Sɛnea Yɛbɛboa Wɔn a Wonnim Akenkan
1. Dɛn na ɛma ɛyɛ den sɛ yɛne obi a onnim akenkan besua Bible?
1 Nnipa a wonnim akenkan pii wɔ hɔ a wɔn ani gye Bible mu asɛm ho, nanso sɛ wodwen ho sɛ wɔbɛkenkan Bible anaa nhoma foforo biara a, etumi bɔ wɔn hu. Enti sɛ wuhyia obi a ɔte saa na mfiase no ara woka sɛ worema no Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bi a, wo nsa betumi asi fam. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa nnipa a wɔte saa ama woasua Bible no? Yɛne adawurubɔfo a wɔwɔ osuahu a wofi aman bɛboro 20 so bɔɔ nkɔmmɔ; yebisabisaa wɔn nea wɔyɛ de boa wɔn a wonnim akenkan no. Momma yɛnhwɛ nea wɔkae no bi.
2. Nhoma ahorow bɛn na yebetumi ne obi a onnim akenkan asua?
2 Sɛ wo suani ntumi nkenkan ade yiye anaa onnim akenkan koraa a, wubetumi ne no afi ase asua nhomawa bi te sɛ Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa. Nea ɔkwampaefo bi a ɔwɔ United States yɛ ne sɛ, ɔde nhomawa mmienu no nyinaa kyerɛ onipa no, na wama wakyerɛ nea ɔpɛ. Kenya Betel bɔɔ amanneɛ sɛ wotumi de nhomawa mmienu yi yɛ adwuma paa. Wɔkyerɛ sɛ wɔ Afrika aman mu no, ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ nkurɔfo ne sɛ, wɔka nsɛm kyerɛ wɔn sen sɛ wobebisabisa nsɛm ma wɔama ho mmuae. Enti wo ne obi a onnim akenkan papa reyɛ adesua, na ɛkɔyɛ akenkan ne nsɛmmisa a, ɛbɛyɛ den ama no, nanso obi a wakɔ sukuu kakra de, wubetumi afa saa kwan no so ne no ayɛ adesua. Adawurubɔfo pii wɔ hɔ a, sɛ wohu sɛ wɔn asuafo tumi kenkan ade kakra a, wofi ase ne wɔn sua Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! anaa Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo! nhomawa no anaa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no.
3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yehu fa wɔn a wonnim akenkan no ho na aboa ama yɛatumi akyerɛkyerɛ wɔn yiye?
3 Kamfo Wɔn: Nnipa a wonnim akenkan no taa fɛre sɛ wɔbɛka sɛ wonnim akenkan, na wɔn mu pii bu wɔn ho abomfiaa. Enti sɛ wopɛ sɛ wo ne saafo yi sua ade a, nea ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ ne sɛ wobɛka wɔn koma ato wɔn yam. Nnipa pii wɔ hɔ a, wonnim akenkan, nanso wɔn adwenem da hɔ paa, na wosua ade a wohu. Fa obu ne nnidi ma wɔn. (1 Pet. 3:15) Sɛ woma wohu sɛ wɔrebɔ mmɔden na wɔrenya nkɔanim a, ɛbɛhyɛ wɔn nkuran ama wɔayere wɔn ho asua ade. Enti fi wo komam kamfo wɔn.
Nnipa a wonnim akenkan no taa fɛre sɛ wɔbɛka sɛ wonnim akenkan, na wɔn mu pii bu wɔn ho abomfiaa. Enti sɛ wopɛ sɛ wo ne obi a ɔte saa sua ade a, nea ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ ne sɛ wobɛka ne koma ato ne yam
4. Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a wonnim akenkan papa no ama wɔadi kan asua nhoma no ansa na yɛakɔ wɔn nkyɛn?
4 Sɛ wo Bible suani ntumi nkenkan ade papa mpo a, hyɛ no nkuran ma onni kan nsua nhoma no ansa na wakɔ hɔ. Nea adawurubɔfo bi a wɔwɔ South Africa yɛ ni. Wɔka kyerɛ wɔn asuafo no sɛ wɔmma wɔn busuani anaa wɔn adamfo bi a onim akenkan mmoa wɔn. Ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ Britain nso, nea ɔyɛ ni. Sɛ wofi adesua no ase a, ɔde ne nhoma a wasua asensan ase no ma ne suani no ma ɔhwɛ mu kakra. Eyi ma osuani no hu sɛ, sɛ odi kan sua sensan ase a, ɛbɛma wahu mmuae no ntɛm. Onua bi a ofi India nso hyɛ ne Bible asuafo nkuran sɛ wɔnhwɛ mfonini a ɛwɔ ɔfã a wobesua no nnawɔtwe a edi hɔ no na wonnwinnwen ho.
5. Sɛ yɛne obi a onnim akenkan papa resua ade a, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ ne ho abotare?
5 Nya Wɔn Ho Abotare: Nhoma biara a wo ne wo Bible suani de bɛyɛ adesua no, twe n’adwene si emu nsɛntitiriw no so na boa no ma ɔnte ase yiye. Mfiase no, mubetumi de simma 10 kosi 15 ayɛ adesua no. Da biara a mubesua ade no, mubetumi asua nkyekyɛm kakraa bi. Sɛ ontumi nkenkan ade ntɛm mpo a, nya ne ho abotare. Sɛ Yehowa ho dɔ a ɛwɔ ne komam no fi ase yɛ kɛse a, ɔbɛyere ne ho asua akenkan yiye. Sɛ wubetumi aboa wo suani no ama ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no ayɛ kɛse a, ɛnde mfiase no ara, to nsa frɛ no ma ɔnkɔ asafo nhyiam.
6. Yɛbɛyɛ dɛn aboa obi a onnim akenkan ama wahu akenkan?
6 Sɛ Bible suani hu akenkan a, ɛbɛma wanya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu ntɛmntɛm. (Dw. 1:1-3) Enti nea adawurubɔfo pii yɛ ne sɛ bere a wɔne wɔn Bible asuafo ayɛ adesua awie no, wogye bere kakra de nhomawa a wɔato din, Sua Akenkan ne Akyerɛw no kyerɛ wɔn akenkan. Sɛ wuhu sɛ osuani no abam reyɛ abu a, wubetumi aboa no ama wanya ahotoso. Nea wubetumi ayɛ ni, ka nneɛma pɔtee a watumi asua ahu no bi ho asɛm kyerɛ no. Ma onhu sɛ Yehowa behyira mmɔden a ɔrebɔ no nyinaa so, na hyɛ no nkuran ma ɔmmɔ mpae nhwehwɛ mmoa. (Mmeb. 16:3; 1 Yoh. 5:14, 15) Adawurubɔfo bi a wɔwɔ Britain hyɛ wɔn asuafo no nkuran ma wɔde botae a wobetumi adu ho sisi wɔn ani so. Nea edi kan no wɔma wosua nkyerɛwde (a, b, d) no. Afei, wosua sɛ wobebue kyerɛwsɛm bi na wɔakenkan. Afei nso wɔma wosua sɛ wɔbɛkenkan nhoma ahorow a ne kenkan nyɛ den. Sɛ yebetumi aboa nkurɔfo ama wɔahu akenkan a, ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔn akenkan kɛkɛ, mmom ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔn ani gye akenkan ho.
7. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde nokware no kame wɔn a wonnim akenkan?
7 Sɛ obi nnim akenkan papa a, Yehowa mmu no abomfiaa. (Hiob 34:19) Efisɛ nea ɛwɔ onii no komam na Yehowa hwɛ. (1 Be. 28:9) Enti sɛ obi nnim akenkan a, mfa nokware no nkame no. Yɛwɔ nhoma ahorow pii a wubetumi ne no afi ase asua. Bere rekɔ so no, wubetumi adan adesua no akɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya Bible mu ntease a ɛkɔ akyiri.