Asɛmmisa Afã
◼ So ɛfata sɛ Yehowa Ɔdansefo kɔsa ne ho yare wɔ ayaresabea anaa ɔkɔtra nkwakoraa ne mmerewa atrae a ɛyɛ asɔre bi de?
Asɔre ahorow wɔ ayaresabea anaa nkwakoraa ne mmerewa atrae a wɔhwɛ ayarefo anaa wɔsa nyarewa a egye bere tenten wɔ hɔ. Mpɛn pii no, wommue saa mmeae no sɛ wɔde retrɛw Babilon Kɛse som mu. (Adi. 18:2, 4) Ebia nea enti asɔre no buei ne sɛ wɔde repɛ sika. Ɛnnɛ, asɔre ahorow din deda ayaresabea bi so kɛkɛ, na wɔ mmeae afoforo no, asɔfo da so ara yɛ nnwuma bi wɔ hɔ.
Sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwɛ Yehowa Ɔdansefo bi yare wɔ ayaresabea anaa nkwakoraa ne mmerewa atrae bi a, ɔno na ɛsɛ sɛ osi gyinae sɛ ebia ɔbɛkɔ baabi a ɛyɛ asɔre bi de no. Obi ahonim betumi ama no kwan ma wakɔ hɔ, nanso ɔfoforo ahonim remma no kwan. (1 Tim. 1:5) Nsɛm tebea bi wɔ hɔ a obi betumi agyina so asi ne gyinae, na ɛyɛ papa sɛ yesusuw ho.
Sɛ nhwɛso no, ebia na ayaresabea anaa nkwakoraa ne mmerewa atrae bi a asɔre bi din da so no nkutoo na ɛbɛn hɔ. Anaa sɛ foforo bi bɛn hɔ a, ebia na nea asɔre bi din da so no na agye din sɛ wɔhwɛ ayarefo yiye. Ebia na saa ayaresabea a asɔre bi din da so no nkutoo na ɛwɔ mfiri a ɛma wɔde ayaresa pɔtee bi a wuhia no ma, anaa ɛno nkutoo ne ayaresabea a oduruyɛfo a ɔhwɛ wo no betumi asa wo yare no wɔ hɔ. Afei nso, ɛtɔ bere bi a, ayaresabea a asɔre bi din da so no begye adwene a wukura wɔ mogya ho sɛ Kristoni no atom, bere a ankorankoro anaa aban ayaresabea ahorow rennye ntom. Enti eyi ne nneɛma bi a ɛsɛ sɛ wususuw ho bere a woresi ayaresabea a wobɛkɔ ho gyinae no.
Sɛ wusi gyinae sɛ wobɛkɔ ayaresabea anaa nkwakoraa ne mmerewa atrae a ɛyɛ asɔre bi de a, wubetumi abu no sɛ woretua adwuma a wɔayɛ ama wo ho ka kɛkɛ. Wubetumi afa no sɛ asɔre no reyɛ adwuma bi, na sɛ wutua adwuma bi a wɔayɛ ama wo ho ka a, na ɛnkyerɛ sɛ woreyi ntoboa de aboa atoro som tẽẽ. Ɛyɛ aguade bi anaa adwuma bi a wɔyɛ maa wo no ho ka na woretua kɛkɛ.
Nanso, sɛ́ Kristoni no, ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ worenyɛ atoro som mu ade biara wɔ tebea a ɛte saa mu. Afei nso, woremfa nyamesom abodin te sɛ “Fada” anaa “Sista” mfrɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ayaresabea hɔ no. (Mat. 23:9) Ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ yare a wɔresa wo no yɛ adwuma a wɔreyɛ ama woatua ho ka, na biribi foforo biara nka ho.
Sɛ wogye wo to ayaresabea hɔ a, wubetumi ada no adi sɛ woyɛ Yehowa Ɔdansefo na wopɛ sɛ mo asafo mu mpanyimfo bɛsra wo. Eyi bɛma woanya honhom fam mmoa a ɛfata wɔ bere a woda hɔ no mu.—1 Tes. 5:14.
Ɛsɛ sɛ abusuafo a wɔyɛ gyidifo, asafo mu mpanyimfo, ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu no ma wɔn ani kũ anuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ nkwakoraa ne mmerewa atrae, titiriw nea ɛyɛ asɔre bi de no ho, na wodi wɔn ahiade ho dwuma ma wɔn. Nsi a mode bɛyɛ eyi no bɛhyɛ nkwakoraa ne mmerewa a wɔte saa no nkuran na ɛmma wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɔre ahorow a wɔyɛ, afahyɛ ahorow a wodi, ne nneɛma afoforo a ɛtete saa a wɔyɛ wɔ saa mmeae hɔ no mu.
Bere a nsɛm yi wɔ yɛn adwenem no, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara susuw ɛho nsɛm nyinaa ho na afei yɛn ankasa si ayaresabea anaa nkwakoraa ne mmerewa atrae a yɛbɛkɔ no ho gyinae.—Gal. 6:5.