Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/09 kr. 2
  • Kyerɛkyerɛ Wɔn a Wontumi Nkenkan Ade Yiye No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kyerɛkyerɛ Wɔn a Wontumi Nkenkan Ade Yiye No
  • Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bata Akenkan Ho
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Sɛnea Yɛbɛboa Wɔn a Wonnim Akenkan
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • W’akenkan a Wobɛma Anya Nkɔso —Wubetumi Ayɛ!
    Nyan!—1986
  • Nea Enti a Ehia Sɛ Mmofra Kenkan Ade—Ɔfã 1: Wobɛkan Ade Anaa Wobɛhwɛ Biribi?
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2009
km 4/09 kr. 2

Kyerɛkyerɛ Wɔn a Wontumi Nkenkan Ade Yiye No

1. Nsɛnnennen bɛn na yebetumi ahyia wɔ asɛnka adwuma no mu?

1 Ɛtɔ da a, yehyia nnipa a wontumi nkenkan ade yiye bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no, na eyi tumi yɛ nsɛnnennen. Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ ho?

2. Ɔkwan bɛn so na yɛda obu adi kyerɛ wɔn a wontumi nkenkan ade yiye no, na dɛn nti na yɛyɛ saa?

2 Da Obu Adi Kyerɛ Wɔn: Ɛnyɛ obi nhomasua a ɛkɔ anim wɔ wiase no mu na Yehowa hwɛ, na mmom ɔhwɛ onipa no koma mu. (1 Sam. 16:7; Mmeb. 21:2) Enti, yemmu wɔn a wontumi nkenkan ade yiye no animtiaa. Sɛ yɛda obu adi kyerɛ saafo no na yenya wɔn ho abotare a, ɛrenyɛ den sɛ wobegye mmoa a yɛde bɛma wɔn no atom. (1 Pet. 3:15) Ɛno bɛhwehwɛ sɛ yɛrenhyɛ onnii no mma ɔnkenkan kyerɛwsɛm anaa nkyekyɛm bi wɔ yɛn nhoma mu. Sɛ obi renya nkɔso wɔ Bible mu nokware a ɛsom bo a ɔresua no mu a, ebia ɛbɛma wanya ɔpɛ kɛse sɛ obetu mpɔn wɔ n’akenkan mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi anya Onyankopɔn Asɛm a ɔkenkan “dwinnwen ho awia ne anadwo” no mu anigye.—Dw. 1:2, 3.

3. Akwan bɛn na yebetumi afa so akyerɛkyerɛ wɔn a wontumi nkenkan ade yiye no?

3 Akwan a Wɔfa so Kyerɛkyerɛ wɔ Bible Adesua Mu: Ɔkwampa a yebetumi afa so akyerɛkyerɛ afoforo ma aka wɔn adwenem ne sɛ yɛde mfonini bedi dwuma. Wubetumi abisa osuani no ma wakyerɛ n’adwene wɔ mfonini a ɛwɔ nhoma a wo ne no resua no mu no ho. Afei, fa nsɛmmisa pɔtẽẽ bi di dwuma fa boa no ma ɔnte nea mfonini no kyerɛ ase. Fa kyerɛw nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mfonini no mu di dwuma. Mubetumi nso de mfonini no ayɛ ntĩmu. Ɛnsɛ sɛ musua nneɛma pii wɔ bere koro mu. Si asɛmti ne nsɛntitiriw a ɛwɔ adesua no mu no so dua, na ɛnsɛ sɛ wode nsɛm a ɛmfa adesua no ho hyehyem. Kenkan kyerɛw nsɛm no tẽẽ fi Bible no mu, na hwɛ sɛ wode nsɛmmisa bedi dwuma ama osuani no ate nea woakenkan no ase. Eyi bɛma ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obetu mpɔn wɔ n’akenkan mu no ayɛ kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno ankasa bɛhwehwɛ Bible mu nokware no.

4. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn Bible suani ma watumi ahu akenkan yiye?

4 Nneɛma a Ɛboa ma Obi Tumi Kenkan Ade Yiye: Nnipa a wontumi nkenkan ade yiye anaa wɔannya hokwan ansua akenkan yiye no betumi ate nsɛm ase na aka wɔn adwenem yiye. Wubetumi ahyɛ nnipa a wɔte saa no nkuran ma wɔatie wɔn a wonim akenkan yiye no bere a wɔrekenkan ade. Sɛ otie ɔkenkanfo no yiye, na ɔhwɛ ne nhoma a wɔatintim no mu na ɔkenkan di akyi a, ebetumi aboa no ma watumi akenkan ade yiye. Sua Akenkan ne Akyerɛw nhomawa no nso betumi aboa no. Wɔ mmeae bi no, asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ nhyehyɛe ma wɔayɛ akenkan ne akyerɛw sukuu wɔ asafo no mu. Nyansahyɛ ahorow yi betumi aboa yɛn ma yɛaboa wɔn a wontumi nkenkan ade yiye no ma wɔate “nkyerɛwee kronkron no” a ebetumi ama wɔahu nyansa akɔ nkwagye mu no ase.—2 Tim. 3:15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena