Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ May mu
“So wuhu sɛ nyamesom ma yenya ɔdɔ ne asomdwoe, anaasɛ ɛhyɛ nitan ne basabasayɛ ho nkuran? [Twɛn ma ommua.] Ma memfa asɛm yi ho biribi a ɛyɛ anigye nkyerɛ wo.” Fa May 1 Ɔwɛn-Aban no ma ofiewura no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a edi kan wɔ kratafa 16 ase, ne anyɛ yiye koraa no kyerɛw nsɛm a ɛwom no mu biako ho. Gyaw nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
The Watchtower May 1
“Nnipa pii gye di sɛ eye sɛ wɔde nyamesom frafra amanyɔsɛm mu, na afoforo nso te nka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ nea Yesu yɛe bere a na nkurɔfo pɛ sɛ ɔde ne ho hyehyɛ wɔn bere so amanyɔsɛm mu no. [Kenkan Yohane 6:15.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea enti a Yesu yɛɛ saa no mu, na ɛkyerɛ ɔkwan pa a ɛsen biara a Kristofo betumi afa so aboa wɔn man.”
Awake! May
“Ɛkame ayɛ sɛ wɔasisi obiara a yɛne no akasa no pɛn. Wususuw sɛ atɛnkyea befi hɔ? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ nkɔmhyɛ a ɛfa sodifo bi a obeyi atɛnkyea afi hɔ no ho. [Kenkan Dwom 72:11-14.] Nsɛmma nhoma yi ka Bible mu bɔhyɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛ yebenya daakye a wɔrensisi yɛn ho asɛm.”