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔate ase. Sɛ wobɛyɛ ɔyɛkyerɛ anaa wubebisabisa afoforo nsɛm wom a, ɛsɛ sɛ mudi kan yɛ hwɛ. Fa bere to dwumadi no ho bere a wobobɔ so no.
Kyekyɛ wo nsɛm no mu. Sɛ ebia wo dwumadi no yɛ ɔkasa anaa atiefo nkɔmmɔbɔ no, sɛ wokyekyɛ asɛm no mu a, ɛbɛboa wo. Hu bere a wode bɛyɛ ɔfã biara, na kyerɛw hyɛ wo krataa no so. Afei bere a worema ɔkasa no, hwɛ bere a egye no. Sɛ ɛyɛ atiefo nkɔmmɔbɔ a, mma wɔmmma mmuae pii wɔ ne mfiase na woamfa ahoɔhare anni nsɛm a ɛho hia kɛse a edi akyiri no ho dwuma. Ɛsɛ sɛ Ɔwɛn-Aban Adesua so ahwɛfo gyaw bere a wɔde besusuw ntimu adaka no mu nsɛm ho. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye nso na wɔamfa bere a wɔde bɛto dwom abɔ mpae no bi.
Wie wɔ bere ano. Sɛ nhyiam no wɔ afã horow te sɛ Ɔsom Nhyiam a, ɛsɛ sɛ ɔkasafo biara hu bere a ɔde befi ne de ase na wawie. Na bere a yɛde pɔn no reyɛ apa ho a, dɛn na wobetumi ayɛ? Onua anaa anuanom a aka no betumi atwitwa wɔn de no so aka emu nsɛntitiriw na ama wɔawie wɔ bere ano. Sɛ obi tumi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw.
Sɛ atiefo no, yebetumi aboa onua a ɔhwɛ adesua no so no denam nsɛm a ɛho hia a yɛbɛka no tiawa no so. Enti, yɛn nyinaa betumi aboa ma yɛayɛ nhyiam no “fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.”—1 Kor. 14:40.