Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/06 kr. 6
  • Wonam Ebinom so Bisa Afoforo Ase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wonam Ebinom so Bisa Afoforo Ase?
  • Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfa a Ɛto So Mmienu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Boa “Wɔn a Wɔpɛ Daa Nkwa” Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Akwan Anum a Wobɛfa So Anya Bible Adesua
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2006
km 4/06 kr. 6

Wonam Ebinom so Bisa Afoforo Ase?

Sɛ woreyɛ Bible adesua seesei a, dɛn nti na wummisa wo suani no sɛ ebia onim obi foforo wɔ ne nnamfo, n’abusuafo, anaa n’amannifo mu a n’ani begye ho sɛ osua nea Bible kyerɛkyerɛ no anaa? Mpɛn pii no, wɔbobɔ nnipa pii din. Sɛ osuani no ma wo kwan a, wubetumi de ne din akɔhwehwɛ saafo yi ne wɔn ayɛ Bible adesua ho nhyehyɛe. Sɛ wokɔ onipa no hɔ a, wubetumi aka sɛ, “[Bɔ osuani no din] ani agye Bible a osua no ho araa ma osusuw sɛ wo nso wobɛpɛ sɛ wunya yɛn Bible adesua nhyehyɛe a yennye hwee no mu mfaso.” Afei fa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no kyerɛ no sɛnea wɔyɛ adesua no tiawa.

Sɛ wowɔ osuani a ɔrenya nkɔanim a, wubetumi ahyɛ no nkuran ma waka nhyehyɛe a moayɛ de sua ade no ho asɛm akyerɛ ne nnamfo ne abusuafo a wɔn ani begye ho no. Obetumi ato nsa afrɛ wɔn ma wɔabɛtra adesua no mu bi. Sɛ ɛno renyɛ yiye a, obetumi ayɛ nhyehyɛe ma woahyia wɔn na woakyerɛ wɔn sɛnea adesua no ho nhyehyɛe te. Saa a wobɛyɛ no bɛhyɛ osuani no nkuran ma wafi ase aka Bible mu nimdeɛ a wanya no ho asɛm akyerɛ afoforo.

Wɔn a wotaa kɔ wɔn hɔ sankɔhwɛ no nso betumi ama woanya ebinom, ɛmfa ho sɛ wɔn ankasa nnya nyee Bible adesua ho nhyehyeɛ ntoom no. Sɛ wode Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bi ma wɔn a, wubetumi abisa sɛ, “Wunim obi foforo nso a n’ani begye nhoma yi ho?”

Esiane sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ mmere a yɛte mu yi nti, ɛsɛ sɛ yɛde hokwan biara a yebenya no boa nkurɔfo ma wɔte asɛmpa no na wɔagye atom. Wonam ebinom so bisa afoforo ase?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena