Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/10 kr. 1
  • Ade a Ɛho Hia Yɛn Paa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ade a Ɛho Hia Yɛn Paa
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Dɛn Ne Ade a Wode Di Kan Wɔ W’asetra Mu?
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • ‘Munni N’anammɔn Akyi Pɛɛ’
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Kristofo Som Adwuma No—Yɛn Adwuma Titiriw
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 7/10 kr. 1

Ade a Ɛho Hia Yɛn Paa

1. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɔsom adwuma no ho hia no paa?

1 Ade a na ɛho hia Yesu paa ne ɔsom adwuma no. Ɔnantew akwansin pii yɛɛ adwumaden wɔ Palestina nyinaa kaa asɛm no kyerɛɛ nnipa dodow a obetumi. Ɔyɛɛ ne ho ɔwiɛmfoɔ sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere pii de ayɛ asɛnka adwuma no. (Mat. 8:20) Bere a nnipakuw bi bɔɔ mmɔden sɛ wobesianka no ma wasa wɔn ayarefo yare no, ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.”—Luka 4:43.

2. Dɛn nti na na ɔsom adwuma no ho hia Yesu saa?

2 Dɛn nti na na ɔsom adwuma no ho hia Yesu saa? Nea enti a na ɛho hia no titiriw ne sɛ ɔbɛtew Yehowa din ho. (Mat. 6:9) Ná ɔdɔ ne soro Agya no ma enti na ɔpɛ sɛ ɔyɛ N’apɛde na odi N’ahyɛde nyinaa so. (Yoh. 14:31) Bio nso, na ofi ne komam dwen nnipa ho, na na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn.—Mat. 9:36, 37.

3. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ ɔsom adwuma no ho hia yɛn?

3 Suasua Yesu: Esiane sɛ wiase no ne emu nneɛma gye yɛn bere pii na ɛtwetwe yɛn adwene nti, ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yɛde ɔsom adwuma no bedi kan sɛnea Yesu yɛe no. (Mat. 24:37-39; Luka 21:34) Enti ɛsɛ sɛ yehu nneɛma a ɛho hia koraa no, na yɛyɛ bere nhyehyɛe a yɛde besiesie yɛn ho de yɛn ho ahyɛ asɛnka mu daa. (Filip. 1:10) Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ, na yɛpo sɛ yɛbɛma wiase no agye yɛn adwene.—1 Kor. 7:31.

4. Dɛn titiriw nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛho hia paa no nnɛ?

4 Sɛ onyansafo nni bere pii a, odi kan yɛ nea ehia wie ansa na wayɛ nea ɛfata. Sɛ nhwɛso no, sɛ ohu sɛ ahum bi a ano yɛ den rebetu a, ɔde ne bere ne n’ahoɔden bɛpɛ baabi ama n’abusua akɔhyɛ, na wabɔ n’afipamfo kɔkɔ. Obegyaw nnwuma a ɛho nhia pii no agu hɔ. Bere a aka ma Harmagedon apae agu no sua. (Sef. 1:14-16; 1 Kor. 7:29) Nea ɛbɛyɛ na yɛagye yɛn ho ne wɔn a wotie yɛn nkwa no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani ba yɛn ho ne yɛn nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa; sɛ́ ɛyɛ asafo no mu anaa asɛnka mu no. (1 Tim. 4:16) Nokwarem no, yɛn nkwagye gyina sɛnea yɛma ɔsom adwuma no ho hia yɛn no so!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena