Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/08 kr. 3-5
  • Afe 2008 Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afe 2008 Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afe 2009 Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • 1999 Yehowa Adansefo “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Afe 2007 “Munni Kristo Akyi!” Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • 2001 Yehowa Adansefo “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 6/08 kr. 3-5

Afe 2008 Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam

1. (a) Dɛn nti na Paulo afotu a ɔde maa Hebrifo Kristofo no ho hia yɛn paa nnɛ? (Kenkan Hebrifo 10:24, 25.) (b) Dɛn na ɛreba a ɛbɛma yɛanya hokwan de Paulo afotu no ayɛ adwuma?

1 Ɔsomafo Paulo tuu Hebrifo Kristofo no fo sɛ wonhyiam na wɔnhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran, “titiriw” bere a na wohu sɛ ɛda no rebɛn no. (Heb. 10:24, 25) Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ “ɛda” a Paulo kaa ho asɛm no abɛn paa! Enti, yɛhwɛ kwan sɛ yebenya hokwan ne yɛn nuanom ahyiam ma yɛanya Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ a ɛbɛkyerɛ yɛn kwan wɔ “nna a edi akyiri” a yɛ ara na emu reyɛ den no mu. (2 Tim. 3:1) Yebenya hokwan a ɛte saa wɔ afe 2008 ɔmantam nhyiam a ɛreba no mu.

2. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ nnansa nhyiam no nyinaa? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de siesie yɛn ho na ama yɛakɔ nhyiam no bi?

2 Kɔ Nnansa no Nyinaa: Yɛhyɛ wo nkuran sɛ kɔ nnansa no nyinaa bi. Sɛ ‘yɛankwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam’ a, yebenya nkyerɛkyerɛ a wɔde bɛma yɛn wɔ nhyiam no ase no so mfaso. (Heb. 10:25) Fi ase siesie wo ho ntɛm ara. Sɛ ebedu bere a mobɛkɔ mo nhyiam no na wo mma sukuu mmaa kwan a, ka wo nhyehyɛe ho asɛm kyerɛ wɔn akyerɛkyerɛfo. Ɛsɛ sɛ wobɔ w’adwumawura amanneɛ ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ nhyehyɛe biara a ɛho behia.

3. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn den sɛ yɛbɛsrɛ kwan afi adwumam na ama yɛakɔ nhyiam a ɛho hia yi bi?

3 Ɛtɔ mmere bi a anuanom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛka ɔmantam nhyiam a wɔbɛkɔ ho asɛm akyerɛ wɔn adwumawuranom, efisɛ wosusuw sɛ wɔremma wɔn kwan ma wɔnkɔ da. Nanso sɛ ɛba sɛ wɔbɛkɔ baabi te sɛ ayi anaa ayeforohyia a, ebia ɛrenyɛ den mma pii sɛ wɔbɛma wɔn adwumawura ahu nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ. Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: Sɛ yɛn yɔnko berɛbo bi na ɔreware wɔ baabi a, so anka yɛrenka ho asɛm nkyerɛ yɛn adwumawura, na yennye hokwan mfi adwumam nnkɔ ayeforohyia no? Sɛ ɛyɛ te sɛ nea ɔretwetwe ne ho a, so yemfi obu mu nkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ no sɛnea ayeforohyia no fa yɛn ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma yɛn kwan? Nokwarem no, sɛ́ yebehyiam ama Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn no ho hia koraa sen ayi anaa ayeforohyia a yɛbɛkɔ! Sɛ yegye di paa sɛ ɔmantam nhyiam no ho hia na ama yɛanyin wɔ honhom mu a, ɛrenyɛ den sɛ yɛbɛka ho asɛm ama yɛn adwumawura ate ase sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma yɛn kwan afi adwuma mu akɔ nhyiam no. (Yak. 1:7, 8) Ma wonhu sɛ nhyiam no nso ka wo som ho. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira mmɔden a wobɔ sɛ wode Ahenni nneɛma bedi kan no so.—Mat. 6: 33.

4. Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedwen afoforo ho?

4 Boa Afoforo Ma Wɔnkɔ Bi: Paulo ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ ‘wonsusuw wɔn ho wɔn ho’ nso. (Heb. 10:24) So anuanom a wɔwɔ w’Asafo Nhoma Adesua kuw mu no behia mmoa na wɔatumi akɔ nhyiam no bi? Wubetumi aboa wo Bible asuafo ma wɔne wo akɔ nhyiam no, sɛ ɛyɛ da koro pɛ mpo a? Sɛ woka nhyehyɛe a woreyɛ akɔ nhyiam no ho asɛm kyerɛ w’abusuafo a wɔnyɛ Yehowa Adansefo a, to nsa frɛ wɔn ma wɔne wo nkɔ. Mmɔden a wobɛbɔ de ayɛ saa no betumi de nhyira a wonhwɛ kwan aba.

5. Dɛn nti na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ yɛn asafo no nkɔ bi no?

5 Nhyiam Foforo a Wobɛkɔ: Nea ɛbɛyɛ na wɔanya nkongua, nhoma, dabere ne nea ɛkeka ho dodow a ɛsɛ no, wɔhyɛ wo nkuran sɛ kɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ mo asafo no nkɔ bi no. Sɛ wo nsɛm tebea hwehwɛ sɛ wokɔ nhyiam foforo a, yɛsrɛ sɛ hwɛ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no kratafa 6 sɛnea wubehu nna ne beae a wɔbɛyɛ no no.

6. Bere bɛn na ɛbɛfata sɛ asafo bi kɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no?

6 Ebia nneɛma bi te sɛ kasa a wɔka, ɔkwan no tenten, ne lɔre a wobenya no bɛma ayɛ mmerɛw sɛ asafo ahorow a ɛwɔ nkurow nketewa mu no bi bɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Asafo ahorow a wɔn tebea te saa no wɔ hokwan sɛ wɔkɔ ɔmantam nhyiam foforo. Ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛw Betel adwumayɛbea de bisa kwan. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wobesi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no bɔ ɔmansin sohwɛfo no amanneɛ ntɛm na wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn wɔ dapɛn a wonni hɔ no mu.

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ma ɛtra wɔn adwenem?

7 Kar Ho Nhyehyɛe: Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔyɛ akwantu ho nhyehyɛe no hwɛ hu sɛ wɔbɛfa lɔre a ɛwɔ ahoɔden na asɛm biara nni ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ nso sɛ wɔremma lɔre no mfa nnipa mmoro nea ɛsɛ sɛ ɛfa so mfa mmu Kaesare mmara so.

8. Ɔkwan bɛn so na wodi nkrataa a wɔde hwehwɛ dabere no ho dwuma ansa na wɔde amena?

8 Dabere: Yɛde “Room Request” nkratasin remena asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ “Room Request” kratasin no bi na fa ma w’asafo mu ɔkyerɛwfo no ma ɔnhwɛ sɛ biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ, na afei fa mena faako a wobɛkɔ nhyiam no. Sɛ wɔbɛyɛ nhyiam no abien anaa nea ɛboro saa wɔ kurow no mu a, kyerɛ nhyiam kõ a wopɛ sɛ wokɔ bi no. ƐNSƐ SƐ wode “Room Request” nkratasin ne nhyiam no ho nkrataa foforo mena Betel adwumayɛbea no wɔ Accra.

9. Nhyehyɛe bɛn na wɔayɛ ama wɔn a ebia a wobehia mmoa na wɔanya baabi ada no?

9 Sɛ ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ ahiade soronko hyehyɛ dabere ho akwammisa kratasin (Room Request) de ba a, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no susuw fata a ɔfata no ho, na wɔde akwankyerɛ a ɛwɔ akwammisa kratasin no so di dwuma. Wɔayɛ nsiesiei yi ama adawurubɔfo a wɔwɔ gyinabea pa ne wɔn mma a wɔbɔ ɔbra pa no nkutoo.

10. Sɛ wɔma yɛn dan wɔ nkurɔfo afie mu a, ɔkwan bɛn so na yɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ ahɔho a yɛda anisɔ adi?

10 Yebenya dabere no bi wɔ nkurɔfo afie. Ebetumi ayɛ anuanom anaa wɔn a wɔnyɛ anuanom fie. Wɔde adan yi ma wɔ nhyiam bere no mu NKUTOO. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde saa dabere no ma wɔn no hwɛ hu sɛ wɔne wɔn mma bɛkyerɛ obu ama fiewura no, na ɛnsɛ sɛ wotu ofiewura no nneɛma pansam anaa wɔsɛe no, wohuruw gyina nkongua ne apon so anaa wɔkɔ mmeae bi a wonni hokwan sɛ wɔkɔ wɔ ofie hɔ. Yebetumi akyerɛ obu denam yɛn dan mu a yebesiesie ma ɛhɔ atew da biara no so. Sɛ afiewuranom hyia ɔhaw wɔ nneɛma a ɛte sɛɛ ho a, ɛsɛ sɛ wɔma dabere sohwɛfo no aso te ntɛm ara wɔ nhyiam no ase, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa. Ahɔho pa a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yɛremfa yɛn nnesoa nyinaa nkɔto yɛn fiewura no so.

11. Sɛ yɛte ahɔhodan mu a, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada Kristofo dɔ ne obu adi akyerɛ afoforo?

11 Sɛ wopɛ sɛ wotra ahɔhodan mu a, kae hia a ehia sɛ wode wo nneyɛe, wo kasa ne w’ahosiesie bedi adanse pa no. Ɛnsɛ sɛ yebu wɔn a wɔde aduan bɛbrɛ yɛn anaa wobesiesie yɛn dan mu no animtiaa da. Ɛwom sɛ yebetua adwuma a wɔbɛyɛ ama yɛn no ho ka de, nanso ɛfata sɛ yɛda obu adi kyerɛ adwumayɛfo yi. Eyi bɛma ada adi sɛ nsonsonoe da Yehowa nkurɔfo ne wɔn a wɔnte Bible no ase a enti wɔnna obu ne ɔdɔ a ɛte saa adi nkyerɛ afoforo no ntam.

12. (a) Dɛn na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔbɛba nhyiam no nyinaa besiesie de aba nnansa nhyiam no nyinaa, na dɛn ntia? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ no awia ahomegye bere no, na mfaso bɛn na yebenya afi so?

12 Awia Ahomegye Bere: Yɛhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔbɛba nhyiam no nyinaa de biribi a emu nyɛ duru befi fie aba abedi wɔ awia ahomegye bere no mu. Eyi ma yetumi tra nhyiambea hɔ ne afoforo bɔ fekuw na yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran sen sɛ yebepue akɔhwehwɛ aduan ne anonne esiane sɛ yɛansiesie yɛn ho nti. Sɛ yetuu kwan fii baabi na ɛbaa nhyiam no mpo a, ɛsɛ sɛ yedi kan siesie biribi a emu nyɛ duru a yɛne anigyefo a wɔka yɛn ho bedi no awia ahomegye bere no, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtra nhyiam no ase ne afoforo abɔ fekuw. Eyi a yɛbɛyɛ no bɛma yɛakyerɛ honhom fam nneɛma a ɛho hia paa no ho anisɔ.

13. (a) Akwan bɛn so na yebetumi afa ahyɛ Yehowa anuonyam bere a yɛakɔ nhyiam no? (b) Esiane yɛn nuanom abrabɔ pa nti, nsɛm bɛn na ahɔhodan adwumayɛfo binom aka?

13 Nnwuma Pa: Sɛ yetie ahyɛde a Yehowa de ama yɛn sɛ yenhyiam nsom no no a, ɛboa yɛn. Nea ehia sen saa no, ɛma yenya hokwan ahorow de hyɛ Yehowa din anuonyam. (Yes. 48:17) Yɛn “nnwuma pa . . . da adi” ma nnipa pii hu wɔ ɔmantam nhyiam ase, na aka ebinom ma wɔakyerɛ sɛnea wɔte nka wɔ ho. (1 Tim. 5:25) Wɔ kurow bi a yɛayɛ nhyiam wɔ hɔ mfe pii mu no, nea ɔhwɛ ahɔhodan bi so kae sɛ: “Nnipa pii ka Yehowa Adansefo ne sɛnea mo nhyiam no boa yɛn no ho asɛm wɔ kurow yi mu. Yenim sɛnea mo nkurɔfo no siesie baabi a mugye yɛ nhyiam no, na yehu sɛ musiesie baabi a wɔde kar sisi no. Yɛn ani gye sɛ mo nkurɔfo no ba ha ahohuru bere mu. Yɛwɔ anidaso sɛ yebetumi ne mo akɔ so ayɛ adwuma.” Bere a ahɔhodan sohwɛfo foforo kaa ɔhaw a wohyia bere a nnipa a wɔnyɛ adansefo ba hɔ ho asɛm wiei no, ɔkaa osetie ne abotare a anuanom da no adi bere a wɔwɔ ahɔhodan no mu ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Sɛ yenyae a, anka wɔn a wɔba ha nyinaa yɛ Yehowa Adansefo!” Sɛnea yɛn nuanom bɔɔ wɔn bra maa nkurɔfo kaa wɔn ho asɛmpa, ne nsɛm a ɛtete saa a afoforo ka no ma yɛn Nyankopɔn, Yehowa, koma ani gye!

14. Ɔkwan bɛn so na Mateo 4:4 si hia a ehia sɛ yɛyɛ aso tie dwumadi no mu biara yiye no so dua?

14 Yesu kae sɛ yɛn nkwa gyina “asɛm biara a efi Yehowa anom” a yebetie so. (Mat. 4:4) Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ma yɛn honhom fam aduan “bere a ɛsɛ mu” wɔ ɔmantam nhyiam a yɛyɛ no afe biara no ase. (Mat. 24:45) Wɔayɛ nnwuma pii de asiesie honhom fam apontow yi ama yɛn. Momma yɛnkɔ, na yɛnyɛ aso ntie dwumadi no mu biara yiye mfa nkyerɛ sɛnea Yehowa fi ɔdɔ mu dwen yɛn ho no ho anisɔ.

[Kratafa 3 adaka]

Dwumadi Mmere:

Fida ne Memeneda

Anɔpa 9:20 kosi Anwummere 4:55

Kwasida

Anɔpa 9:20 kosi Anwummere 4:00

[Kratafa 5 adaka]

Fi Ase Nnɛ Yɛ Nhyiam no Ho Nhyehyɛe

• Yɛ nhyehyɛe pa na ama woatumi akɔ nhyiam a wɔbɛyɛ no nnansa no nyinaa bi.

• Srɛ kwan fi w’adwumawura hɔ saa bere yi.

• Fi ase nnɛ sie sika a wubehia ama nhyiam no.

• Da biara fa aduan bi a emu nyɛ duru a wubedi no awia ne nsu a wobɛnom kɔ nhyiam no na woamfi hɔ ankɔtɔ aduan ne nsu wɔ abɔnten.

• Yɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a w’abusuafo NYINAA benya dwumadi no nyinaa mu kyɛfa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena