Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
The Watchtower October 1
“Ɛnnɛ nnipa pii nni Ɔbɔadeɛ no mu gyidi bio. Wususuw sɛ dɛn nti na ɛte saa? [Twɛn ma ommua.] Kyerɛwsɛm yi ma yehu nea enti a ɛte saa no mu biako. [Kenkan Habakuk 1:2, 3.] Nsɛmma nhoma yi boa ma yenya nsɛm bi a nkurɔfo a wonnye Onyankopɔn nni taa bisa no ho mmuae.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 11 no kyerɛ no.
Awake! October
“Wunnye nni sɛ mmusua hyia nsɛnnennen pii nnɛ? [Twɛn ma ommua.] Nnipa pii nnim sɛ afotu a mfaso wɔ so wɔ Bible no mu. Ma yɛnhwɛ afotu no bi. [Kenkan kyerɛwsɛm bi a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu.] Awake! soronko yi kyerɛ sɛnea Bible mu nnyinasosɛm betumi aboa mmusua ma wɔagyina wɔn nsɛnnennen ahorow ano.”
The Watchtower November 1
“Wususuw sɛ biribiara a wɔkyerɛkyerɛ wɔ asɔre ahorow mu no fi Bible mu? [Twɛn ma ommua.] Bible no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye na wɔamfa atosɛm annaadaa yɛn. [Kenkan Kolosefo 2:8.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nkyerɛkyerɛ ahorow asia a egyina atetesɛm so a ɛne Onyankopɔn Asɛm nhyia.”
Awake! November
“Telefon a wokura kyin ne kɔmputa abu so nnɛ. Wususuw sɛ mfiri a ɛte saa a yɛde di dwuma no ma yenya bere de yɛ nneɛma a ehia anaasɛ ɛma yɛsɛe bere? [Twɛn ma ommua.] Nnipa pii bɛfoa asɛm a ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn bere nni dwuma nyansam no so. [Kenkan Efesofo 5:15, 16.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi de mfiri a ɛtete saa adi dwuma nyansam no mu.”