Afe 2009 Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam
1. (a) Sɛ yɛkɔ ɔmantam nhyiam a yɛbɛyɛ no nnansa no nyinaa a, nhyira bɛn na yebenya? (b) Nhyehyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no seesei?
1 Yɛn nyinaa rehwɛ afe 2009 ɔmantam nhyiam no kwan. Yebenya hokwan ne yɛn mfɛfo a yɛne wɔn yi Yehowa ayɛ a “wonim wɔn honhom mu ahiade” no ahyiam. (Mat. 5:3) Esiane sɛ Yehowa da no rebɛn ntɛmntɛm nti, yɛhyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkɔ nnansa no nyinaa na wanya Kristofo fekubɔ ne honhom mu nkuranhyɛ a ɛbɛma wagyina pintinn wɔ gyidi no mu so mfaso. (Sef. 1:14) Ma wo kyerɛkyerɛfo anaa w’adwumawura nhu sɛ nhyiam no yɛ wo som mu ade titiriw. Fa akokoduru yɛ wo nhyehyɛe ntɛm na hwehwɛ Yehowa nhyira; ɛda adi sɛ ɔbɛboa wo.—Yes. 50:10.
2. Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛbɛkɔ so wɔ ɔmantam nhyiam a yɛbɛyɛ no afe yi mu no bi ase a ɛbɛma ayɛ te sɛ amanaman ntam nhyiam no?
2 Amanaman Ntam Nhyiam: Sɛnea wɔakyerɛ wɔ April-June, 2009, Ɔwɛn-Aban no mu no, wɔbɛyɛ amanaman ntam nhyiam nso wɔ Accra, na nhyiamfo a wofi Europa, ne Afrika Mfinimfini ne Atɔe fam bɛba bi. Esiane sɛ Accra nkutoo na wɔbɛyɛ amanaman ntam nhyiam no nti, asafo ahorow a wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ nhyiam yi bi no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔkɔ. Sɛ yegye saa akwankyerɛ yi tom a, ɛremma nnipa nkyere so. (1 Kor. 14:40; Heb. 13:17) Nanso, ɔmantam nhyiam no mu bi bɛyɛ te sɛ amanaman ntam nhyiam no, efisɛ wɔbɛfa telefon so ama wɔn a wɔwɔ Kumasi ne Takoradi no atie dwumadi a ɛbɛkɔ so wɔ Accra no bi. Wɔbɛka adwuma a asɛmpatrɛwfo reyɛ nso ho asɛm, na yebenya hokwan atie osuahu ahorow afi aman afoforo so. Dɛn na yebetumi ayɛ de anya nhyehyɛe a wɔreyɛ mprempren ama nhyiam a yɛbɛyɛ no afe yi no so mfaso akosi ase?
3. Yɛbɛyɛ dɛn ada Kristofo dɔ adi akyerɛ ebinom wɔ asafo no mu?
3 Boa Afoforo Ma Wɔnkɔ Bi: So anuanom a wɔwɔ w’asafo mu no bi behia mmoa na wɔatumi akɔ nhyiam no? Sɛ woboa afoforo ma wɔyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ ‘wonhwɛ nneɛma a ɛfa wo nko ara ho, na mmom wohwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.’—Filip. 2:4.
4. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛsrɛ kwan akɔ nhyiam ahorow a ɛho hia yi?
4 Ɛtɔ mmere bi a, anuanom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛsrɛ kwan afi wɔn adwumawuranom hɔ. Wosusuw sɛ wɔn adwumawuranom no remma wɔnkɔ nhyiam no. Nanso, sɛ wɔn mu pii rekɔ adeyɛ bi te sɛ ayi anaa ayeforo ase a, ɛnyɛ den mma wɔn koraa sɛ wɔbɛsrɛ kwan afi wɔn adwumawuranom hɔ. Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: Sɛ yɛn adamfo bi a yɛdɔ no reware wɔ baabi foforo a, so anka yɛrenkɔsrɛ kwan mfi yɛn adwumawura hɔ? Na sɛ ɛte sɛ nea ɔmpɛ sɛ ɔma yɛkɔ a, so anka yɛremfa obu nkyerɛkyerɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛkɔ no mu nkyerɛ no? Nokwarem no, nhyiam a yɛbɛkɔ ma Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn no ho hia koraa sen baabi foforo biara a yɛbɛkɔ! Sɛ yegye di paa sɛ nhyiam no ho hia na ama yɛanya honhom fam nkɔso a, ɛrenyɛ den sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ma yɛn adwumawuranom ate yɛn ase na wɔama yɛakɔ nhyiam no. (Yak. 1:7, 8) Ma wonhu sɛ nhyiam no nso ka wo som ho. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira mmɔden a wobɔ sɛ wode Ahenni nneɛma bedi kan no so.—Mat. 6:33.
5. Dɛn nti na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ yɛn asafo no nkɔ bi no?
5 Nhyiam Foforo a Wobɛkɔ: Nea ɛbɛyɛ na wɔanya nkongua, nhoma, dabere ne nea ɛkeka ho dodow a ɛsɛ no, wɔhyɛ wo nkuran sɛ kɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ mo asafo no nkɔ bi no. Sɛ wo nsɛm tebea hwehwɛ sɛ wokɔ nhyiam foforo a, yɛsrɛ sɛ hwɛ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no kratafa 6 sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu nna ne beae a wɔbɛyɛ no no.
6. Bere bɛn na ɛbɛfata sɛ asafo bi kɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no?
6 Ebia nneɛma bi te sɛ kasa a wɔka, ɔkwan no tenten, ne lɔre a wobenya no bɛma ayɛ mmerɛw sɛ asafo ahorow a ɛwɔ nkurow nketewa mu no bi bɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Asafo ahorow a wɔn tebea te saa no wɔ hokwan sɛ wɔkɔ ɔmantam nhyiam foforo. Ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛw Betel adwumayɛbea de bisa kwan. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wobesi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no bɔ ɔmansin sohwɛfo no amanneɛ ntɛm na wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn wɔ dapɛn a wonni hɔ no mu. Ɛbɛyɛ papa nso sɛ wɔbɛfa address a ɛwɔ kratafa 6 no so abɔ nhyiam a wɔbɛkɔ no boayikuw no amanneɛ.
7. Dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ma ɛtena wɔn adwenem?
7 Kar Ho Nhyehyɛe: Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔyɛ akwantu ho nhyehyɛe no hwɛ hu sɛ wɔbɛfa lɔre a ɛwɔ ahoɔden na asɛm biara nni ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ nso sɛ wɔremma lɔre no mfa nnipa mmoro nea ɛsɛ sɛ ɛfa so na wɔammu Kaesare mmara so.
8, 9. Ɔkwan bɛn so na wodi nkrataa a wɔde hwehwɛ dabere no ho dwuma ansa na wɔde amena?
8 Dabere: Yɛde “Room Request” nkratasin remena asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ “Room Request” kratasin no bi na fa ma w’asafo mu ɔkyerɛwfo no ma ɔnhwɛ sɛ biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ, na afei fa mena faako a wobɛkɔ nhyiam no. Sɛ wɔbɛyɛ nhyiam no abien anaa nea ɛboro saa wɔ kurow no mu a, kyerɛ nhyiam kõ a wopɛ sɛ wokɔ bi no. ƐNSƐ SƐ wode “Room Request” nkratasin ne nhyiam no ho nkrataa foforo mena Betel adwumayɛbea no wɔ Accra.
9 Sɛ ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ ahiade soronko hyehyɛ “Room Request” kratasin de ba a, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no susuw ho hwɛ sɛ onii no fata anaa, na ɛsɛ sɛ wɔde akwankyerɛ a ɛwɔ akwammisa kratasin no so di dwuma. Wɔayɛ nsiesiei yi ama adawurubɔfo a wɔwɔ gyinabea pa ne wɔn mma a wɔbɔ ɔbra pa no nkutoo.
10. Sɛ wɔma yɛn dan wɔ nkurɔfo afie mu a, ɔkwan bɛn so na yɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ ahɔho a yɛda anisɔ adi?
10 Yebenya dabere no bi wɔ nkurɔfo afie. Ebetumi ayɛ anuanom anaa wɔn a wɔnyɛ anuanom fie. Wɔde adan yi bɛma wɔ nhyiam bere no mu NKUTOO. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde saa dabere no bɛma wɔn no hwɛ hu sɛ wɔne wɔn mma bɛkyerɛ obu ama ofiewura no, na ɛnsɛ sɛ wotu ofiewura no nneɛma pansam anaa wɔsɛe no, wohuruw gyina nkongua ne apon so anaa wɔkɔ mmeae bi a wonni hokwan sɛ wɔkɔ wɔ ofie hɔ. Yebetumi akyerɛ obu denam yɛn dan mu a yebesiesie ma ɛhɔ atew da biara no so. Sɛ afiewuranom hyia ɔhaw wɔ nneɛma a ɛte saa ho a, ɛsɛ sɛ wɔma dabere sohwɛfo no aso te ntɛm ara wɔ nhyiam no ase, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa. Ahɔho pa a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yɛremfa yɛn nnesoa nyinaa nkɔto yɛn fiewura no so.
11. Sɛ yɛkɔtena ahɔhodan mu a, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada Kristofo dɔ ne obu adi akyerɛ afoforo?
11 Sɛ wopɛ sɛ wotena ahɔhodan mu a, kae sɛ ɛho hia sɛ wode wo nneyɛe, wo kasa ne w’ahosiesie di adanse wɔ ɔkwampa so. Ɛnsɛ sɛ yebu wɔn a wɔde aduan bɛbrɛ yɛn anaa wobesiesie yɛn adan mu no animtiaa da. Ɛwom sɛ yebetua adwuma a wɔbɛyɛ ama yɛn no ho ka de, nanso ɛfata sɛ yɛda obu adi kyerɛ adwumayɛfo yi. Eyi bɛma ada adi sɛ Yehowa nkurɔfo yɛ soronko wɔ nnipa a wɔnte Bible no ase a enti wɔnna obu ne ɔdɔ adi nkyerɛ afoforo no ho.
12. (a) Aduan bɛn na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔbɛba nhyiam no nyinaa de bɛba nnansa no nyinaa, na dɛn ntia? (b) Dɛn na yebetumi de awia ahomegye bere no ayɛ, na mfaso bɛn na eyi bɛma yɛanya?
12 Awia Ahomegye Bere: Mfe kakra a atwam ni no, akoa nokwafo no ahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nnuan a emu nyɛ duru pii nkɔ nhyiam ase. Wɔayɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de yɛn adwene asi nneɛma a ɛho hia te sɛ yɛn mmusua a yɛbɛboa wɔn ma wɔadu hɔ wɔ bere ano na yɛayɛ aso atie dwumadi no so. Ɛno nti na wɔhyɛ wɔn a wɔbɛba nhyiam no nyinaa nkuran sɛ wɔmfa biribi a emu nyɛ duru pii mfi fie mmra mmedi wɔ awia ahomegye bere mu no. Eyi bɛma yɛatumi atena nhyiambea hɔ, ne afoforo abɔ fekuw a ɛyɛ anigye. Sɛ yɛnoa aduan a emu nyɛ duru pii na yedi kakraa bi a, ɛremma yɛnna bere a awia dwumadi no rekɔ so no. Esiane sɛ yɛn mu pii rennya kwan nna kakra ansa na awia dwumadi no afi ase nti, ɛnsɛ sɛ yedidi pii wɔ awia ahomegye bere no mu. Sɛnea yennidi wɔ Ahenni Asa so bere a nhyiam rekɔ so no, saa ara nso na yennidi bere a ɔmantam nhyiam dwumadi no rekɔ so no. Sɛ yɛamma aduan a yebedi awia no annye yɛn bere pii a, ɛma yetumi kyerɛ honhom fam nsiesiei a wɔayɛ ama yɛn no ho anisɔ, na yɛda no adi sɛ yɛkyerɛ obu ma nhyehyɛe a wɔayɛ ama yɛn som ne honhom fam aduan a wɔde rema yɛn no.—Monkenkan Luka 10:42.
13. (a) Nnwuma bɛn na yebetumi atu yɛn ho ama ayɛ bi? (b) Dɛn na wobɛpɛ sɛ woyɛ de boa ma nhyiam no kɔ yiye?
13 Fi Wo Pɛ Mu Tu Wo Ho Ma: Bere a nhyiam no rekɔ so no, atuhoamafo ɔhaha pii boa ma dwumadibea ahorow no yɛ wɔn adwuma yiye. Wɔn a wogye ahɔho wɔ nhyiambea hɔ ne beae a wɔde kar sisi no kyerɛ yɛn baabi a ɛsɛ sɛ yɛtena na wɔhwɛ yɛn kar so. Dwumadibea a ɛhwɛ ahotew so no hwɛ ma yetumi kura din pa a yɛwɔ sɛ yɛn ho tew no mu, na wɔma beae a yɛsom wɔ hɔ bere tiaa bi mu no tew sen sɛnea yɛkɔtoe no. So yebetumi aboa dwumadibea yi ne afoforo a wobetumi de yɛn ayɛ adwuma no? So wubetumi aboa ma wo ne wo nuanom de “mmati koro” asom? (Sef. 3:9) Sɛ “Volunteer Department” no mmaa yɛn adwuma mpo a, yɛn nyinaa betumi ada atuhoama su adi, na yɛasesaw nwura biara a ɛwɔ baabi a yɛte no bere a wɔapɔn dwumadi no da biara.
14. Sɛ yɛresiesie yɛn ho akɔ afe 2009 ɔmantam nhyiam no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ehia yɛn paa?
14 Nneyɛe a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam: Sɛ yɛda honhom aba no adi wɔ biribiara a yɛyɛ mu, titiriw wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe mu bere a yɛne ahɔhodan adwumayɛfo ne afoforo a wɔwɔ kurow a yɛreyɛ nhyiam wɔ mu no redi nkitaho no a, ɛma wɔbɔ Yehowa nkurɔfo din pa na ɛnto afoforo hintidua. (1 Kor. 10:31; 2 Kor. 6:3, 4) Ɛmmra sɛ wobɛkɔ afe 2009 ɔmantam nhyiam anaa amanaman ntam nhyiam no bi na woafa akwan a ɛte saa so de wo nneyɛe ahyɛ Onyankopɔn anuonyam!—1 Pet. 2:12.
[Kratafa 3 adaka]
Dwumadi Mmere:
Yawda (Amanaman Ntam Nhyiam Nkutoo)
Awia 1:20 kosi Anwummere 4:55
Fida ne Memeneda
Anɔpa 9:20 kosi Anwummere 4:55
Kwasida
Anɔpa 9:20 kosi Anwummere 4:00
[Kratafa 5 adaka]
Fi Ase Nnɛ Yɛ Nhyiam no Ho Nhyehyɛe
• Yɛ nhyehyɛe pa na ama woatumi akɔ nhyiam no akotie dwumadi no nyinaa bi.
• Srɛ kwan fi w’adwumawura hɔ saa bere yi.
• Fi ase nnɛ sie sika a wubehia ama nhyiam no.
• Da biara fa aduan bi a emu nyɛ duru a wubedi awia ne nsu a wobɛnom kɔ nhyiam no na woamfi hɔ ankɔtɔ aduan ne nsu wɔ abɔnten.
• Yɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a w’abusuafo NYINAA benya dwumadi no nyinaa mu kyɛfa.