Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/05 kr. 1
  • Monna Yehowa Ase Wɔ N’adɔe Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monna Yehowa Ase Wɔ N’adɔe Ho
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yɛbɛyɛ Nkaedi No, Yehowa Hyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • ‘Monnɔ Yehowa, Mo a Mudi no Nokware Nyinaa’
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Boa Afoforo ma Wonnya Agyede no So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nea Enti a Yɛkɔ Nkaedi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 2/05 kr. 1

Monna Yehowa Ase Wɔ N’adɔe Ho

Yɛbɛhyɛ Kristo Wu no Ho Fã March 24

1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne yɛn adi no adɔe so?

1 Odwontofo no teɛɛm sɛ: “Wɔnkamfo [Yehowa, NW], n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu.” (Dw. 107:8) Onyankopɔn adɔe kɔ akyiri sen tema a ɔwɔ ma nnipa no. Eyi da adi wɔ nkamfo a odwontofo no fi honhom mu de mae no mu: “Wo, [Yehowa, NW], w’adɔe na ɛwaw me.” (Dw. 94:18) Adɔe a ɛda nsow bɛn ara na Yehowa daa no adi sɛɛ ma ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no bɔɔ afɔre maa yɛn yi!—1 Yoh. 4:9, 10.

2. Yɛbɛyɛ dɛn ada Yehowa ase?

2 Bere a Kristo wu ho Nkaedi no rebɛn no, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ‘ɔdom Nyankopɔn’ no ase? (Dw. 59:17) Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara pɛ bere de dwennwene Yesu nna a etwa to wɔ asase so no ho. (Dw. 143:5) Afei nso ɛbɛyɛ papa sɛ yedi Nkaedi ho Bible akenkan nhyehyɛe no akyi sɛnea ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2005 mu no, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛsan kenkan Onipa a Ɔsen Biara nhoma no ti 112-16 ne Bible ho nhoma ahorow, na yɛyɛ mu nhwehwɛmu. Tɔ wo bo ase kenkan na hwehwɛ mu yiye. (1 Tim. 4:15) Onyankopɔn Asɛm a yɛde mpaebɔ susuw ho no hyɛ yɛn koma den na ɛsan ma yɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no adi.—Mat. 22:37.

3, 4. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi afa asuasua su a yɛn nuanom Liberiafo daa no adi yi bi? (b) Henanom na woabɔ wo tirim sɛ wobɛto nsa afrɛ wɔn aba Nkaedi no ase?

3 Kanyan Afoforo Ma Wɔnna Onyankopɔn Ase: Afe a etwaam no, nnipa 16,760,607 na ɛkɔɔ Nkaedi no bi wiase nyinaa. Mfe kakra bi a atwam wɔ Liberia akuraa bi ase no, anuanom kyerɛw krataa kɔmaa ɔhene a ɔwɔ kurom hɔ no sɛ wɔpɛ sɛ wɔbɛhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã wɔ ne kurom hɔ. Ɔhene no maa anuanom kwan sɛ wɔnhyɛ fã no wɔ agoprama a wɔbɔ so bɔɔl no so, na ɔma wɔbɔɔ dawuru de too nsa frɛɛ ɔmanfo. Ɛwom sɛ na adawurubɔfo baanum pɛ na wɔwɔ akuraa no ase de, nanso nnipa 636 na wɔbaa Nkaedi no ase!

4 Saa ara na yɛpɛ sɛ yɛboa nnipa dodow biara a yebetumi ma wɔbɛka yɛn ho ma yedi Nkae afahyɛ no. Dɛn nti na wonkyerɛw wɔn a wopɛ sɛ woto nsa frɛ wɔn no din? Mfonini a ɛda March 8 Engiresi Nyan! ne March 15 Ɔwɛn-Aban akyi no reto nsa afrɛ afoforo. Wubetumi de Nkaedi nsaano krataa a wɔatintim no nso ato nsa afrɛ wɔn. Kyerɛw bere ne beae a mobɛhyɛ fã no fɛfɛɛfɛ wɔ kratasin no so, na fa bi ma obiara a wobɛto nsa afrɛ no no. Bere a March 24 rebɛn no, san kɔsra obiara a woato nsa afrɛ no no na monyɛ ɛho nhyehyɛe biara a aka.

5. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛ Bible asuafo nkuran ma wɔaba Nkaedi no ase?

5 Yɛbɛyɛ dɛn aboa Bible asuafo a wɔmmaa yɛn nhyiam ase da no ma wɔaba afahyɛ no bi abenya so mfaso kɛse? Bere biara a mobɛyɛ adesua no, gye bere kakra fa ka hia a afahyɛ no ho hia ho asɛm kyerɛ wɔn ma wonnya ho anisɔ. Wubetumi anya nsɛm a eye paa wɔ March 15, 2004 Ɔwɛn-Aban, kratafa 3-7, ne Reasoning nhoma no kratafa 266-9.

6. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma ahɔho akwaaba wɔ Nkaedi no ase?

6 Ma Ahɔho a Wɔbɛba no Akwaaba: Bɛn ahɔho a wɔbɛba Nkaedi ase no na ma wɔn akwaaba. (Rom. 12:13) Yɛ nhyehyɛe na wo ne wɔn a wotoo nsa frɛɛ wɔn no ntra faako, na bɔ mmɔden ma wɔn Bible ne dwom nhoma. Ne titiriw no, ɛsɛ sɛ yedi kan kyiakyia anuanom mmarima ne mmea a wɔayɛ mmerɛw a wɔbɛbɔ mmɔden aba no nyinaa ma wɔn akwaaba. Ɔdɔ mu a yebefi adwen wɔn ho saa no bɛboa wɔn ma wɔasan afi ase ne asafo no abɔ. (Luka 15:3-7) Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa de ahyɛ afoforo nkuran ma wɔabɛka yɛn ho ma yɛada Yehowa ase wɔ ‘n’adɔe a ɛyɛ nwonwa’ no ho wɔ afahyɛ kronkron yi ase.—Dw. 31:21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena